Acts 19 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi 2 bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?”Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.” 3 Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?”Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.” 4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” 5 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm. 7 Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu. 8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene. 9 Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no. 11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ, 12 maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. 13 Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!” 14 Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. 15 Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?” 16 Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ. 17 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ. 18 Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm. 19 Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. 20 Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so. 21 Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.” 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra. 23 Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso. 24 Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam. 25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so. 26 Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27 Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.” 28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 29 Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ. 30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31 Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ. 32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. 33 Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. 34 Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 35 Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so. 36 Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38 Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa. 39 Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40 Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.” 41 Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.

In Other Versions

Acts 19 in the ANGEFD

Acts 19 in the ANTPNG2D

Acts 19 in the AS21

Acts 19 in the BAGH

Acts 19 in the BBPNG

Acts 19 in the BBT1E

Acts 19 in the BDS

Acts 19 in the BEV

Acts 19 in the BHAD

Acts 19 in the BIB

Acts 19 in the BLPT

Acts 19 in the BNT

Acts 19 in the BNTABOOT

Acts 19 in the BNTLV

Acts 19 in the BOATCB2

Acts 19 in the BOBCV

Acts 19 in the BOCNT

Acts 19 in the BOECS

Acts 19 in the BOGWICC

Acts 19 in the BOHCB

Acts 19 in the BOHCV

Acts 19 in the BOHLNT

Acts 19 in the BOHNTLTAL

Acts 19 in the BOICB

Acts 19 in the BOILNTAP

Acts 19 in the BOITCV

Acts 19 in the BOKCV

Acts 19 in the BOKCV2

Acts 19 in the BOKHWOG

Acts 19 in the BOKSSV

Acts 19 in the BOLCB

Acts 19 in the BOLCB2

Acts 19 in the BOMCV

Acts 19 in the BONAV

Acts 19 in the BONCB

Acts 19 in the BONLT

Acts 19 in the BONUT2

Acts 19 in the BOPLNT

Acts 19 in the BOSCB

Acts 19 in the BOSNC

Acts 19 in the BOTLNT

Acts 19 in the BOVCB

Acts 19 in the BOYCB

Acts 19 in the BPBB

Acts 19 in the BPH

Acts 19 in the BSB

Acts 19 in the CCB

Acts 19 in the CUV

Acts 19 in the CUVS

Acts 19 in the DBT

Acts 19 in the DGDNT

Acts 19 in the DHNT

Acts 19 in the DNT

Acts 19 in the ELBE

Acts 19 in the EMTV

Acts 19 in the ESV

Acts 19 in the FBV

Acts 19 in the FEB

Acts 19 in the GGMNT

Acts 19 in the GNT

Acts 19 in the HARY

Acts 19 in the HNT

Acts 19 in the IRVA

Acts 19 in the IRVB

Acts 19 in the IRVG

Acts 19 in the IRVH

Acts 19 in the IRVK

Acts 19 in the IRVM

Acts 19 in the IRVM2

Acts 19 in the IRVO

Acts 19 in the IRVP

Acts 19 in the IRVT

Acts 19 in the IRVT2

Acts 19 in the IRVU

Acts 19 in the ISVN

Acts 19 in the JSNT

Acts 19 in the KAPI

Acts 19 in the KBT1ETNIK

Acts 19 in the KBV

Acts 19 in the KJV

Acts 19 in the KNFD

Acts 19 in the LBA

Acts 19 in the LBLA

Acts 19 in the LNT

Acts 19 in the LSV

Acts 19 in the MAAL

Acts 19 in the MBV

Acts 19 in the MBV2

Acts 19 in the MHNT

Acts 19 in the MKNFD

Acts 19 in the MNG

Acts 19 in the MNT

Acts 19 in the MNT2

Acts 19 in the MRS1T

Acts 19 in the NAA

Acts 19 in the NASB

Acts 19 in the NBLA

Acts 19 in the NBS

Acts 19 in the NBVTP

Acts 19 in the NET2

Acts 19 in the NIV11

Acts 19 in the NNT

Acts 19 in the NNT2

Acts 19 in the NNT3

Acts 19 in the PDDPT

Acts 19 in the PFNT

Acts 19 in the RMNT

Acts 19 in the SBIAS

Acts 19 in the SBIBS

Acts 19 in the SBIBS2

Acts 19 in the SBICS

Acts 19 in the SBIDS

Acts 19 in the SBIGS

Acts 19 in the SBIHS

Acts 19 in the SBIIS

Acts 19 in the SBIIS2

Acts 19 in the SBIIS3

Acts 19 in the SBIKS

Acts 19 in the SBIKS2

Acts 19 in the SBIMS

Acts 19 in the SBIOS

Acts 19 in the SBIPS

Acts 19 in the SBISS

Acts 19 in the SBITS

Acts 19 in the SBITS2

Acts 19 in the SBITS3

Acts 19 in the SBITS4

Acts 19 in the SBIUS

Acts 19 in the SBIVS

Acts 19 in the SBT

Acts 19 in the SBT1E

Acts 19 in the SCHL

Acts 19 in the SNT

Acts 19 in the SUSU

Acts 19 in the SUSU2

Acts 19 in the SYNO

Acts 19 in the TBIAOTANT

Acts 19 in the TBT1E

Acts 19 in the TBT1E2

Acts 19 in the TFTIP

Acts 19 in the TFTU

Acts 19 in the TGNTATF3T

Acts 19 in the THAI

Acts 19 in the TNFD

Acts 19 in the TNT

Acts 19 in the TNTIK

Acts 19 in the TNTIL

Acts 19 in the TNTIN

Acts 19 in the TNTIP

Acts 19 in the TNTIZ

Acts 19 in the TOMA

Acts 19 in the TTENT

Acts 19 in the UBG

Acts 19 in the UGV

Acts 19 in the UGV2

Acts 19 in the UGV3

Acts 19 in the VBL

Acts 19 in the VDCC

Acts 19 in the YALU

Acts 19 in the YAPE

Acts 19 in the YBVTP

Acts 19 in the ZBP