2 Kings 8 (BOATCB)

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ ntu nkɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, AWURADE ahyɛ sɛ ɛkɔm mmra Israel mfeɛ nson.” 2 Enti, ɔbaa no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛeɛ no. Ɔfaa ne fiefoɔ kɔtenaa Filistifoɔ asase so mfeɛ nson. 3 Ɛkɔm no twaa mu no, ɔsane baa Israel asase so, kɔhunuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fie ne nʼasase. 4 Ɔbaa mu no, na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ rekasa. Na ɔhene no rebisa sɛ: Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5 Saa ɛberɛ no ara na na Gehasi reka nyane a Elisa nyanee abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Ɛberɛ korɔ no ara mu, abarimaa no maame kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no fa nʼabisadeɛ no ho.Gehasi teaam sɛ, “Hwɛ, me wura! Ɔbaa no nie na ne babarima no nso nie—ɔno na Elisa nyanee no no!” 6 Ɔhene no bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako sɛ ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni hɔ nyinaa, wɔde maa no. 7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Onyankopɔn onipa no aba hɔ,” 8 ɛberɛ a ɔhene no tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hasael sɛ, “Fa akyɛdeɛ kɔma Onyankopɔn onipa no. Na ka kyerɛ no, na ɔmmisa AWURADE sɛ, ‘Me ho bɛtɔ me bio anaa?’ ” 9 Na Hasael hyehyɛɛ nyoma aduanan so nnepa a ɛfiri Damasko, sɛ akyɛdeɛ a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn sɛ, memmɛbisa sɛ ne ho bɛyɛ no den anaa.” 10 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛyɛ wo den.’ Nanso, AWURADE ada no adi akyerɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔbɛwu.” 11 Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ. 12 Hasael bisaa no sɛ, “Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa sɛ, Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!” 13 Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?”Nanso, Elisa buaa sɛ, “AWURADE akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.” 14 Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”Hasael buaa sɛ, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” 15 Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene. 16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bɛdii Yuda so ɛberɛ a ɔhene Yoram adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ enum so. Na Yoram yɛ Ahab babarima. 17 Ɛberɛ a Yehoram dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 18 Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 19 Nanso, na AWURADE mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ. 20 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 21 Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no hɔ dwaneeɛ. 22 Edom ate Yuda so atua de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Libna kuro nso sɔre tiaeɛ. 23 Nsɛm a ɛsisii wɔ Yehoram ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 24 Ɛberɛ a Yehoram wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25 Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda wɔ ɔhene Yoram adedie wɔ Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26 Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana. 27 Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ AWURADE ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho. 28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29 Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.

