2 Kings 7 (BOATCB)

1 Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi AWURADE nkyɛn! Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu pɛ.” 2 Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ AWURADE bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!”Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.” 3 Afei, mmarima akwatafoɔ baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo? 4 Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.” 5 Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. 6 Na AWURADE ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.” 7 Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa. 8 Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ. 9 Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.” 10 Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11 Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ. 12 Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.” 13 Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.” 14 Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no. 15 Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ. 16 Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ. 17 Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no. 18 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu.” 19 Ɔhene no panin no buaa sɛ, “Sɛ AWURADE bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.” 20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twi faa ne so, kumm no wɔ ɛpono no ano no.

In Other Versions

2 Kings 7 in the ANGEFD

2 Kings 7 in the ANTPNG2D

2 Kings 7 in the AS21

2 Kings 7 in the BAGH

2 Kings 7 in the BBPNG

2 Kings 7 in the BBT1E

2 Kings 7 in the BDS

2 Kings 7 in the BEV

2 Kings 7 in the BHAD

2 Kings 7 in the BIB

2 Kings 7 in the BLPT

2 Kings 7 in the BNT

2 Kings 7 in the BNTABOOT

2 Kings 7 in the BNTLV

2 Kings 7 in the BOATCB2

2 Kings 7 in the BOBCV

2 Kings 7 in the BOCNT

2 Kings 7 in the BOECS

2 Kings 7 in the BOGWICC

2 Kings 7 in the BOHCB

2 Kings 7 in the BOHCV

2 Kings 7 in the BOHLNT

2 Kings 7 in the BOHNTLTAL

2 Kings 7 in the BOICB

2 Kings 7 in the BOILNTAP

2 Kings 7 in the BOITCV

2 Kings 7 in the BOKCV

2 Kings 7 in the BOKCV2

2 Kings 7 in the BOKHWOG

2 Kings 7 in the BOKSSV

2 Kings 7 in the BOLCB

2 Kings 7 in the BOLCB2

2 Kings 7 in the BOMCV

2 Kings 7 in the BONAV

2 Kings 7 in the BONCB

2 Kings 7 in the BONLT

2 Kings 7 in the BONUT2

2 Kings 7 in the BOPLNT

2 Kings 7 in the BOSCB

2 Kings 7 in the BOSNC

2 Kings 7 in the BOTLNT

2 Kings 7 in the BOVCB

2 Kings 7 in the BOYCB

2 Kings 7 in the BPBB

2 Kings 7 in the BPH

2 Kings 7 in the BSB

2 Kings 7 in the CCB

2 Kings 7 in the CUV

2 Kings 7 in the CUVS

2 Kings 7 in the DBT

2 Kings 7 in the DGDNT

2 Kings 7 in the DHNT

2 Kings 7 in the DNT

2 Kings 7 in the ELBE

2 Kings 7 in the EMTV

2 Kings 7 in the ESV

2 Kings 7 in the FBV

2 Kings 7 in the FEB

2 Kings 7 in the GGMNT

2 Kings 7 in the GNT

2 Kings 7 in the HARY

2 Kings 7 in the HNT

2 Kings 7 in the IRVA

2 Kings 7 in the IRVB

2 Kings 7 in the IRVG

2 Kings 7 in the IRVH

2 Kings 7 in the IRVK

2 Kings 7 in the IRVM

2 Kings 7 in the IRVM2

2 Kings 7 in the IRVO

2 Kings 7 in the IRVP

2 Kings 7 in the IRVT

2 Kings 7 in the IRVT2

2 Kings 7 in the IRVU

2 Kings 7 in the ISVN

2 Kings 7 in the JSNT

2 Kings 7 in the KAPI

2 Kings 7 in the KBT1ETNIK

2 Kings 7 in the KBV

2 Kings 7 in the KJV

2 Kings 7 in the KNFD

2 Kings 7 in the LBA

2 Kings 7 in the LBLA

2 Kings 7 in the LNT

2 Kings 7 in the LSV

2 Kings 7 in the MAAL

2 Kings 7 in the MBV

2 Kings 7 in the MBV2

2 Kings 7 in the MHNT

2 Kings 7 in the MKNFD

2 Kings 7 in the MNG

2 Kings 7 in the MNT

2 Kings 7 in the MNT2

2 Kings 7 in the MRS1T

2 Kings 7 in the NAA

2 Kings 7 in the NASB

2 Kings 7 in the NBLA

2 Kings 7 in the NBS

2 Kings 7 in the NBVTP

2 Kings 7 in the NET2

2 Kings 7 in the NIV11

2 Kings 7 in the NNT

2 Kings 7 in the NNT2

2 Kings 7 in the NNT3

2 Kings 7 in the PDDPT

2 Kings 7 in the PFNT

2 Kings 7 in the RMNT

2 Kings 7 in the SBIAS

2 Kings 7 in the SBIBS

2 Kings 7 in the SBIBS2

2 Kings 7 in the SBICS

2 Kings 7 in the SBIDS

2 Kings 7 in the SBIGS

2 Kings 7 in the SBIHS

2 Kings 7 in the SBIIS

2 Kings 7 in the SBIIS2

2 Kings 7 in the SBIIS3

2 Kings 7 in the SBIKS

2 Kings 7 in the SBIKS2

2 Kings 7 in the SBIMS

2 Kings 7 in the SBIOS

2 Kings 7 in the SBIPS

2 Kings 7 in the SBISS

2 Kings 7 in the SBITS

2 Kings 7 in the SBITS2

2 Kings 7 in the SBITS3

2 Kings 7 in the SBITS4

2 Kings 7 in the SBIUS

2 Kings 7 in the SBIVS

2 Kings 7 in the SBT

2 Kings 7 in the SBT1E

2 Kings 7 in the SCHL

2 Kings 7 in the SNT

2 Kings 7 in the SUSU

2 Kings 7 in the SUSU2

2 Kings 7 in the SYNO

2 Kings 7 in the TBIAOTANT

2 Kings 7 in the TBT1E

2 Kings 7 in the TBT1E2

2 Kings 7 in the TFTIP

2 Kings 7 in the TFTU

2 Kings 7 in the TGNTATF3T

2 Kings 7 in the THAI

2 Kings 7 in the TNFD

2 Kings 7 in the TNT

2 Kings 7 in the TNTIK

2 Kings 7 in the TNTIL

2 Kings 7 in the TNTIN

2 Kings 7 in the TNTIP

2 Kings 7 in the TNTIZ

2 Kings 7 in the TOMA

2 Kings 7 in the TTENT

2 Kings 7 in the UBG

2 Kings 7 in the UGV

2 Kings 7 in the UGV2

2 Kings 7 in the UGV3

2 Kings 7 in the VBL

2 Kings 7 in the VDCC

2 Kings 7 in the YALU

2 Kings 7 in the YAPE

2 Kings 7 in the YBVTP

2 Kings 7 in the ZBP