Daniel 10 (BOATCB)
1 Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ wɔ anisoadehunu mu. 2 Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa. 3 Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ. 4 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, ɛberɛ a megyina asubɔnten kɛseɛ Tigris konkɔn so no, 5 mepagyaa mʼani na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ amapa abɔsoɔ a ɛfiri Ufas wɔ nʼasene mu. 6 Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ. 7 Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ. 8 Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara. 9 Na metee sɛ ɔrekasa, na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. 10 Nsa bi sɔɔ me mu, pagyaa me a me nsa ne me kotodwe rewoso biribiribiri. 11 Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ. 12 Afei, ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi. 13 Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn. 14 Seesei, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri sɛ saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho.” 15 Ɛberɛ a ɔreka yei akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔree mum. 16 Afei, obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no sɛ, “Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara. 17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa bɛtumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mentumi nhome.” 18 Deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. 19 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro, wo a wɔbu wo bebree. Asomdwoeɛ nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.”Ɔkasa kyerɛɛ me no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.” 20 Enti ɔbisaa sɛ, “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛre, mɛsane akɔ na me ne Persia ɔhene babarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhene babarima bɛba; 21 nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.
In Other Versions
Daniel 10 in the ANGEFD
Daniel 10 in the ANTPNG2D
Daniel 10 in the AS21
Daniel 10 in the BAGH
Daniel 10 in the BBPNG
Daniel 10 in the BBT1E
Daniel 10 in the BDS
Daniel 10 in the BEV
Daniel 10 in the BHAD
Daniel 10 in the BIB
Daniel 10 in the BLPT
Daniel 10 in the BNT
Daniel 10 in the BNTABOOT
Daniel 10 in the BNTLV
Daniel 10 in the BOATCB2
Daniel 10 in the BOBCV
Daniel 10 in the BOCNT
Daniel 10 in the BOECS
Daniel 10 in the BOGWICC
Daniel 10 in the BOHCB
Daniel 10 in the BOHCV
Daniel 10 in the BOHLNT
Daniel 10 in the BOHNTLTAL
Daniel 10 in the BOICB
Daniel 10 in the BOILNTAP
Daniel 10 in the BOITCV
Daniel 10 in the BOKCV
Daniel 10 in the BOKCV2
Daniel 10 in the BOKHWOG
Daniel 10 in the BOKSSV
Daniel 10 in the BOLCB
Daniel 10 in the BOLCB2
Daniel 10 in the BOMCV
Daniel 10 in the BONAV
Daniel 10 in the BONCB
Daniel 10 in the BONLT
Daniel 10 in the BONUT2
Daniel 10 in the BOPLNT
Daniel 10 in the BOSCB
Daniel 10 in the BOSNC
Daniel 10 in the BOTLNT
Daniel 10 in the BOVCB
Daniel 10 in the BOYCB
Daniel 10 in the BPBB
Daniel 10 in the BPH
Daniel 10 in the BSB
Daniel 10 in the CCB
Daniel 10 in the CUV
Daniel 10 in the CUVS
Daniel 10 in the DBT
Daniel 10 in the DGDNT
Daniel 10 in the DHNT
Daniel 10 in the DNT
Daniel 10 in the ELBE
Daniel 10 in the EMTV
Daniel 10 in the ESV
Daniel 10 in the FBV
Daniel 10 in the FEB
Daniel 10 in the GGMNT
Daniel 10 in the GNT
Daniel 10 in the HARY
Daniel 10 in the HNT
Daniel 10 in the IRVA
Daniel 10 in the IRVB
Daniel 10 in the IRVG
Daniel 10 in the IRVH
Daniel 10 in the IRVK
Daniel 10 in the IRVM
Daniel 10 in the IRVM2
Daniel 10 in the IRVO
Daniel 10 in the IRVP
Daniel 10 in the IRVT
Daniel 10 in the IRVT2
Daniel 10 in the IRVU
Daniel 10 in the ISVN
Daniel 10 in the JSNT
Daniel 10 in the KAPI
Daniel 10 in the KBT1ETNIK
Daniel 10 in the KBV
Daniel 10 in the KJV
Daniel 10 in the KNFD
Daniel 10 in the LBA
Daniel 10 in the LBLA
Daniel 10 in the LNT
Daniel 10 in the LSV
Daniel 10 in the MAAL
Daniel 10 in the MBV
Daniel 10 in the MBV2
Daniel 10 in the MHNT
Daniel 10 in the MKNFD
Daniel 10 in the MNG
Daniel 10 in the MNT
Daniel 10 in the MNT2
Daniel 10 in the MRS1T
Daniel 10 in the NAA
Daniel 10 in the NASB
Daniel 10 in the NBLA
Daniel 10 in the NBS
Daniel 10 in the NBVTP
Daniel 10 in the NET2
Daniel 10 in the NIV11
Daniel 10 in the NNT
Daniel 10 in the NNT2
Daniel 10 in the NNT3
Daniel 10 in the PDDPT
Daniel 10 in the PFNT
Daniel 10 in the RMNT
Daniel 10 in the SBIAS
Daniel 10 in the SBIBS
Daniel 10 in the SBIBS2
Daniel 10 in the SBICS
Daniel 10 in the SBIDS
Daniel 10 in the SBIGS
Daniel 10 in the SBIHS
Daniel 10 in the SBIIS
Daniel 10 in the SBIIS2
Daniel 10 in the SBIIS3
Daniel 10 in the SBIKS
Daniel 10 in the SBIKS2
Daniel 10 in the SBIMS
Daniel 10 in the SBIOS
Daniel 10 in the SBIPS
Daniel 10 in the SBISS
Daniel 10 in the SBITS
Daniel 10 in the SBITS2
Daniel 10 in the SBITS3
Daniel 10 in the SBITS4
Daniel 10 in the SBIUS
Daniel 10 in the SBIVS
Daniel 10 in the SBT
Daniel 10 in the SBT1E
Daniel 10 in the SCHL
Daniel 10 in the SNT
Daniel 10 in the SUSU
Daniel 10 in the SUSU2
Daniel 10 in the SYNO
Daniel 10 in the TBIAOTANT
Daniel 10 in the TBT1E
Daniel 10 in the TBT1E2
Daniel 10 in the TFTIP
Daniel 10 in the TFTU
Daniel 10 in the TGNTATF3T
Daniel 10 in the THAI
Daniel 10 in the TNFD
Daniel 10 in the TNT
Daniel 10 in the TNTIK
Daniel 10 in the TNTIL
Daniel 10 in the TNTIN
Daniel 10 in the TNTIP
Daniel 10 in the TNTIZ
Daniel 10 in the TOMA
Daniel 10 in the TTENT
Daniel 10 in the UBG
Daniel 10 in the UGV
Daniel 10 in the UGV2
Daniel 10 in the UGV3
Daniel 10 in the VBL
Daniel 10 in the VDCC
Daniel 10 in the YALU
Daniel 10 in the YAPE
Daniel 10 in the YBVTP
Daniel 10 in the ZBP