2 Kings 10 (BOATCB2)

1 Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, 2 “Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3 munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.” 4 Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?” 5 Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.” 6 Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.”Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. 7 Krataa no duu ara pɛ, na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. 8 Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba.” Enti Yehu hyɛe se, “Mommoaboa ano akuw abien wɔ kurow no pon ano, na munnyaw hɔ nkosi adekyee.” 9 Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? 10 Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi AWURADE nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. AWURADE nam ne somfo Elia so daa no adi sɛ eyi bɛba mu.” 11 Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara. 12 Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. 13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?”Wobuae se, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no.” 14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara. 15 Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?”Yehonadab buae se, “Yiw.”Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16 Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama AWURADE no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe. 17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea AWURADE nam Elia so hyɛe no. 18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. 19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. 20 Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti. 22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. 23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom AWURADE no mma mu.” 24 Enti na wɔn nyinaa wɔ abosomfi hɔ rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, “Sɛ moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so.” 25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ. 28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho. 30 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu se, “Woayɛ ade sɛ wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene wɔ Israel, akosi awo ntoatoaso anan so.” 31 Nanso Yehu amfa ne koma anni AWURADE, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho. 32 Saa mmere no, AWURADE fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33 wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam wɔ Gilead ne Basan. 34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 35 Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene. 36 Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe.

In Other Versions

2 Kings 10 in the ANGEFD

2 Kings 10 in the ANTPNG2D

2 Kings 10 in the AS21

2 Kings 10 in the BAGH

2 Kings 10 in the BBPNG

2 Kings 10 in the BBT1E

2 Kings 10 in the BDS

2 Kings 10 in the BEV

2 Kings 10 in the BHAD

2 Kings 10 in the BIB

2 Kings 10 in the BLPT

2 Kings 10 in the BNT

2 Kings 10 in the BNTABOOT

2 Kings 10 in the BNTLV

2 Kings 10 in the BOATCB

2 Kings 10 in the BOBCV

2 Kings 10 in the BOCNT

2 Kings 10 in the BOECS

2 Kings 10 in the BOGWICC

2 Kings 10 in the BOHCB

2 Kings 10 in the BOHCV

2 Kings 10 in the BOHLNT

2 Kings 10 in the BOHNTLTAL

2 Kings 10 in the BOICB

2 Kings 10 in the BOILNTAP

2 Kings 10 in the BOITCV

2 Kings 10 in the BOKCV

2 Kings 10 in the BOKCV2

2 Kings 10 in the BOKHWOG

2 Kings 10 in the BOKSSV

2 Kings 10 in the BOLCB

2 Kings 10 in the BOLCB2

2 Kings 10 in the BOMCV

2 Kings 10 in the BONAV

2 Kings 10 in the BONCB

2 Kings 10 in the BONLT

2 Kings 10 in the BONUT2

2 Kings 10 in the BOPLNT

2 Kings 10 in the BOSCB

2 Kings 10 in the BOSNC

2 Kings 10 in the BOTLNT

2 Kings 10 in the BOVCB

2 Kings 10 in the BOYCB

2 Kings 10 in the BPBB

2 Kings 10 in the BPH

2 Kings 10 in the BSB

2 Kings 10 in the CCB

2 Kings 10 in the CUV

2 Kings 10 in the CUVS

2 Kings 10 in the DBT

2 Kings 10 in the DGDNT

2 Kings 10 in the DHNT

2 Kings 10 in the DNT

2 Kings 10 in the ELBE

2 Kings 10 in the EMTV

2 Kings 10 in the ESV

2 Kings 10 in the FBV

2 Kings 10 in the FEB

2 Kings 10 in the GGMNT

2 Kings 10 in the GNT

2 Kings 10 in the HARY

2 Kings 10 in the HNT

2 Kings 10 in the IRVA

2 Kings 10 in the IRVB

2 Kings 10 in the IRVG

2 Kings 10 in the IRVH

2 Kings 10 in the IRVK

2 Kings 10 in the IRVM

2 Kings 10 in the IRVM2

2 Kings 10 in the IRVO

2 Kings 10 in the IRVP

2 Kings 10 in the IRVT

2 Kings 10 in the IRVT2

2 Kings 10 in the IRVU

2 Kings 10 in the ISVN

2 Kings 10 in the JSNT

2 Kings 10 in the KAPI

2 Kings 10 in the KBT1ETNIK

2 Kings 10 in the KBV

2 Kings 10 in the KJV

2 Kings 10 in the KNFD

2 Kings 10 in the LBA

2 Kings 10 in the LBLA

2 Kings 10 in the LNT

2 Kings 10 in the LSV

2 Kings 10 in the MAAL

2 Kings 10 in the MBV

2 Kings 10 in the MBV2

2 Kings 10 in the MHNT

2 Kings 10 in the MKNFD

2 Kings 10 in the MNG

2 Kings 10 in the MNT

2 Kings 10 in the MNT2

2 Kings 10 in the MRS1T

2 Kings 10 in the NAA

2 Kings 10 in the NASB

2 Kings 10 in the NBLA

2 Kings 10 in the NBS

2 Kings 10 in the NBVTP

2 Kings 10 in the NET2

2 Kings 10 in the NIV11

2 Kings 10 in the NNT

2 Kings 10 in the NNT2

2 Kings 10 in the NNT3

2 Kings 10 in the PDDPT

2 Kings 10 in the PFNT

2 Kings 10 in the RMNT

2 Kings 10 in the SBIAS

2 Kings 10 in the SBIBS

2 Kings 10 in the SBIBS2

2 Kings 10 in the SBICS

2 Kings 10 in the SBIDS

2 Kings 10 in the SBIGS

2 Kings 10 in the SBIHS

2 Kings 10 in the SBIIS

2 Kings 10 in the SBIIS2

2 Kings 10 in the SBIIS3

2 Kings 10 in the SBIKS

2 Kings 10 in the SBIKS2

2 Kings 10 in the SBIMS

2 Kings 10 in the SBIOS

2 Kings 10 in the SBIPS

2 Kings 10 in the SBISS

2 Kings 10 in the SBITS

2 Kings 10 in the SBITS2

2 Kings 10 in the SBITS3

2 Kings 10 in the SBITS4

2 Kings 10 in the SBIUS

2 Kings 10 in the SBIVS

2 Kings 10 in the SBT

2 Kings 10 in the SBT1E

2 Kings 10 in the SCHL

2 Kings 10 in the SNT

2 Kings 10 in the SUSU

2 Kings 10 in the SUSU2

2 Kings 10 in the SYNO

2 Kings 10 in the TBIAOTANT

2 Kings 10 in the TBT1E

2 Kings 10 in the TBT1E2

2 Kings 10 in the TFTIP

2 Kings 10 in the TFTU

2 Kings 10 in the TGNTATF3T

2 Kings 10 in the THAI

2 Kings 10 in the TNFD

2 Kings 10 in the TNT

2 Kings 10 in the TNTIK

2 Kings 10 in the TNTIL

2 Kings 10 in the TNTIN

2 Kings 10 in the TNTIP

2 Kings 10 in the TNTIZ

2 Kings 10 in the TOMA

2 Kings 10 in the TTENT

2 Kings 10 in the UBG

2 Kings 10 in the UGV

2 Kings 10 in the UGV2

2 Kings 10 in the UGV3

2 Kings 10 in the VBL

2 Kings 10 in the VDCC

2 Kings 10 in the YALU

2 Kings 10 in the YAPE

2 Kings 10 in the YBVTP

2 Kings 10 in the ZBP