Acts 19 (BOATCB2)

1 Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu agyidifo bi 2 bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?”Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.” 3 Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛno de na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?”Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.” 4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” 5 Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm. 7 Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien. 8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene. 9 Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa. 10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no. 11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse, 12 maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛnanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. 13 Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!” 14 Yudafo sɔfopanyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi. 15 Honhommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mo ne hefo?” 16 Afei ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ. 17 Yudafo ne amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ. 18 Agyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm. 19 Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum. 20 Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛw tumi so. 21 Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.” 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra. 23 Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso. 24 Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam. 25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma ahorow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so. 26 Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27 Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.” 28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuw fii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛ mu se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 29 Basabasayɛ no trɛw wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔbea. 30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ aguabɔbea hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan. 31 Ɔmantam no mu mpanyimfo bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ aguabɔbea hɔ. 32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu. 33 Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuw sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfo ano. 34 Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 35 Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi hyiadan ne ohoni a efi ɔsoro beduruu no so. 36 Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn hyiadan mu, nkaa asɛmmɔne biara ntia yɛn nyame no. 38 Sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asennii ne mpanyin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto gua. 39 Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia na wɔfa mmara kwan so ka ho asɛm. 40 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.” 41 Ɔkasa wiei no, otuu gua no.

In Other Versions

Acts 19 in the ANGEFD

Acts 19 in the ANTPNG2D

Acts 19 in the AS21

Acts 19 in the BAGH

Acts 19 in the BBPNG

Acts 19 in the BBT1E

Acts 19 in the BDS

Acts 19 in the BEV

Acts 19 in the BHAD

Acts 19 in the BIB

Acts 19 in the BLPT

Acts 19 in the BNT

Acts 19 in the BNTABOOT

Acts 19 in the BNTLV

Acts 19 in the BOATCB

Acts 19 in the BOBCV

Acts 19 in the BOCNT

Acts 19 in the BOECS

Acts 19 in the BOGWICC

Acts 19 in the BOHCB

Acts 19 in the BOHCV

Acts 19 in the BOHLNT

Acts 19 in the BOHNTLTAL

Acts 19 in the BOICB

Acts 19 in the BOILNTAP

Acts 19 in the BOITCV

Acts 19 in the BOKCV

Acts 19 in the BOKCV2

Acts 19 in the BOKHWOG

Acts 19 in the BOKSSV

Acts 19 in the BOLCB

Acts 19 in the BOLCB2

Acts 19 in the BOMCV

Acts 19 in the BONAV

Acts 19 in the BONCB

Acts 19 in the BONLT

Acts 19 in the BONUT2

Acts 19 in the BOPLNT

Acts 19 in the BOSCB

Acts 19 in the BOSNC

Acts 19 in the BOTLNT

Acts 19 in the BOVCB

Acts 19 in the BOYCB

Acts 19 in the BPBB

Acts 19 in the BPH

Acts 19 in the BSB

Acts 19 in the CCB

Acts 19 in the CUV

Acts 19 in the CUVS

Acts 19 in the DBT

Acts 19 in the DGDNT

Acts 19 in the DHNT

Acts 19 in the DNT

Acts 19 in the ELBE

Acts 19 in the EMTV

Acts 19 in the ESV

Acts 19 in the FBV

Acts 19 in the FEB

Acts 19 in the GGMNT

Acts 19 in the GNT

Acts 19 in the HARY

Acts 19 in the HNT

Acts 19 in the IRVA

Acts 19 in the IRVB

Acts 19 in the IRVG

Acts 19 in the IRVH

Acts 19 in the IRVK

Acts 19 in the IRVM

Acts 19 in the IRVM2

Acts 19 in the IRVO

Acts 19 in the IRVP

Acts 19 in the IRVT

Acts 19 in the IRVT2

Acts 19 in the IRVU

Acts 19 in the ISVN

Acts 19 in the JSNT

Acts 19 in the KAPI

Acts 19 in the KBT1ETNIK

Acts 19 in the KBV

Acts 19 in the KJV

Acts 19 in the KNFD

Acts 19 in the LBA

Acts 19 in the LBLA

Acts 19 in the LNT

Acts 19 in the LSV

Acts 19 in the MAAL

Acts 19 in the MBV

Acts 19 in the MBV2

Acts 19 in the MHNT

Acts 19 in the MKNFD

Acts 19 in the MNG

Acts 19 in the MNT

Acts 19 in the MNT2

Acts 19 in the MRS1T

Acts 19 in the NAA

Acts 19 in the NASB

Acts 19 in the NBLA

Acts 19 in the NBS

Acts 19 in the NBVTP

Acts 19 in the NET2

Acts 19 in the NIV11

Acts 19 in the NNT

Acts 19 in the NNT2

Acts 19 in the NNT3

Acts 19 in the PDDPT

Acts 19 in the PFNT

Acts 19 in the RMNT

Acts 19 in the SBIAS

Acts 19 in the SBIBS

Acts 19 in the SBIBS2

Acts 19 in the SBICS

Acts 19 in the SBIDS

Acts 19 in the SBIGS

Acts 19 in the SBIHS

Acts 19 in the SBIIS

Acts 19 in the SBIIS2

Acts 19 in the SBIIS3

Acts 19 in the SBIKS

Acts 19 in the SBIKS2

Acts 19 in the SBIMS

Acts 19 in the SBIOS

Acts 19 in the SBIPS

Acts 19 in the SBISS

Acts 19 in the SBITS

Acts 19 in the SBITS2

Acts 19 in the SBITS3

Acts 19 in the SBITS4

Acts 19 in the SBIUS

Acts 19 in the SBIVS

Acts 19 in the SBT

Acts 19 in the SBT1E

Acts 19 in the SCHL

Acts 19 in the SNT

Acts 19 in the SUSU

Acts 19 in the SUSU2

Acts 19 in the SYNO

Acts 19 in the TBIAOTANT

Acts 19 in the TBT1E

Acts 19 in the TBT1E2

Acts 19 in the TFTIP

Acts 19 in the TFTU

Acts 19 in the TGNTATF3T

Acts 19 in the THAI

Acts 19 in the TNFD

Acts 19 in the TNT

Acts 19 in the TNTIK

Acts 19 in the TNTIL

Acts 19 in the TNTIN

Acts 19 in the TNTIP

Acts 19 in the TNTIZ

Acts 19 in the TOMA

Acts 19 in the TTENT

Acts 19 in the UBG

Acts 19 in the UGV

Acts 19 in the UGV2

Acts 19 in the UGV3

Acts 19 in the VBL

Acts 19 in the VDCC

Acts 19 in the YALU

Acts 19 in the YAPE

Acts 19 in the YBVTP

Acts 19 in the ZBP