2 Kings 23 (BOATCB)

1 Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa. 2 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ AWURADE Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 3 Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ AWURADE anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi AWURADE mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so. 4 Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa sɛ, wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri AWURADE asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El. 5 Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ. 6 Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire wɔ Kidron bɔnhwa mu hɔ kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ. 7 Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ. 8 Yosia sane de AWURADE asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no wɔ kuropɔn ɛpono no benkum so. 9 Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no. 10 Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio. 11 Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi AWURADE Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no. 12 Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfie no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii wɔ AWURADE Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu. 13 Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne. 14 Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so. 15 Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no. 16 Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii wɔ kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ sɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ AWURADE nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena. 17 Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?”Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.” 18 Yosia buaa sɛ, “Momma no nwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso. 19 Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ AWURADE abufuo. 20 Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔ wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem. 21 Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ ma AWURADE, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Nwoma mu no.” 22 Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da. 23 Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe wɔ akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa AWURADE. 24 Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu wɔ AWURADE Asɔredan mu no so. 25 Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte sɛ Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama AWURADE na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte sɛ ɔno. 26 Nanso, yei nyinaa akyi no, AWURADE abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so. 27 AWURADE kaa sɛ, “Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din animuonyam wɔ mu no.” 28 Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 29 Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kumm no. 30 Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene. 31 Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal. 32 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. 33 Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene wɔ Yerusalem. Afei, ɔbisaa sɛ Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan sɛ apeatoɔ. 34 Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ. 35 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ. 36 Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. 37 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.

