Deuteronomy 14 (BOATCB)
1 Moyɛ AWURADE mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ, 2 ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma AWURADE, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na AWURADE ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. 3 Monnni akyiwadeɛ biara. 4 Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie 5 ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ. 6 Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7 Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo. 8 Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa. 9 Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. 10 Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo. 11 Anomaa biara a ne ho te no, monwe. 12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ, 13 ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa, 15 sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa, 16 ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma 17 nantwinoma, opete ne ɛpo so anene, 18 ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan. 19 Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. 20 Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe. 21 Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama AWURADE, mo Onyankopɔn.Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. 22 Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu. 23 Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro AWURADE, mo Onyankopɔn. 24 Sɛ beaeɛ a AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a, 25 motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a AWURADE, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ. 26 Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ AWURADE mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye. 27 Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no. 28 Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu. 29 Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.
In Other Versions
Deuteronomy 14 in the ANGEFD
Deuteronomy 14 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 14 in the AS21
Deuteronomy 14 in the BAGH
Deuteronomy 14 in the BBPNG
Deuteronomy 14 in the BBT1E
Deuteronomy 14 in the BDS
Deuteronomy 14 in the BEV
Deuteronomy 14 in the BHAD
Deuteronomy 14 in the BIB
Deuteronomy 14 in the BLPT
Deuteronomy 14 in the BNT
Deuteronomy 14 in the BNTABOOT
Deuteronomy 14 in the BNTLV
Deuteronomy 14 in the BOATCB2
Deuteronomy 14 in the BOBCV
Deuteronomy 14 in the BOCNT
Deuteronomy 14 in the BOECS
Deuteronomy 14 in the BOGWICC
Deuteronomy 14 in the BOHCB
Deuteronomy 14 in the BOHCV
Deuteronomy 14 in the BOHLNT
Deuteronomy 14 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 14 in the BOICB
Deuteronomy 14 in the BOILNTAP
Deuteronomy 14 in the BOITCV
Deuteronomy 14 in the BOKCV
Deuteronomy 14 in the BOKCV2
Deuteronomy 14 in the BOKHWOG
Deuteronomy 14 in the BOKSSV
Deuteronomy 14 in the BOLCB
Deuteronomy 14 in the BOLCB2
Deuteronomy 14 in the BOMCV
Deuteronomy 14 in the BONAV
Deuteronomy 14 in the BONCB
Deuteronomy 14 in the BONLT
Deuteronomy 14 in the BONUT2
Deuteronomy 14 in the BOPLNT
Deuteronomy 14 in the BOSCB
Deuteronomy 14 in the BOSNC
Deuteronomy 14 in the BOTLNT
Deuteronomy 14 in the BOVCB
Deuteronomy 14 in the BOYCB
Deuteronomy 14 in the BPBB
