2 Kings 21 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa AWURADE pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. 3 Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara pɛ. Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ. 4 Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a AWURADE aka sɛ wɔnhyɛ ne din animuonyam no. 5 Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ AWURADE Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ. 6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ hɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree AWURADE ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo. 7 Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a AWURADE ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu. 8 Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” 9 Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a AWURADE sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo. 10 AWURADE nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ, 11 “Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu. 12 Enti, sei na AWURADE, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn. 13 Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no. 14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ sɛ asadeɛ. 15 Ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne kɛseɛ wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no.” 16 Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no AWURADE ani so no ho. 17 Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 18 Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 19 Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. 20 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ. 21 Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no. 22 Ɔgyaa AWURADE, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa AWURADE akwan so. 23 Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie. 24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene. 25 Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 26 Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Kings 21 in the ANGEFD

2 Kings 21 in the ANTPNG2D

2 Kings 21 in the AS21

2 Kings 21 in the BAGH

2 Kings 21 in the BBPNG

2 Kings 21 in the BBT1E

2 Kings 21 in the BDS

2 Kings 21 in the BEV

2 Kings 21 in the BHAD

2 Kings 21 in the BIB

2 Kings 21 in the BLPT

2 Kings 21 in the BNT

2 Kings 21 in the BNTABOOT

2 Kings 21 in the BNTLV

2 Kings 21 in the BOATCB2

2 Kings 21 in the BOBCV

2 Kings 21 in the BOCNT

2 Kings 21 in the BOECS

2 Kings 21 in the BOGWICC

2 Kings 21 in the BOHCB

2 Kings 21 in the BOHCV

2 Kings 21 in the BOHLNT

2 Kings 21 in the BOHNTLTAL

2 Kings 21 in the BOICB

2 Kings 21 in the BOILNTAP

2 Kings 21 in the BOITCV

2 Kings 21 in the BOKCV

2 Kings 21 in the BOKCV2

2 Kings 21 in the BOKHWOG

2 Kings 21 in the BOKSSV

2 Kings 21 in the BOLCB

2 Kings 21 in the BOLCB2

2 Kings 21 in the BOMCV

2 Kings 21 in the BONAV

2 Kings 21 in the BONCB

2 Kings 21 in the BONLT

2 Kings 21 in the BONUT2

2 Kings 21 in the BOPLNT

2 Kings 21 in the BOSCB

2 Kings 21 in the BOSNC

2 Kings 21 in the BOTLNT

2 Kings 21 in the BOVCB

2 Kings 21 in the BOYCB

2 Kings 21 in the BPBB

2 Kings 21 in the BPH

2 Kings 21 in the BSB

2 Kings 21 in the CCB

2 Kings 21 in the CUV

2 Kings 21 in the CUVS

2 Kings 21 in the DBT

2 Kings 21 in the DGDNT

2 Kings 21 in the DHNT

2 Kings 21 in the DNT

2 Kings 21 in the ELBE

2 Kings 21 in the EMTV

2 Kings 21 in the ESV

2 Kings 21 in the FBV

2 Kings 21 in the FEB

2 Kings 21 in the GGMNT

2 Kings 21 in the GNT

2 Kings 21 in the HARY

2 Kings 21 in the HNT

2 Kings 21 in the IRVA

2 Kings 21 in the IRVB

2 Kings 21 in the IRVG

2 Kings 21 in the IRVH

2 Kings 21 in the IRVK

2 Kings 21 in the IRVM

2 Kings 21 in the IRVM2

2 Kings 21 in the IRVO

2 Kings 21 in the IRVP

2 Kings 21 in the IRVT

2 Kings 21 in the IRVT2

2 Kings 21 in the IRVU

2 Kings 21 in the ISVN

2 Kings 21 in the JSNT

2 Kings 21 in the KAPI

2 Kings 21 in the KBT1ETNIK

2 Kings 21 in the KBV

2 Kings 21 in the KJV

2 Kings 21 in the KNFD

2 Kings 21 in the LBA

2 Kings 21 in the LBLA

2 Kings 21 in the LNT

2 Kings 21 in the LSV

2 Kings 21 in the MAAL

2 Kings 21 in the MBV

2 Kings 21 in the MBV2

2 Kings 21 in the MHNT

2 Kings 21 in the MKNFD

2 Kings 21 in the MNG

2 Kings 21 in the MNT

2 Kings 21 in the MNT2

2 Kings 21 in the MRS1T

2 Kings 21 in the NAA

2 Kings 21 in the NASB

2 Kings 21 in the NBLA

2 Kings 21 in the NBS

2 Kings 21 in the NBVTP

2 Kings 21 in the NET2

2 Kings 21 in the NIV11

2 Kings 21 in the NNT

2 Kings 21 in the NNT2

2 Kings 21 in the NNT3

2 Kings 21 in the PDDPT

2 Kings 21 in the PFNT

2 Kings 21 in the RMNT

2 Kings 21 in the SBIAS

2 Kings 21 in the SBIBS

2 Kings 21 in the SBIBS2

2 Kings 21 in the SBICS

2 Kings 21 in the SBIDS

2 Kings 21 in the SBIGS

2 Kings 21 in the SBIHS

2 Kings 21 in the SBIIS

2 Kings 21 in the SBIIS2

2 Kings 21 in the SBIIS3

2 Kings 21 in the SBIKS

2 Kings 21 in the SBIKS2

2 Kings 21 in the SBIMS

2 Kings 21 in the SBIOS

2 Kings 21 in the SBIPS

2 Kings 21 in the SBISS

2 Kings 21 in the SBITS

2 Kings 21 in the SBITS2

2 Kings 21 in the SBITS3

2 Kings 21 in the SBITS4

2 Kings 21 in the SBIUS

2 Kings 21 in the SBIVS

2 Kings 21 in the SBT

2 Kings 21 in the SBT1E

2 Kings 21 in the SCHL

2 Kings 21 in the SNT

2 Kings 21 in the SUSU

2 Kings 21 in the SUSU2

2 Kings 21 in the SYNO

2 Kings 21 in the TBIAOTANT

2 Kings 21 in the TBT1E

2 Kings 21 in the TBT1E2

2 Kings 21 in the TFTIP

2 Kings 21 in the TFTU

2 Kings 21 in the TGNTATF3T

2 Kings 21 in the THAI

2 Kings 21 in the TNFD

2 Kings 21 in the TNT

2 Kings 21 in the TNTIK

2 Kings 21 in the TNTIL

2 Kings 21 in the TNTIN

2 Kings 21 in the TNTIP

2 Kings 21 in the TNTIZ

2 Kings 21 in the TOMA

2 Kings 21 in the TTENT

2 Kings 21 in the UBG

2 Kings 21 in the UGV

2 Kings 21 in the UGV2

2 Kings 21 in the UGV3

2 Kings 21 in the VBL

2 Kings 21 in the VDCC

2 Kings 21 in the YALU

2 Kings 21 in the YAPE

2 Kings 21 in the YBVTP

2 Kings 21 in the ZBP