2 Kings 24 (BOATCB)

1 Yehoiakim ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛto hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na ɔtuaa toɔ maa no mfeɛ mmiɛnsa, nanso ɔtee Nebukadnessar so atua. 2 Na AWURADE somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ AWURADE nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no. 3 Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no afiri nʼanim, ɛsiane bɔne dodoɔ a Manase yɛeɛ no enti. 4 Manase kaa mogya a ɛdi bem guiɛ de hyɛɛ Yerusalem ma, ɛno enti, AWURADE amfa yei ankyɛ. 5 Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 6 Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 7 Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho. 8 Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta. 9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no ara pɛ. 10 Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem. 11 Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase. 13 Sɛdeɛ AWURADE aka dada no, Nebukadnessar tasee agyapadeɛ a ɛwɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ no ne ahemfie hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ akoradeɛ a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. 14 Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so. 15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho. 16 Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie. 17 Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia. 18 Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. 20 Ɛno enti, AWURADE abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire yi, ɔyii nʼani firii wɔn so.Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

In Other Versions

2 Kings 24 in the ANGEFD

2 Kings 24 in the ANTPNG2D

2 Kings 24 in the AS21

2 Kings 24 in the BAGH

2 Kings 24 in the BBPNG

2 Kings 24 in the BBT1E

2 Kings 24 in the BDS

2 Kings 24 in the BEV

2 Kings 24 in the BHAD

2 Kings 24 in the BIB

2 Kings 24 in the BLPT

2 Kings 24 in the BNT

2 Kings 24 in the BNTABOOT

2 Kings 24 in the BNTLV

2 Kings 24 in the BOATCB2

2 Kings 24 in the BOBCV

2 Kings 24 in the BOCNT

2 Kings 24 in the BOECS

2 Kings 24 in the BOGWICC

2 Kings 24 in the BOHCB

2 Kings 24 in the BOHCV

2 Kings 24 in the BOHLNT

2 Kings 24 in the BOHNTLTAL

2 Kings 24 in the BOICB

2 Kings 24 in the BOILNTAP

2 Kings 24 in the BOITCV

2 Kings 24 in the BOKCV

2 Kings 24 in the BOKCV2

2 Kings 24 in the BOKHWOG

2 Kings 24 in the BOKSSV

2 Kings 24 in the BOLCB

2 Kings 24 in the BOLCB2

2 Kings 24 in the BOMCV

2 Kings 24 in the BONAV

2 Kings 24 in the BONCB

2 Kings 24 in the BONLT

2 Kings 24 in the BONUT2

2 Kings 24 in the BOPLNT

2 Kings 24 in the BOSCB

2 Kings 24 in the BOSNC

2 Kings 24 in the BOTLNT

2 Kings 24 in the BOVCB

2 Kings 24 in the BOYCB

2 Kings 24 in the BPBB

2 Kings 24 in the BPH

2 Kings 24 in the BSB

2 Kings 24 in the CCB

2 Kings 24 in the CUV

2 Kings 24 in the CUVS

2 Kings 24 in the DBT

2 Kings 24 in the DGDNT

2 Kings 24 in the DHNT

2 Kings 24 in the DNT

2 Kings 24 in the ELBE

2 Kings 24 in the EMTV

2 Kings 24 in the ESV

2 Kings 24 in the FBV

2 Kings 24 in the FEB

2 Kings 24 in the GGMNT

2 Kings 24 in the GNT

2 Kings 24 in the HARY

2 Kings 24 in the HNT

2 Kings 24 in the IRVA

2 Kings 24 in the IRVB

2 Kings 24 in the IRVG

2 Kings 24 in the IRVH

2 Kings 24 in the IRVK

2 Kings 24 in the IRVM

2 Kings 24 in the IRVM2

2 Kings 24 in the IRVO

2 Kings 24 in the IRVP

2 Kings 24 in the IRVT

2 Kings 24 in the IRVT2

2 Kings 24 in the IRVU

2 Kings 24 in the ISVN

2 Kings 24 in the JSNT

2 Kings 24 in the KAPI

2 Kings 24 in the KBT1ETNIK

2 Kings 24 in the KBV

2 Kings 24 in the KJV

2 Kings 24 in the KNFD

2 Kings 24 in the LBA

2 Kings 24 in the LBLA

2 Kings 24 in the LNT

2 Kings 24 in the LSV

2 Kings 24 in the MAAL

2 Kings 24 in the MBV

2 Kings 24 in the MBV2

2 Kings 24 in the MHNT

2 Kings 24 in the MKNFD

2 Kings 24 in the MNG

2 Kings 24 in the MNT

2 Kings 24 in the MNT2

2 Kings 24 in the MRS1T

2 Kings 24 in the NAA

2 Kings 24 in the NASB

2 Kings 24 in the NBLA

2 Kings 24 in the NBS

2 Kings 24 in the NBVTP

2 Kings 24 in the NET2

2 Kings 24 in the NIV11

2 Kings 24 in the NNT

2 Kings 24 in the NNT2

2 Kings 24 in the NNT3

2 Kings 24 in the PDDPT

2 Kings 24 in the PFNT

2 Kings 24 in the RMNT

2 Kings 24 in the SBIAS

2 Kings 24 in the SBIBS

2 Kings 24 in the SBIBS2

2 Kings 24 in the SBICS

2 Kings 24 in the SBIDS

2 Kings 24 in the SBIGS

2 Kings 24 in the SBIHS

2 Kings 24 in the SBIIS

2 Kings 24 in the SBIIS2

2 Kings 24 in the SBIIS3

2 Kings 24 in the SBIKS

2 Kings 24 in the SBIKS2

2 Kings 24 in the SBIMS

2 Kings 24 in the SBIOS

2 Kings 24 in the SBIPS

2 Kings 24 in the SBISS

2 Kings 24 in the SBITS

2 Kings 24 in the SBITS2

2 Kings 24 in the SBITS3

2 Kings 24 in the SBITS4

2 Kings 24 in the SBIUS

2 Kings 24 in the SBIVS

2 Kings 24 in the SBT

2 Kings 24 in the SBT1E

2 Kings 24 in the SCHL

2 Kings 24 in the SNT

2 Kings 24 in the SUSU

2 Kings 24 in the SUSU2

2 Kings 24 in the SYNO

2 Kings 24 in the TBIAOTANT

2 Kings 24 in the TBT1E

2 Kings 24 in the TBT1E2

2 Kings 24 in the TFTIP

2 Kings 24 in the TFTU

2 Kings 24 in the TGNTATF3T

2 Kings 24 in the THAI

2 Kings 24 in the TNFD

2 Kings 24 in the TNT

2 Kings 24 in the TNTIK

2 Kings 24 in the TNTIL

2 Kings 24 in the TNTIN

2 Kings 24 in the TNTIP

2 Kings 24 in the TNTIZ

2 Kings 24 in the TOMA

2 Kings 24 in the TTENT

2 Kings 24 in the UBG

2 Kings 24 in the UGV

2 Kings 24 in the UGV2

2 Kings 24 in the UGV3

2 Kings 24 in the VBL

2 Kings 24 in the VDCC

2 Kings 24 in the YALU

2 Kings 24 in the YAPE

2 Kings 24 in the YBVTP

2 Kings 24 in the ZBP