In Other Versions

2 Kings 8 in the ANGEFD

2 Kings 8 in the ANTPNG2D

2 Kings 8 in the AS21

2 Kings 8 in the BAGH

2 Kings 8 in the BBPNG

2 Kings 8 in the BBT1E

2 Kings 8 in the BDS

2 Kings 8 in the BEV

2 Kings 8 in the BHAD

2 Kings 8 in the BIB

2 Kings 8 in the BLPT

2 Kings 8 in the BNT

2 Kings 8 in the BNTABOOT

2 Kings 8 in the BNTLV

2 Kings 8 in the BOATCB2

2 Kings 8 in the BOBCV

2 Kings 8 in the BOCNT

2 Kings 8 in the BOECS

2 Kings 8 in the BOGWICC

2 Kings 8 in the BOHCB

2 Kings 8 in the BOHCV

2 Kings 8 in the BOHLNT

2 Kings 8 in the BOHNTLTAL

2 Kings 8 in the BOICB

2 Kings 8 in the BOILNTAP

2 Kings 8 in the BOITCV

2 Kings 8 in the BOKCV

2 Kings 8 in the BOKCV2

2 Kings 8 in the BOKHWOG

2 Kings 8 in the BOKSSV

2 Kings 8 in the BOLCB

2 Kings 8 in the BOLCB2

2 Kings 8 in the BOMCV

2 Kings 8 in the BONAV

2 Kings 8 in the BONCB

2 Kings 8 in the BONLT

2 Kings 8 in the BONUT2

2 Kings 8 in the BOPLNT

2 Kings 8 in the BOSCB

2 Kings 8 in the BOSNC

2 Kings 8 in the BOTLNT

2 Kings 8 in the BOVCB

2 Kings 8 in the BOYCB

2 Kings 8 in the BPBB

2 Kings 8 in the BPH

2 Kings 8 in the BSB

2 Kings 8 in the CCB

2 Kings 8 in the CUV

2 Kings 8 in the CUVS

2 Kings 8 in the DBT

2 Kings 8 in the DGDNT

2 Kings 8 in the DHNT

2 Kings 8 in the DNT

2 Kings 8 in the ELBE

2 Kings 8 in the EMTV

2 Kings 8 in the ESV

2 Kings 8 in the FBV

2 Kings 8 in the FEB

2 Kings 8 in the GGMNT

2 Kings 8 in the GNT

2 Kings 8 in the HARY

2 Kings 8 in the HNT

2 Kings 8 in the IRVA

2 Kings 8 in the IRVB

2 Kings 8 in the IRVG

2 Kings 8 in the IRVH

2 Kings 8 in the IRVK

2 Kings 8 in the IRVM

2 Kings 8 in the IRVM2

2 Kings 8 in the IRVO

2 Kings 8 in the IRVP

2 Kings 8 in the IRVT

2 Kings 8 in the IRVT2

2 Kings 8 in the IRVU

2 Kings 8 in the ISVN

2 Kings 8 in the JSNT

2 Kings 8 in the KAPI

2 Kings 8 in the KBT1ETNIK

2 Kings 8 in the KBV

2 Kings 8 in the KJV

2 Kings 8 in the KNFD

2 Kings 8 in the LBA

2 Kings 8 in the LBLA

2 Kings 8 in the LNT

2 Kings 8 in the LSV

2 Kings 8 in the MAAL

2 Kings 8 in the MBV

2 Kings 8 in the MBV2

2 Kings 8 in the MHNT

2 Kings 8 in the MKNFD

2 Kings 8 in the MNG

2 Kings 8 in the MNT

2 Kings 8 in the MNT2

2 Kings 8 in the MRS1T

2 Kings 8 in the NAA

2 Kings 8 in the NASB

2 Kings 8 in the NBLA

2 Kings 8 in the NBS

2 Kings 8 in the NBVTP

2 Kings 8 in the NET2

2 Kings 8 in the NIV11

2 Kings 8 in the NNT

2 Kings 8 in the NNT2

2 Kings 8 in the NNT3

2 Kings 8 in the PDDPT

2 Kings 8 in the PFNT

2 Kings 8 in the RMNT

2 Kings 8 in the SBIAS

2 Kings 8 in the SBIBS

2 Kings 8 in the SBIBS2

2 Kings 8 in the SBICS

2 Kings 8 in the SBIDS

2 Kings 8 in the SBIGS

2 Kings 8 in the SBIHS

2 Kings 8 in the SBIIS

2 Kings 8 in the SBIIS2

2 Kings 8 in the SBIIS3

2 Kings 8 in the SBIKS

2 Kings 8 in the SBIKS2

2 Kings 8 in the SBIMS

2 Kings 8 in the SBIOS

2 Kings 8 in the SBIPS

2 Kings 8 in the SBISS

2 Kings 8 in the SBITS

2 Kings 8 in the SBITS2

2 Kings 8 in the SBITS3

2 Kings 8 in the SBITS4

2 Kings 8 in the SBIUS

2 Kings 8 in the SBIVS

2 Kings 8 in the SBT

2 Kings 8 in the SBT1E

2 Kings 8 in the SCHL

2 Kings 8 in the SNT

2 Kings 8 in the SUSU

2 Kings 8 in the SUSU2

2 Kings 8 in the SYNO

2 Kings 8 in the TBIAOTANT

2 Kings 8 in the TBT1E

2 Kings 8 in the TBT1E2

2 Kings 8 in the TFTIP

2 Kings 8 in the TFTU

2 Kings 8 in the TGNTATF3T

2 Kings 8 in the THAI

2 Kings 8 in the TNFD

2 Kings 8 in the TNT

2 Kings 8 in the TNTIK

2 Kings 8 in the TNTIL

2 Kings 8 in the TNTIN

2 Kings 8 in the TNTIP

2 Kings 8 in the TNTIZ

2 Kings 8 in the TOMA

2 Kings 8 in the TTENT

2 Kings 8 in the UBG

2 Kings 8 in the UGV

2 Kings 8 in the UGV2

2 Kings 8 in the UGV3

2 Kings 8 in the VBL

2 Kings 8 in the VDCC

2 Kings 8 in the YALU

2 Kings 8 in the YAPE

2 Kings 8 in the YBVTP

2 Kings 8 in the ZBP