Deuteronomy 9 (BOATCB)
1 Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ. 2 Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?” 3 Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, AWURADE mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ mo bɔ no. 4 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na AWURADE de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na AWURADE reyɛ saa. 5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so. 6 Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na AWURADE, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma. 7 Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ AWURADE, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate AWURADE anim atua. 8 Mohyɛɛ AWURADE abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. 9 Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na AWURADE ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom. 10 AWURADE de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me. 11 Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, AWURADE de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me. 12 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.” 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14 Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.” 15 Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me. 16 Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia AWURADE, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii AWURADE ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so. 17 Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim. 18 Afei, medaa AWURADE anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a AWURADE kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie. 19 Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na AWURADE ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio. 20 AWURADE bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu. 22 Mohyɛɛ AWURADE abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. 23 Kades-Barnea nso, AWURADE somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa AWURADE mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia AWURADE. 25 Ɛno enti na ɛberɛ a AWURADE sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ AWURADE sɛ, “Otumfoɔ AWURADE, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. 27 Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob. 28 Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘AWURADE sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’ 29 Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.”
In Other Versions
Deuteronomy 9 in the ANGEFD
Deuteronomy 9 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 9 in the AS21
Deuteronomy 9 in the BAGH
Deuteronomy 9 in the BBPNG
Deuteronomy 9 in the BBT1E
Deuteronomy 9 in the BDS
Deuteronomy 9 in the BEV
Deuteronomy 9 in the BHAD
Deuteronomy 9 in the BIB
Deuteronomy 9 in the BLPT
Deuteronomy 9 in the BNT
Deuteronomy 9 in the BNTABOOT
Deuteronomy 9 in the BNTLV
Deuteronomy 9 in the BOATCB2
Deuteronomy 9 in the BOBCV
Deuteronomy 9 in the BOCNT
Deuteronomy 9 in the BOECS
Deuteronomy 9 in the BOGWICC
Deuteronomy 9 in the BOHCB
Deuteronomy 9 in the BOHCV
Deuteronomy 9 in the BOHLNT
Deuteronomy 9 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 9 in the BOICB
Deuteronomy 9 in the BOILNTAP
Deuteronomy 9 in the BOITCV
Deuteronomy 9 in the BOKCV
Deuteronomy 9 in the BOKCV2
Deuteronomy 9 in the BOKHWOG
Deuteronomy 9 in the BOKSSV
Deuteronomy 9 in the BOLCB
Deuteronomy 9 in the BOLCB2
