2 Kings 11 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. 2 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no. 3 Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ AWURADE asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no. 4 Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa AWURADE asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ AWURADE asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn. 5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no. 6 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no. 7 Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ AWURADE asɔredan mu. 8 Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfoɔ kuo, a mokurakura mo akodeɛ. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, monkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no.” 9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim. 10 Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no AWURADE asɔredan mu hɔ no. 11 Awɛmfoɔ no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔkurakura wɔn akodeɛ. Wɔsaa so tee firii asɔredan no anafoɔ fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔrebukyia no ho nyinaa. 12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!” 13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ AWURADE asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. 14 Ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ wɔ ahensie mu no. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wɔfiri asase no so afanan nyinaa redi ahurisie rehyɛn totorobɛnto. Ɛberɛ a Atalia hunuu yeinom nyinaa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!” 15 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ AWURADE asɔredan mu ha.” 16 Enti, wɔkyeree no de no puee ɛpono no ano wɔ baabi a apɔnkɔ fa ba ahemfie hɔ no, kumm no wɔ hɔ. 17 Na Yehoiada yɛɛ apam de too AWURADE ne ɔhene ne nnipa no ntam sɛ, wɔbɛyɛ AWURADE nkurɔfoɔ. Ɔsane yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. 18 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kɔbubu guu fam. Wɔbubuu afɔrebukyia ne ahoni ahodoɔ nyinaa no asinasini, kumm Baal ɔbosomfoɔ Matan nso wɔ afɔrebukyia no anim. Ɔsɔfoɔ Yehoiada maa awɛmfoɔ wɛnee AWURADE asɔredan no. 19 Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii AWURADE asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so. 20 Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, wɔakum Atalia wɔ ahemfie. 21 Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson.
In Other Versions
2 Kings 11 in the ANGEFD
2 Kings 11 in the ANTPNG2D
2 Kings 11 in the AS21
2 Kings 11 in the BAGH
2 Kings 11 in the BBPNG
2 Kings 11 in the BBT1E
2 Kings 11 in the BDS
2 Kings 11 in the BEV
2 Kings 11 in the BHAD
2 Kings 11 in the BIB
2 Kings 11 in the BLPT
2 Kings 11 in the BNT
2 Kings 11 in the BNTABOOT
2 Kings 11 in the BNTLV
2 Kings 11 in the BOATCB2
2 Kings 11 in the BOBCV
2 Kings 11 in the BOCNT
2 Kings 11 in the BOECS
2 Kings 11 in the BOGWICC
2 Kings 11 in the BOHCB
2 Kings 11 in the BOHCV
2 Kings 11 in the BOHLNT
2 Kings 11 in the BOHNTLTAL
2 Kings 11 in the BOICB
2 Kings 11 in the BOILNTAP
2 Kings 11 in the BOITCV
2 Kings 11 in the BOKCV
