2 Kings 10 (BOATCB)

1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ, 2 “Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3 monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.” 4 Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?” 5 Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.” 6 Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.”Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ. 7 Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. 8 Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.” 9 Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom? 10 Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. AWURADE nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.” 11 Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara. 12 Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu. 13 Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?”Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.” 14 Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane. 15 Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?”Yehonadab buaa sɛ, “Aane.”Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16 Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama AWURADE no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ. 17 Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE nam Elia so hyɛeɛ no. 18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie. 19 Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. 20 Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. 22 Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. 23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom AWURADE no mma mu.” 24 Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.” 25 Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ. 28 Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29 Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ. 30 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.” 31 Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni AWURADE, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho. 32 Nna no mu, AWURADE hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33 wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan. 34 Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 35 Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 36 Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.

In Other Versions

2 Kings 10 in the ANGEFD

2 Kings 10 in the ANTPNG2D

2 Kings 10 in the AS21

2 Kings 10 in the BAGH

2 Kings 10 in the BBPNG

2 Kings 10 in the BBT1E

2 Kings 10 in the BDS

2 Kings 10 in the BEV

2 Kings 10 in the BHAD

2 Kings 10 in the BIB

2 Kings 10 in the BLPT

2 Kings 10 in the BNT

2 Kings 10 in the BNTABOOT

2 Kings 10 in the BNTLV

2 Kings 10 in the BOATCB2

2 Kings 10 in the BOBCV

2 Kings 10 in the BOCNT

2 Kings 10 in the BOECS

2 Kings 10 in the BOGWICC

2 Kings 10 in the BOHCB

2 Kings 10 in the BOHCV

2 Kings 10 in the BOHLNT

2 Kings 10 in the BOHNTLTAL

2 Kings 10 in the BOICB

2 Kings 10 in the BOILNTAP

2 Kings 10 in the BOITCV

2 Kings 10 in the BOKCV

2 Kings 10 in the BOKCV2

2 Kings 10 in the BOKHWOG

2 Kings 10 in the BOKSSV

2 Kings 10 in the BOLCB

2 Kings 10 in the BOLCB2

2 Kings 10 in the BOMCV

2 Kings 10 in the BONAV

2 Kings 10 in the BONCB

2 Kings 10 in the BONLT

2 Kings 10 in the BONUT2

2 Kings 10 in the BOPLNT

2 Kings 10 in the BOSCB

2 Kings 10 in the BOSNC

2 Kings 10 in the BOTLNT

2 Kings 10 in the BOVCB

2 Kings 10 in the BOYCB

2 Kings 10 in the BPBB

2 Kings 10 in the BPH

2 Kings 10 in the BSB

2 Kings 10 in the CCB

2 Kings 10 in the CUV

2 Kings 10 in the CUVS

2 Kings 10 in the DBT

2 Kings 10 in the DGDNT

2 Kings 10 in the DHNT

2 Kings 10 in the DNT

2 Kings 10 in the ELBE

2 Kings 10 in the EMTV

2 Kings 10 in the ESV

2 Kings 10 in the FBV

2 Kings 10 in the FEB

2 Kings 10 in the GGMNT

2 Kings 10 in the GNT

2 Kings 10 in the HARY

2 Kings 10 in the HNT

2 Kings 10 in the IRVA

2 Kings 10 in the IRVB

2 Kings 10 in the IRVG

2 Kings 10 in the IRVH

2 Kings 10 in the IRVK

2 Kings 10 in the IRVM

2 Kings 10 in the IRVM2

2 Kings 10 in the IRVO

2 Kings 10 in the IRVP

2 Kings 10 in the IRVT

2 Kings 10 in the IRVT2

2 Kings 10 in the IRVU

2 Kings 10 in the ISVN

2 Kings 10 in the JSNT

2 Kings 10 in the KAPI

2 Kings 10 in the KBT1ETNIK

2 Kings 10 in the KBV

2 Kings 10 in the KJV

2 Kings 10 in the KNFD

2 Kings 10 in the LBA

2 Kings 10 in the LBLA

2 Kings 10 in the LNT

2 Kings 10 in the LSV

2 Kings 10 in the MAAL

2 Kings 10 in the MBV

2 Kings 10 in the MBV2

2 Kings 10 in the MHNT

2 Kings 10 in the MKNFD

2 Kings 10 in the MNG

2 Kings 10 in the MNT

2 Kings 10 in the MNT2

2 Kings 10 in the MRS1T

2 Kings 10 in the NAA

2 Kings 10 in the NASB

2 Kings 10 in the NBLA

2 Kings 10 in the NBS

2 Kings 10 in the NBVTP

2 Kings 10 in the NET2

2 Kings 10 in the NIV11

2 Kings 10 in the NNT

2 Kings 10 in the NNT2

2 Kings 10 in the NNT3

2 Kings 10 in the PDDPT

2 Kings 10 in the PFNT

2 Kings 10 in the RMNT

2 Kings 10 in the SBIAS

2 Kings 10 in the SBIBS

2 Kings 10 in the SBIBS2

2 Kings 10 in the SBICS

2 Kings 10 in the SBIDS

2 Kings 10 in the SBIGS

2 Kings 10 in the SBIHS

2 Kings 10 in the SBIIS

2 Kings 10 in the SBIIS2

2 Kings 10 in the SBIIS3

2 Kings 10 in the SBIKS

2 Kings 10 in the SBIKS2

2 Kings 10 in the SBIMS

2 Kings 10 in the SBIOS

2 Kings 10 in the SBIPS

2 Kings 10 in the SBISS

2 Kings 10 in the SBITS

2 Kings 10 in the SBITS2

2 Kings 10 in the SBITS3

2 Kings 10 in the SBITS4

2 Kings 10 in the SBIUS

2 Kings 10 in the SBIVS

2 Kings 10 in the SBT

2 Kings 10 in the SBT1E

2 Kings 10 in the SCHL

2 Kings 10 in the SNT

2 Kings 10 in the SUSU

2 Kings 10 in the SUSU2

2 Kings 10 in the SYNO

2 Kings 10 in the TBIAOTANT

2 Kings 10 in the TBT1E

2 Kings 10 in the TBT1E2

2 Kings 10 in the TFTIP

2 Kings 10 in the TFTU

2 Kings 10 in the TGNTATF3T

2 Kings 10 in the THAI

2 Kings 10 in the TNFD

2 Kings 10 in the TNT

2 Kings 10 in the TNTIK

2 Kings 10 in the TNTIL

2 Kings 10 in the TNTIN

2 Kings 10 in the TNTIP

2 Kings 10 in the TNTIZ

2 Kings 10 in the TOMA

2 Kings 10 in the TTENT

2 Kings 10 in the UBG

2 Kings 10 in the UGV

2 Kings 10 in the UGV2

2 Kings 10 in the UGV3

2 Kings 10 in the VBL

2 Kings 10 in the VDCC

2 Kings 10 in the YALU

2 Kings 10 in the YAPE

2 Kings 10 in the YBVTP

2 Kings 10 in the ZBP