Deuteronomy 6 (BOATCB)

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a AWURADE mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro AWURADE mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware. 3 Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ AWURADE, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no. 4 Tie, Ao Israel, AWURADE yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro. 5 Dɔ AWURADE wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 8 Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. 9 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho. 10 Ɛrenkyɛre biara, AWURADE mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma. 11 Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a, 12 monhwɛ yie na mo werɛ amfiri AWURADE a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no. 13 Ɛsɛ sɛ mosuro AWURADE, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. 14 Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea; 15 na AWURADE mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so. 16 Monnsɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no. 17 Ɛsɛ sɛ modi AWURADE mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no. 18 Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ AWURADE ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a AWURADE hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no. 19 Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no. 20 Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a AWURADE, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?” 21 Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso AWURADE nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim. 22 Yɛhunuu AWURADE nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa. 23 Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. 24 Na AWURADE yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 25 Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a AWURADE, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.”

In Other Versions

Deuteronomy 6 in the ANGEFD

Deuteronomy 6 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 6 in the AS21

Deuteronomy 6 in the BAGH

Deuteronomy 6 in the BBPNG

Deuteronomy 6 in the BBT1E

Deuteronomy 6 in the BDS

Deuteronomy 6 in the BEV

Deuteronomy 6 in the BHAD

Deuteronomy 6 in the BIB

Deuteronomy 6 in the BLPT

Deuteronomy 6 in the BNT

Deuteronomy 6 in the BNTABOOT

Deuteronomy 6 in the BNTLV

Deuteronomy 6 in the BOATCB2

Deuteronomy 6 in the BOBCV

Deuteronomy 6 in the BOCNT

Deuteronomy 6 in the BOECS

Deuteronomy 6 in the BOGWICC

Deuteronomy 6 in the BOHCB

Deuteronomy 6 in the BOHCV

Deuteronomy 6 in the BOHLNT

Deuteronomy 6 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 6 in the BOICB

