2 Kings 8 (BOATCB2)

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba no se, “Wo ne wo fifo ntu nkɔ baabi foforo, efisɛ AWURADE ahyɛ sɛ ɔkɔm mmra Israel mfe ason.” 2 Enti ɔbea no yɛɛ sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛe no. Ɔfaa ne fifo kɔtenaa Filistifo asase so mfe ason. 3 Ɔkɔm no twaa mu no, ɔsan baa Israel asase so, kohuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fi ne nʼasase. 4 Na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no somfo rekasa. Na ɔhene no rebisa se: Ka nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5 Saa bere no ara na na Gehasi reka nyan a Elisa nyan abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Bere koro no ara mu na abarimaa no na kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no se ɔmfa ne fi ne ne dan mma no no.Gehasi teɛɛ mu se, “Hwɛ, me wura! Ɔbea no ni na, na ne babarima a Elisa nyan no no nso ni!” 6 Ɔhene no bisaa ɔbea no se, “Ɛyɛ nokware ana?” Ɔbea no buae se ɛyɛ ampa. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanyimfo no mu baako se ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Ne nnɔbae a wotwae a na onni hɔ nyinaa, wɔde maa no. 7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onyankopɔn nipa no aba hɔ,” 8 na ɔka kyerɛɛ Hasael se, “Fa akyɛde kɔma Onyankopɔn nipa no. Na ka kyerɛ no, na ommisa AWURADE se, ‘Me ho bɛtɔ me bio ana?’ ” 9 Na Hasael hyehyɛɛ yoma aduanan so nnepa a efi Damasko, sɛ akyɛde a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn se mimmebisa se, ‘Menya ahotɔ ana?’ ” 10 Na Elisa ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔka kyerɛ no se, ‘Wubenya ahotɔ.’ Nanso AWURADE ada no adi akyerɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, obewu.” 11 Elisa hwɛɛ Hasael anim, kosii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn nipa no fii ase sui. 12 Hasael bisae se, “Adɛn na me wura resu?” Elisa buae se, “Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wobɛhyew wɔn nkurow a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmerante, de wɔn mma nketewa adwiradwira fam, apaapae apemfo yafunu!” 13 Na Hasael buae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, betumi adi dwuma kɛse a ɛte sɛɛ yi?”Elisa buae se, “AWURADE akyerɛ me se, wo na wobɛyɛ Aramhene.” 14 Bere a Hasael san kɔe no, ɔhene no bisaa no se, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”Hasael buae se, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” 15 Nanso ade kyee no, Hasael faa ntama a mu yɛ duru, de nuu nsu mu, de kataa ɔhene no anim, kosii sɛ owui. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene. 16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bedii Yuda so bere a ɔhene Yoram adi ade wɔ Israel mfe anum. Na Yoram yɛ Ahab babarima. 17 Bere a Yehoram dii hene no, na wadi mfe aduasa abien. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. 18 Nanso Yehoram dii Israel ahemfo anammɔn akyi. Na ɔyɛ omumɔyɛfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Na Yehoram yɛɛ nea na ɛyɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 19 Nanso na AWURADE mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ. 20 Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. 21 Enti Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔtow hyɛɛ Sair kurow so. Edomfo twaa ɔne ne nteaseɛnamkafo ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum no mu guanee. Yehoram asraafo nso guanee. 22 Edom atew Yuda so atua de besi nnɛ. Saa bere no ara mu na Libna kurow nso sɔre tiae. 23 Nsɛm a esisii wɔ Yehoram ahenni mu ne nea ɔyɛe nyinaa no wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 24 Bere a Yehoram wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na odii nʼade sɛ ɔhene. 25 Yehoram babarima Ahasia fii ase dii hene wɔ Yuda wɔ ɔhene Yoram adedi wɔ Israel ne mfe dumien mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26 Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Ne na ne Atalia a na ɔyɛ Israelhene Omri nena. 27 Ahasia dii amumɔyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fifo yɛe no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumɔyɛsɛm wɔ AWURADE ani so, efisɛ wɔbɔɔ ne din bataa aware a ɔkɔwaree Ahabfini no ho. 28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29 Bere a wopiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsan baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuru no. Bere a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.

