2 Kings 12 (BOATCB)

1 Ɔhene Yehu adedie wɔ Israel no mfeɛ nson so, na Yoas nso dii adeɛ wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduanan. Na ne maame Sibia firi Beer-Seba. 2 Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani, ɛfiri sɛ, na ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛ no. 3 Na Yoas yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ AWURADE ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ. 4 Ɛda bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mommoaboa sika a wɔde ba AWURADE asɔredan mu sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa toɔ tua, aboadeɛ anaa akyɛdeɛ a ɛfiri ɔpɛ mu no. 5 Momma asɔfoɔ no mfa sika no bi nkɔtua asɔredan no nsiesie ho ka biara.” 6 Nanso, ɔhene Yoas dii adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa no, na asɔfoɔ no nsiesiee Asɔredan no. 7 Enti, ɔhene Yoas soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfoɔ a aka no, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na monsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛdeɛ no nhyɛ mo ho bio. Ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.” 8 Enti, asɔfoɔ no penee so sɛ wɔrennyegye sika mfiri nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no. 9 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada tuu tokuro wɔ adaka kɛseɛ bi atifi, de sii afɔrebukyia no nifa so wɔ AWURADE Asɔredan no kwan ano. Asɔfoɔ a wɔwɛn ɛkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. 10 Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin no kan sika a wɔde aba AWURADE Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotokuo mu. 11 Afei, wɔde sika no ma dwumadie hwɛsofoɔ no, ma wɔde tua nnipa a wɔresiesie AWURADE Asɔredan no ka, nnua adwumfoɔ, adansifoɔ, 12 abohyehyɛfoɔ ne abotwafoɔ. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, a wɔde bɛsiesie AWURADE asɔredan no. Na ɛka biara a ɛba Asɔredan no nsiesie ho no, wɔtua. 13 Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, nkanea akapɛ, nkyɛnsee akɛseɛ, ntotorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma AWURADE Asɔredan no. 14 Na wɔde tuaa adwumayɛfoɔ no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. 15 Na adwuma no hwɛfoɔ akontabuo biara ho anhia, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ adwumayɛfoɔ nokwafoɔ. 16 Nanso, afɔdie ne bɔneyɛ ho afɔrebɔdeɛ no deɛ, na wɔmfa nkɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa. 17 Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ yi, Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat faeɛ. Afei, ɔdanee ne ho kɔto hyɛɛ Yerusalem so. 18 Ɔhene Yoas boaboaa akronkronneɛ a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwam no ato edin ama AWURADE ne deɛ ɔno ankasa nso ato edin ama AWURADE no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfie no ka ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti, ɛmaa Hasael gyaee to a anka ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem soɔ no. 19 Nsɛm a ɛsisii wɔ Yoas ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 20 Nanso, ne mpanimfoɔ pam ne tiri so, kumm no wɔ Bet-Milo ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. 21 Awudifoɔ no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufoɔ nokwafoɔ. Wɔsiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ.