Deuteronomy 9 in the BOMCV
Deuteronomy 9 in the BONAV
Deuteronomy 9 in the BONCB
Deuteronomy 9 in the BONLT
Deuteronomy 9 in the BONUT2
Deuteronomy 9 in the BOPLNT
Deuteronomy 9 in the BOSCB
Deuteronomy 9 in the BOSNC
Deuteronomy 9 in the BOTLNT
Deuteronomy 9 in the BOVCB
Deuteronomy 9 in the BOYCB
Deuteronomy 9 in the BPBB
Deuteronomy 9 in the BPH
Deuteronomy 9 in the BSB
Deuteronomy 9 in the CCB
Deuteronomy 9 in the CUV
Deuteronomy 9 in the CUVS
Deuteronomy 9 in the DBT
Deuteronomy 9 in the DGDNT
Deuteronomy 9 in the DHNT
Deuteronomy 9 in the DNT
Deuteronomy 9 in the ELBE
Deuteronomy 9 in the EMTV
Deuteronomy 9 in the ESV
Deuteronomy 9 in the FBV
Deuteronomy 9 in the FEB
Deuteronomy 9 in the GGMNT
Deuteronomy 9 in the GNT
Deuteronomy 9 in the HARY
Deuteronomy 9 in the HNT
Deuteronomy 9 in the IRVA
Deuteronomy 9 in the IRVB
Deuteronomy 9 in the IRVG
Deuteronomy 9 in the IRVH
Deuteronomy 9 in the IRVK
Deuteronomy 9 in the IRVM
Deuteronomy 9 in the IRVM2
Deuteronomy 9 in the IRVO
Deuteronomy 9 in the IRVP
Deuteronomy 9 in the IRVT
Deuteronomy 9 in the IRVT2
Deuteronomy 9 in the IRVU
Deuteronomy 9 in the ISVN
Deuteronomy 9 in the JSNT
Deuteronomy 9 in the KAPI
Deuteronomy 9 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 9 in the KBV
Deuteronomy 9 in the KJV
Deuteronomy 9 in the KNFD
Deuteronomy 9 in the LBA
Deuteronomy 9 in the LBLA
Deuteronomy 9 in the LNT
Deuteronomy 9 in the LSV
Deuteronomy 9 in the MAAL
Deuteronomy 9 in the MBV
Deuteronomy 9 in the MBV2
Deuteronomy 9 in the MHNT
Deuteronomy 9 in the MKNFD
Deuteronomy 9 in the MNG
Deuteronomy 9 in the MNT
Deuteronomy 9 in the MNT2
Deuteronomy 9 in the MRS1T
Deuteronomy 9 in the NAA
Deuteronomy 9 in the NASB
Deuteronomy 9 in the NBLA
Deuteronomy 9 in the NBS
Deuteronomy 9 in the NBVTP
Deuteronomy 9 in the NET2
Deuteronomy 9 in the NIV11
Deuteronomy 9 in the NNT
Deuteronomy 9 in the NNT2
Deuteronomy 9 in the NNT3
Deuteronomy 9 in the PDDPT
Deuteronomy 9 in the PFNT
Deuteronomy 9 in the RMNT
Deuteronomy 9 in the SBIAS
Deuteronomy 9 in the SBIBS
Deuteronomy 9 in the SBIBS2
Deuteronomy 9 in the SBICS
Deuteronomy 9 in the SBIDS
Deuteronomy 9 in the SBIGS
Deuteronomy 9 in the SBIHS
Deuteronomy 9 in the SBIIS
Deuteronomy 9 in the SBIIS2
Deuteronomy 9 in the SBIIS3
Deuteronomy 9 in the SBIKS
Deuteronomy 9 in the SBIKS2
Deuteronomy 9 in the SBIMS
Deuteronomy 9 in the SBIOS
Deuteronomy 9 in the SBIPS
Deuteronomy 9 in the SBISS
Deuteronomy 9 in the SBITS
Deuteronomy 9 in the SBITS2
Deuteronomy 9 in the SBITS3
Deuteronomy 9 in the SBITS4
Deuteronomy 9 in the SBIUS
Deuteronomy 9 in the SBIVS
Deuteronomy 9 in the SBT
Deuteronomy 9 in the SBT1E
Deuteronomy 9 in the SCHL
Deuteronomy 9 in the SNT
Deuteronomy 9 in the SUSU
Deuteronomy 9 in the SUSU2
Deuteronomy 9 in the SYNO
Deuteronomy 9 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 9 in the TBT1E
Deuteronomy 9 in the TBT1E2
Deuteronomy 9 in the TFTIP
Deuteronomy 9 in the TFTU
Deuteronomy 9 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 9 in the THAI
Deuteronomy 9 in the TNFD
Deuteronomy 9 in the TNT
Deuteronomy 9 in the TNTIK
Deuteronomy 9 in the TNTIL
Deuteronomy 9 in the TNTIN
Deuteronomy 9 in the TNTIP
Deuteronomy 9 in the TNTIZ
Deuteronomy 9 in the TOMA
Deuteronomy 9 in the TTENT
Deuteronomy 9 in the UBG
Deuteronomy 9 in the UGV
Deuteronomy 9 in the UGV2
Deuteronomy 9 in the UGV3
Deuteronomy 9 in the VBL
Deuteronomy 9 in the VDCC
Deuteronomy 9 in the YALU
Deuteronomy 9 in the YAPE
Deuteronomy 9 in the YBVTP
Deuteronomy 9 in the ZBP