In Other Versions

2 Kings 8 in the ANGEFD

2 Kings 8 in the ANTPNG2D

2 Kings 8 in the AS21

2 Kings 8 in the BAGH

2 Kings 8 in the BBPNG

2 Kings 8 in the BBT1E

2 Kings 8 in the BDS

2 Kings 8 in the BEV

2 Kings 8 in the BHAD

2 Kings 8 in the BIB

2 Kings 8 in the BLPT

2 Kings 8 in the BNT

2 Kings 8 in the BNTABOOT

2 Kings 8 in the BNTLV

2 Kings 8 in the BOATCB

2 Kings 8 in the BOBCV

2 Kings 8 in the BOCNT

2 Kings 8 in the BOECS

2 Kings 8 in the BOGWICC

2 Kings 8 in the BOHCB

2 Kings 8 in the BOHCV

2 Kings 8 in the BOHLNT

2 Kings 8 in the BOHNTLTAL

2 Kings 8 in the BOICB

2 Kings 8 in the BOILNTAP

2 Kings 8 in the BOITCV

2 Kings 8 in the BOKCV

2 Kings 8 in the BOKCV2

2 Kings 8 in the BOKHWOG

2 Kings 8 in the BOKSSV

2 Kings 8 in the BOLCB

2 Kings 8 in the BOLCB2

2 Kings 8 in the BOMCV

2 Kings 8 in the BONAV

2 Kings 8 in the BONCB

2 Kings 8 in the BONLT

2 Kings 8 in the BONUT2

2 Kings 8 in the BOPLNT

2 Kings 8 in the BOSCB

2 Kings 8 in the BOSNC

2 Kings 8 in the BOTLNT

2 Kings 8 in the BOVCB

2 Kings 8 in the BOYCB

2 Kings 8 in the BPBB

2 Kings 8 in the BPH

2 Kings 8 in the BSB

2 Kings 8 in the CCB

2 Kings 8 in the CUV

2 Kings 8 in the CUVS

2 Kings 8 in the DBT

2 Kings 8 in the DGDNT

2 Kings 8 in the DHNT

2 Kings 8 in the DNT

2 Kings 8 in the ELBE

2 Kings 8 in the EMTV

2 Kings 8 in the ESV

2 Kings 8 in the FBV

2 Kings 8 in the FEB

2 Kings 8 in the GGMNT

2 Kings 8 in the GNT

2 Kings 8 in the HARY

2 Kings 8 in the HNT

2 Kings 8 in the IRVA

2 Kings 8 in the IRVB

2 Kings 8 in the IRVG

2 Kings 8 in the IRVH

2 Kings 8 in the IRVK

2 Kings 8 in the IRVM

2 Kings 8 in the IRVM2

2 Kings 8 in the IRVO

2 Kings 8 in the IRVP

2 Kings 8 in the IRVT

2 Kings 8 in the IRVT2

2 Kings 8 in the IRVU

2 Kings 8 in the ISVN

2 Kings 8 in the JSNT

2 Kings 8 in the KAPI

2 Kings 8 in the KBT1ETNIK

2 Kings 8 in the KBV

2 Kings 8 in the KJV

2 Kings 8 in the KNFD

2 Kings 8 in the LBA

2 Kings 8 in the LBLA

2 Kings 8 in the LNT

2 Kings 8 in the LSV

2 Kings 8 in the MAAL

2 Kings 8 in the MBV

2 Kings 8 in the MBV2

2 Kings 8 in the MHNT

2 Kings 8 in the MKNFD

2 Kings 8 in the MNG

2 Kings 8 in the MNT

2 Kings 8 in the MNT2

2 Kings 8 in the MRS1T

2 Kings 8 in the NAA

2 Kings 8 in the NASB

2 Kings 8 in the NBLA

2 Kings 8 in the NBS

2 Kings 8 in the NBVTP

2 Kings 8 in the NET2

2 Kings 8 in the NIV11

2 Kings 8 in the NNT

2 Kings 8 in the NNT2

2 Kings 8 in the NNT3

2 Kings 8 in the PDDPT

2 Kings 8 in the PFNT

2 Kings 8 in the RMNT

2 Kings 8 in the SBIAS

2 Kings 8 in the SBIBS

2 Kings 8 in the SBIBS2

2 Kings 8 in the SBICS

2 Kings 8 in the SBIDS

2 Kings 8 in the SBIGS

2 Kings 8 in the SBIHS

2 Kings 8 in the SBIIS

2 Kings 8 in the SBIIS2

2 Kings 8 in the SBIIS3

2 Kings 8 in the SBIKS

2 Kings 8 in the SBIKS2

2 Kings 8 in the SBIMS

2 Kings 8 in the SBIOS

2 Kings 8 in the SBIPS

2 Kings 8 in the SBISS

2 Kings 8 in the SBITS

2 Kings 8 in the SBITS2

2 Kings 8 in the SBITS3

2 Kings 8 in the SBITS4

2 Kings 8 in the SBIUS

2 Kings 8 in the SBIVS

2 Kings 8 in the SBT

2 Kings 8 in the SBT1E

2 Kings 8 in the SCHL

2 Kings 8 in the SNT

2 Kings 8 in the SUSU

2 Kings 8 in the SUSU2

2 Kings 8 in the SYNO

2 Kings 8 in the TBIAOTANT

2 Kings 8 in the TBT1E

2 Kings 8 in the TBT1E2

2 Kings 8 in the TFTIP

2 Kings 8 in the TFTU

2 Kings 8 in the TGNTATF3T

2 Kings 8 in the THAI

2 Kings 8 in the TNFD

2 Kings 8 in the TNT

2 Kings 8 in the TNTIK

2 Kings 8 in the TNTIL

2 Kings 8 in the TNTIN

2 Kings 8 in the TNTIP

2 Kings 8 in the TNTIZ

2 Kings 8 in the TOMA

2 Kings 8 in the TTENT

2 Kings 8 in the UBG

2 Kings 8 in the UGV

2 Kings 8 in the UGV2

2 Kings 8 in the UGV3

2 Kings 8 in the VBL

2 Kings 8 in the VDCC

2 Kings 8 in the YALU

2 Kings 8 in the YAPE

2 Kings 8 in the YBVTP

2 Kings 8 in the ZBP