2 Kings 11 in the BOKCV2
2 Kings 11 in the BOKHWOG
2 Kings 11 in the BOKSSV
2 Kings 11 in the BOLCB
2 Kings 11 in the BOLCB2
2 Kings 11 in the BOMCV
2 Kings 11 in the BONAV
2 Kings 11 in the BONCB
2 Kings 11 in the BONLT
2 Kings 11 in the BONUT2
2 Kings 11 in the BOPLNT
2 Kings 11 in the BOSCB
2 Kings 11 in the BOSNC
2 Kings 11 in the BOTLNT
2 Kings 11 in the BOVCB
2 Kings 11 in the BOYCB
2 Kings 11 in the BPBB
2 Kings 11 in the BPH
2 Kings 11 in the BSB
2 Kings 11 in the CCB
2 Kings 11 in the CUV
2 Kings 11 in the CUVS
2 Kings 11 in the DBT
2 Kings 11 in the DGDNT
2 Kings 11 in the DHNT
2 Kings 11 in the DNT
2 Kings 11 in the ELBE
2 Kings 11 in the EMTV
2 Kings 11 in the ESV
2 Kings 11 in the FBV
2 Kings 11 in the FEB
2 Kings 11 in the GGMNT
2 Kings 11 in the GNT
2 Kings 11 in the HARY
2 Kings 11 in the HNT
2 Kings 11 in the IRVA
2 Kings 11 in the IRVB
2 Kings 11 in the IRVG
2 Kings 11 in the IRVH
2 Kings 11 in the IRVK
2 Kings 11 in the IRVM
2 Kings 11 in the IRVM2
2 Kings 11 in the IRVO
2 Kings 11 in the IRVP
2 Kings 11 in the IRVT
2 Kings 11 in the IRVT2
2 Kings 11 in the IRVU
2 Kings 11 in the ISVN
2 Kings 11 in the JSNT
2 Kings 11 in the KAPI
2 Kings 11 in the KBT1ETNIK
2 Kings 11 in the KBV
2 Kings 11 in the KJV
2 Kings 11 in the KNFD
2 Kings 11 in the LBA
2 Kings 11 in the LBLA
2 Kings 11 in the LNT
2 Kings 11 in the LSV
2 Kings 11 in the MAAL
2 Kings 11 in the MBV
2 Kings 11 in the MBV2
2 Kings 11 in the MHNT
2 Kings 11 in the MKNFD
2 Kings 11 in the MNG
2 Kings 11 in the MNT
2 Kings 11 in the MNT2
2 Kings 11 in the MRS1T
2 Kings 11 in the NAA
2 Kings 11 in the NASB
2 Kings 11 in the NBLA
2 Kings 11 in the NBS
2 Kings 11 in the NBVTP
2 Kings 11 in the NET2
2 Kings 11 in the NIV11
2 Kings 11 in the NNT
2 Kings 11 in the NNT2
2 Kings 11 in the NNT3
2 Kings 11 in the PDDPT
2 Kings 11 in the PFNT
2 Kings 11 in the RMNT
2 Kings 11 in the SBIAS
2 Kings 11 in the SBIBS
2 Kings 11 in the SBIBS2
2 Kings 11 in the SBICS
2 Kings 11 in the SBIDS
2 Kings 11 in the SBIGS
2 Kings 11 in the SBIHS
2 Kings 11 in the SBIIS
2 Kings 11 in the SBIIS2
2 Kings 11 in the SBIIS3
2 Kings 11 in the SBIKS
2 Kings 11 in the SBIKS2
2 Kings 11 in the SBIMS
2 Kings 11 in the SBIOS
2 Kings 11 in the SBIPS
2 Kings 11 in the SBISS
2 Kings 11 in the SBITS
2 Kings 11 in the SBITS2
2 Kings 11 in the SBITS3
2 Kings 11 in the SBITS4
2 Kings 11 in the SBIUS
2 Kings 11 in the SBIVS
2 Kings 11 in the SBT
2 Kings 11 in the SBT1E
2 Kings 11 in the SCHL
2 Kings 11 in the SNT
2 Kings 11 in the SUSU
2 Kings 11 in the SUSU2
2 Kings 11 in the SYNO
2 Kings 11 in the TBIAOTANT
2 Kings 11 in the TBT1E
2 Kings 11 in the TBT1E2
2 Kings 11 in the TFTIP
2 Kings 11 in the TFTU
2 Kings 11 in the TGNTATF3T
2 Kings 11 in the THAI
2 Kings 11 in the TNFD
2 Kings 11 in the TNT
2 Kings 11 in the TNTIK
2 Kings 11 in the TNTIL
2 Kings 11 in the TNTIN
2 Kings 11 in the TNTIP
2 Kings 11 in the TNTIZ
2 Kings 11 in the TOMA
2 Kings 11 in the TTENT
2 Kings 11 in the UBG
2 Kings 11 in the UGV
2 Kings 11 in the UGV2
2 Kings 11 in the UGV3
2 Kings 11 in the VBL
2 Kings 11 in the VDCC
2 Kings 11 in the YALU
2 Kings 11 in the YAPE
2 Kings 11 in the YBVTP
2 Kings 11 in the ZBP