In Other Versions

2 Kings 23 in the ANGEFD

2 Kings 23 in the ANTPNG2D

2 Kings 23 in the AS21

2 Kings 23 in the BAGH

2 Kings 23 in the BBPNG

2 Kings 23 in the BBT1E

2 Kings 23 in the BDS

2 Kings 23 in the BEV

2 Kings 23 in the BHAD

2 Kings 23 in the BIB

2 Kings 23 in the BLPT

2 Kings 23 in the BNT

2 Kings 23 in the BNTABOOT

2 Kings 23 in the BNTLV

2 Kings 23 in the BOATCB2

2 Kings 23 in the BOBCV

2 Kings 23 in the BOCNT

2 Kings 23 in the BOECS

2 Kings 23 in the BOGWICC

2 Kings 23 in the BOHCB

2 Kings 23 in the BOHCV

2 Kings 23 in the BOHLNT

2 Kings 23 in the BOHNTLTAL

2 Kings 23 in the BOICB

2 Kings 23 in the BOILNTAP

2 Kings 23 in the BOITCV

2 Kings 23 in the BOKCV

2 Kings 23 in the BOKCV2

2 Kings 23 in the BOKHWOG

2 Kings 23 in the BOKSSV

2 Kings 23 in the BOLCB

2 Kings 23 in the BOLCB2

2 Kings 23 in the BOMCV

2 Kings 23 in the BONAV

2 Kings 23 in the BONCB

2 Kings 23 in the BONLT

2 Kings 23 in the BONUT2

2 Kings 23 in the BOPLNT

2 Kings 23 in the BOSCB

2 Kings 23 in the BOSNC

2 Kings 23 in the BOTLNT

2 Kings 23 in the BOVCB

2 Kings 23 in the BOYCB

2 Kings 23 in the BPBB

2 Kings 23 in the BPH

2 Kings 23 in the BSB

2 Kings 23 in the CCB

2 Kings 23 in the CUV

2 Kings 23 in the CUVS

2 Kings 23 in the DBT

2 Kings 23 in the DGDNT

2 Kings 23 in the DHNT

2 Kings 23 in the DNT

2 Kings 23 in the ELBE

2 Kings 23 in the EMTV

2 Kings 23 in the ESV

2 Kings 23 in the FBV

2 Kings 23 in the FEB

2 Kings 23 in the GGMNT

2 Kings 23 in the GNT

2 Kings 23 in the HARY

2 Kings 23 in the HNT

2 Kings 23 in the IRVA

2 Kings 23 in the IRVB

2 Kings 23 in the IRVG

2 Kings 23 in the IRVH

2 Kings 23 in the IRVK

2 Kings 23 in the IRVM

2 Kings 23 in the IRVM2

2 Kings 23 in the IRVO

2 Kings 23 in the IRVP

2 Kings 23 in the IRVT

2 Kings 23 in the IRVT2

2 Kings 23 in the IRVU

2 Kings 23 in the ISVN

2 Kings 23 in the JSNT

2 Kings 23 in the KAPI

2 Kings 23 in the KBT1ETNIK

2 Kings 23 in the KBV

2 Kings 23 in the KJV

2 Kings 23 in the KNFD

2 Kings 23 in the LBA

2 Kings 23 in the LBLA

2 Kings 23 in the LNT

2 Kings 23 in the LSV

2 Kings 23 in the MAAL

2 Kings 23 in the MBV

2 Kings 23 in the MBV2

2 Kings 23 in the MHNT

2 Kings 23 in the MKNFD

2 Kings 23 in the MNG

2 Kings 23 in the MNT

2 Kings 23 in the MNT2

2 Kings 23 in the MRS1T

2 Kings 23 in the NAA

2 Kings 23 in the NASB

2 Kings 23 in the NBLA

2 Kings 23 in the NBS

2 Kings 23 in the NBVTP

2 Kings 23 in the NET2

2 Kings 23 in the NIV11

2 Kings 23 in the NNT

2 Kings 23 in the NNT2

2 Kings 23 in the NNT3

2 Kings 23 in the PDDPT

2 Kings 23 in the PFNT

2 Kings 23 in the RMNT

2 Kings 23 in the SBIAS

2 Kings 23 in the SBIBS

2 Kings 23 in the SBIBS2

2 Kings 23 in the SBICS

2 Kings 23 in the SBIDS

2 Kings 23 in the SBIGS

2 Kings 23 in the SBIHS

2 Kings 23 in the SBIIS

2 Kings 23 in the SBIIS2

2 Kings 23 in the SBIIS3

2 Kings 23 in the SBIKS

2 Kings 23 in the SBIKS2

2 Kings 23 in the SBIMS

2 Kings 23 in the SBIOS

2 Kings 23 in the SBIPS

2 Kings 23 in the SBISS

2 Kings 23 in the SBITS

2 Kings 23 in the SBITS2

2 Kings 23 in the SBITS3

2 Kings 23 in the SBITS4

2 Kings 23 in the SBIUS

2 Kings 23 in the SBIVS

2 Kings 23 in the SBT

2 Kings 23 in the SBT1E

2 Kings 23 in the SCHL

2 Kings 23 in the SNT

2 Kings 23 in the SUSU

2 Kings 23 in the SUSU2

2 Kings 23 in the SYNO

2 Kings 23 in the TBIAOTANT

2 Kings 23 in the TBT1E

2 Kings 23 in the TBT1E2

2 Kings 23 in the TFTIP

2 Kings 23 in the TFTU

2 Kings 23 in the TGNTATF3T

2 Kings 23 in the THAI

2 Kings 23 in the TNFD

2 Kings 23 in the TNT

2 Kings 23 in the TNTIK

2 Kings 23 in the TNTIL

2 Kings 23 in the TNTIN

2 Kings 23 in the TNTIP

2 Kings 23 in the TNTIZ

2 Kings 23 in the TOMA

2 Kings 23 in the TTENT

2 Kings 23 in the UBG

2 Kings 23 in the UGV

2 Kings 23 in the UGV2

2 Kings 23 in the UGV3

2 Kings 23 in the VBL

2 Kings 23 in the VDCC

2 Kings 23 in the YALU

2 Kings 23 in the YAPE

2 Kings 23 in the YBVTP

2 Kings 23 in the ZBP