Deuteronomy 14 in the BPH
Deuteronomy 14 in the BSB
Deuteronomy 14 in the CCB
Deuteronomy 14 in the CUV
Deuteronomy 14 in the CUVS
Deuteronomy 14 in the DBT
Deuteronomy 14 in the DGDNT
Deuteronomy 14 in the DHNT
Deuteronomy 14 in the DNT
Deuteronomy 14 in the ELBE
Deuteronomy 14 in the EMTV
Deuteronomy 14 in the ESV
Deuteronomy 14 in the FBV
Deuteronomy 14 in the FEB
Deuteronomy 14 in the GGMNT
Deuteronomy 14 in the GNT
Deuteronomy 14 in the HARY
Deuteronomy 14 in the HNT
Deuteronomy 14 in the IRVA
Deuteronomy 14 in the IRVB
Deuteronomy 14 in the IRVG
Deuteronomy 14 in the IRVH
Deuteronomy 14 in the IRVK
Deuteronomy 14 in the IRVM
Deuteronomy 14 in the IRVM2
Deuteronomy 14 in the IRVO
Deuteronomy 14 in the IRVP
Deuteronomy 14 in the IRVT
Deuteronomy 14 in the IRVT2
Deuteronomy 14 in the IRVU
Deuteronomy 14 in the ISVN
Deuteronomy 14 in the JSNT
Deuteronomy 14 in the KAPI
Deuteronomy 14 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 14 in the KBV
Deuteronomy 14 in the KJV
Deuteronomy 14 in the KNFD
Deuteronomy 14 in the LBA
Deuteronomy 14 in the LBLA
Deuteronomy 14 in the LNT
Deuteronomy 14 in the LSV
Deuteronomy 14 in the MAAL
Deuteronomy 14 in the MBV
Deuteronomy 14 in the MBV2
Deuteronomy 14 in the MHNT
Deuteronomy 14 in the MKNFD
Deuteronomy 14 in the MNG
Deuteronomy 14 in the MNT
Deuteronomy 14 in the MNT2
Deuteronomy 14 in the MRS1T
Deuteronomy 14 in the NAA
Deuteronomy 14 in the NASB
Deuteronomy 14 in the NBLA
Deuteronomy 14 in the NBS
Deuteronomy 14 in the NBVTP
Deuteronomy 14 in the NET2
Deuteronomy 14 in the NIV11
Deuteronomy 14 in the NNT
Deuteronomy 14 in the NNT2
Deuteronomy 14 in the NNT3
Deuteronomy 14 in the PDDPT
Deuteronomy 14 in the PFNT
Deuteronomy 14 in the RMNT
Deuteronomy 14 in the SBIAS
Deuteronomy 14 in the SBIBS
Deuteronomy 14 in the SBIBS2
Deuteronomy 14 in the SBICS
Deuteronomy 14 in the SBIDS
Deuteronomy 14 in the SBIGS
Deuteronomy 14 in the SBIHS
Deuteronomy 14 in the SBIIS
Deuteronomy 14 in the SBIIS2
Deuteronomy 14 in the SBIIS3
Deuteronomy 14 in the SBIKS
Deuteronomy 14 in the SBIKS2
Deuteronomy 14 in the SBIMS
Deuteronomy 14 in the SBIOS
Deuteronomy 14 in the SBIPS
Deuteronomy 14 in the SBISS
Deuteronomy 14 in the SBITS
Deuteronomy 14 in the SBITS2
Deuteronomy 14 in the SBITS3
Deuteronomy 14 in the SBITS4
Deuteronomy 14 in the SBIUS
Deuteronomy 14 in the SBIVS
Deuteronomy 14 in the SBT
Deuteronomy 14 in the SBT1E
Deuteronomy 14 in the SCHL
Deuteronomy 14 in the SNT
Deuteronomy 14 in the SUSU
Deuteronomy 14 in the SUSU2
Deuteronomy 14 in the SYNO
Deuteronomy 14 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 14 in the TBT1E
Deuteronomy 14 in the TBT1E2
Deuteronomy 14 in the TFTIP
Deuteronomy 14 in the TFTU
Deuteronomy 14 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 14 in the THAI
Deuteronomy 14 in the TNFD
Deuteronomy 14 in the TNT
Deuteronomy 14 in the TNTIK
Deuteronomy 14 in the TNTIL
Deuteronomy 14 in the TNTIN
Deuteronomy 14 in the TNTIP
Deuteronomy 14 in the TNTIZ
Deuteronomy 14 in the TOMA
Deuteronomy 14 in the TTENT
Deuteronomy 14 in the UBG
Deuteronomy 14 in the UGV
Deuteronomy 14 in the UGV2
Deuteronomy 14 in the UGV3
Deuteronomy 14 in the VBL
Deuteronomy 14 in the VDCC
Deuteronomy 14 in the YALU
Deuteronomy 14 in the YAPE
Deuteronomy 14 in the YBVTP
Deuteronomy 14 in the ZBP