Deuteronomy 6 in the BOILNTAP

Deuteronomy 6 in the BOITCV

Deuteronomy 6 in the BOKCV

Deuteronomy 6 in the BOKCV2

Deuteronomy 6 in the BOKHWOG

Deuteronomy 6 in the BOKSSV

Deuteronomy 6 in the BOLCB

Deuteronomy 6 in the BOLCB2

Deuteronomy 6 in the BOMCV

Deuteronomy 6 in the BONAV

Deuteronomy 6 in the BONCB

Deuteronomy 6 in the BONLT

Deuteronomy 6 in the BONUT2

Deuteronomy 6 in the BOPLNT

Deuteronomy 6 in the BOSCB

Deuteronomy 6 in the BOSNC

Deuteronomy 6 in the BOTLNT

Deuteronomy 6 in the BOVCB

Deuteronomy 6 in the BOYCB

Deuteronomy 6 in the BPBB

Deuteronomy 6 in the BPH

Deuteronomy 6 in the BSB

Deuteronomy 6 in the CCB

Deuteronomy 6 in the CUV

Deuteronomy 6 in the CUVS

Deuteronomy 6 in the DBT

Deuteronomy 6 in the DGDNT

Deuteronomy 6 in the DHNT

Deuteronomy 6 in the DNT

Deuteronomy 6 in the ELBE

Deuteronomy 6 in the EMTV

Deuteronomy 6 in the ESV

Deuteronomy 6 in the FBV

Deuteronomy 6 in the FEB

Deuteronomy 6 in the GGMNT

Deuteronomy 6 in the GNT

Deuteronomy 6 in the HARY

Deuteronomy 6 in the HNT

Deuteronomy 6 in the IRVA

Deuteronomy 6 in the IRVB

Deuteronomy 6 in the IRVG

Deuteronomy 6 in the IRVH

Deuteronomy 6 in the IRVK

Deuteronomy 6 in the IRVM

Deuteronomy 6 in the IRVM2

Deuteronomy 6 in the IRVO

Deuteronomy 6 in the IRVP

Deuteronomy 6 in the IRVT

Deuteronomy 6 in the IRVT2

Deuteronomy 6 in the IRVU

Deuteronomy 6 in the ISVN

Deuteronomy 6 in the JSNT

Deuteronomy 6 in the KAPI

Deuteronomy 6 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 6 in the KBV

Deuteronomy 6 in the KJV

Deuteronomy 6 in the KNFD

Deuteronomy 6 in the LBA

Deuteronomy 6 in the LBLA

Deuteronomy 6 in the LNT

Deuteronomy 6 in the LSV

Deuteronomy 6 in the MAAL

Deuteronomy 6 in the MBV

Deuteronomy 6 in the MBV2

Deuteronomy 6 in the MHNT

Deuteronomy 6 in the MKNFD

Deuteronomy 6 in the MNG

Deuteronomy 6 in the MNT

Deuteronomy 6 in the MNT2

Deuteronomy 6 in the MRS1T

Deuteronomy 6 in the NAA

Deuteronomy 6 in the NASB

Deuteronomy 6 in the NBLA

Deuteronomy 6 in the NBS

Deuteronomy 6 in the NBVTP

Deuteronomy 6 in the NET2

Deuteronomy 6 in the NIV11

Deuteronomy 6 in the NNT

Deuteronomy 6 in the NNT2

Deuteronomy 6 in the NNT3

Deuteronomy 6 in the PDDPT

Deuteronomy 6 in the PFNT

Deuteronomy 6 in the RMNT

Deuteronomy 6 in the SBIAS

Deuteronomy 6 in the SBIBS

Deuteronomy 6 in the SBIBS2

Deuteronomy 6 in the SBICS

Deuteronomy 6 in the SBIDS

Deuteronomy 6 in the SBIGS

Deuteronomy 6 in the SBIHS

Deuteronomy 6 in the SBIIS

Deuteronomy 6 in the SBIIS2

Deuteronomy 6 in the SBIIS3

Deuteronomy 6 in the SBIKS

Deuteronomy 6 in the SBIKS2

Deuteronomy 6 in the SBIMS

Deuteronomy 6 in the SBIOS

Deuteronomy 6 in the SBIPS

Deuteronomy 6 in the SBISS

Deuteronomy 6 in the SBITS

Deuteronomy 6 in the SBITS2

Deuteronomy 6 in the SBITS3

Deuteronomy 6 in the SBITS4

Deuteronomy 6 in the SBIUS

Deuteronomy 6 in the SBIVS

Deuteronomy 6 in the SBT

Deuteronomy 6 in the SBT1E

Deuteronomy 6 in the SCHL

Deuteronomy 6 in the SNT

Deuteronomy 6 in the SUSU

Deuteronomy 6 in the SUSU2

Deuteronomy 6 in the SYNO

Deuteronomy 6 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 6 in the TBT1E

Deuteronomy 6 in the TBT1E2

Deuteronomy 6 in the TFTIP

Deuteronomy 6 in the TFTU

Deuteronomy 6 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 6 in the THAI

Deuteronomy 6 in the TNFD

Deuteronomy 6 in the TNT

Deuteronomy 6 in the TNTIK

Deuteronomy 6 in the TNTIL

Deuteronomy 6 in the TNTIN

Deuteronomy 6 in the TNTIP

Deuteronomy 6 in the TNTIZ

Deuteronomy 6 in the TOMA

Deuteronomy 6 in the TTENT

Deuteronomy 6 in the UBG

Deuteronomy 6 in the UGV

Deuteronomy 6 in the UGV2

Deuteronomy 6 in the UGV3

Deuteronomy 6 in the VBL

Deuteronomy 6 in the VDCC

Deuteronomy 6 in the YALU

Deuteronomy 6 in the YAPE

Deuteronomy 6 in the YBVTP

Deuteronomy 6 in the ZBP