In Other Versions

2 Kings 12 in the ANGEFD

2 Kings 12 in the ANTPNG2D

2 Kings 12 in the AS21

2 Kings 12 in the BAGH

2 Kings 12 in the BBPNG

2 Kings 12 in the BBT1E

2 Kings 12 in the BDS

2 Kings 12 in the BEV

2 Kings 12 in the BHAD

2 Kings 12 in the BIB

2 Kings 12 in the BLPT

2 Kings 12 in the BNT

2 Kings 12 in the BNTABOOT

2 Kings 12 in the BNTLV

2 Kings 12 in the BOATCB2

2 Kings 12 in the BOBCV

2 Kings 12 in the BOCNT

2 Kings 12 in the BOECS

2 Kings 12 in the BOGWICC

2 Kings 12 in the BOHCB

2 Kings 12 in the BOHCV

2 Kings 12 in the BOHLNT

2 Kings 12 in the BOHNTLTAL

2 Kings 12 in the BOICB

2 Kings 12 in the BOILNTAP

2 Kings 12 in the BOITCV

2 Kings 12 in the BOKCV

2 Kings 12 in the BOKCV2

2 Kings 12 in the BOKHWOG

2 Kings 12 in the BOKSSV

2 Kings 12 in the BOLCB

2 Kings 12 in the BOLCB2

2 Kings 12 in the BOMCV

2 Kings 12 in the BONAV

2 Kings 12 in the BONCB

2 Kings 12 in the BONLT

2 Kings 12 in the BONUT2

2 Kings 12 in the BOPLNT

2 Kings 12 in the BOSCB

2 Kings 12 in the BOSNC

2 Kings 12 in the BOTLNT

2 Kings 12 in the BOVCB

2 Kings 12 in the BOYCB

2 Kings 12 in the BPBB

2 Kings 12 in the BPH

2 Kings 12 in the BSB

2 Kings 12 in the CCB

2 Kings 12 in the CUV

2 Kings 12 in the CUVS

2 Kings 12 in the DBT

2 Kings 12 in the DGDNT

2 Kings 12 in the DHNT

2 Kings 12 in the DNT

2 Kings 12 in the ELBE

2 Kings 12 in the EMTV

2 Kings 12 in the ESV

2 Kings 12 in the FBV

2 Kings 12 in the FEB

2 Kings 12 in the GGMNT

2 Kings 12 in the GNT

2 Kings 12 in the HARY

2 Kings 12 in the HNT

2 Kings 12 in the IRVA

2 Kings 12 in the IRVB

2 Kings 12 in the IRVG

2 Kings 12 in the IRVH

2 Kings 12 in the IRVK

2 Kings 12 in the IRVM

2 Kings 12 in the IRVM2

2 Kings 12 in the IRVO

2 Kings 12 in the IRVP

2 Kings 12 in the IRVT

2 Kings 12 in the IRVT2

2 Kings 12 in the IRVU

2 Kings 12 in the ISVN

2 Kings 12 in the JSNT

2 Kings 12 in the KAPI

2 Kings 12 in the KBT1ETNIK

2 Kings 12 in the KBV

2 Kings 12 in the KJV

2 Kings 12 in the KNFD

2 Kings 12 in the LBA

2 Kings 12 in the LBLA

2 Kings 12 in the LNT

2 Kings 12 in the LSV

2 Kings 12 in the MAAL

2 Kings 12 in the MBV

2 Kings 12 in the MBV2

2 Kings 12 in the MHNT

2 Kings 12 in the MKNFD

2 Kings 12 in the MNG

2 Kings 12 in the MNT

2 Kings 12 in the MNT2

2 Kings 12 in the MRS1T

2 Kings 12 in the NAA

2 Kings 12 in the NASB

2 Kings 12 in the NBLA

2 Kings 12 in the NBS

2 Kings 12 in the NBVTP

2 Kings 12 in the NET2

2 Kings 12 in the NIV11

2 Kings 12 in the NNT

2 Kings 12 in the NNT2

2 Kings 12 in the NNT3

2 Kings 12 in the PDDPT

2 Kings 12 in the PFNT

2 Kings 12 in the RMNT

2 Kings 12 in the SBIAS

2 Kings 12 in the SBIBS

2 Kings 12 in the SBIBS2

2 Kings 12 in the SBICS

2 Kings 12 in the SBIDS

2 Kings 12 in the SBIGS

2 Kings 12 in the SBIHS

2 Kings 12 in the SBIIS

2 Kings 12 in the SBIIS2

2 Kings 12 in the SBIIS3

2 Kings 12 in the SBIKS

2 Kings 12 in the SBIKS2

2 Kings 12 in the SBIMS

2 Kings 12 in the SBIOS

2 Kings 12 in the SBIPS

2 Kings 12 in the SBISS

2 Kings 12 in the SBITS

2 Kings 12 in the SBITS2

2 Kings 12 in the SBITS3

2 Kings 12 in the SBITS4

2 Kings 12 in the SBIUS

2 Kings 12 in the SBIVS

2 Kings 12 in the SBT

2 Kings 12 in the SBT1E

2 Kings 12 in the SCHL

2 Kings 12 in the SNT

2 Kings 12 in the SUSU

2 Kings 12 in the SUSU2

2 Kings 12 in the SYNO

2 Kings 12 in the TBIAOTANT

2 Kings 12 in the TBT1E

2 Kings 12 in the TBT1E2

2 Kings 12 in the TFTIP

2 Kings 12 in the TFTU

2 Kings 12 in the TGNTATF3T

2 Kings 12 in the THAI

2 Kings 12 in the TNFD

2 Kings 12 in the TNT

2 Kings 12 in the TNTIK

2 Kings 12 in the TNTIL

2 Kings 12 in the TNTIN

2 Kings 12 in the TNTIP

2 Kings 12 in the TNTIZ

2 Kings 12 in the TOMA

2 Kings 12 in the TTENT

2 Kings 12 in the UBG

2 Kings 12 in the UGV

2 Kings 12 in the UGV2

2 Kings 12 in the UGV3

2 Kings 12 in the VBL

2 Kings 12 in the VDCC

2 Kings 12 in the YALU

2 Kings 12 in the YAPE

2 Kings 12 in the YBVTP

2 Kings 12 in the ZBP