Deuteronomy 9 (BOATCB2)
1 Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse wɔ mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade. 2 Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?” 3 Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, AWURADE, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea AWURADE hyɛɛ mo bɔ no. 4 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na AWURADE de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na AWURADE redi mo anim apam wɔn. 5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, AWURADE, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma. 6 Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na AWURADE, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma. 7 Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ AWURADE, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew AWURADE anim atua. 8 Mohyɛɛ AWURADE abufuw wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. 9 Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na AWURADE ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom. 10 AWURADE de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me. 11 Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, AWURADE de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me. 12 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.” 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14 Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.” 15 Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no. 16 Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia AWURADE, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi AWURADE kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm. 17 Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim. 18 Afei, medaa AWURADE anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a AWURADE kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye. 19 Misuroo AWURADE abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio. 20 Na AWURADE bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu. 22 Mohyɛɛ AWURADE abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. 23 Kades-Barnea nso, AWURADE somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu AWURADE, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia AWURADE. 25 Ɛno nti na bere a AWURADE sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpae srɛɛ AWURADE se, “Otumfo AWURADE, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. 27 Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob. 28 Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘AWURADE sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’ 29 Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”
In Other Versions
Deuteronomy 9 in the ANGEFD
Deuteronomy 9 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 9 in the AS21
Deuteronomy 9 in the BAGH
Deuteronomy 9 in the BBPNG
Deuteronomy 9 in the BBT1E
Deuteronomy 9 in the BDS
Deuteronomy 9 in the BEV
Deuteronomy 9 in the BHAD
Deuteronomy 9 in the BIB
Deuteronomy 9 in the BLPT
Deuteronomy 9 in the BNT
Deuteronomy 9 in the BNTABOOT
Deuteronomy 9 in the BNTLV
Deuteronomy 9 in the BOATCB
Deuteronomy 9 in the BOBCV
Deuteronomy 9 in the BOCNT
Deuteronomy 9 in the BOECS
Deuteronomy 9 in the BOGWICC
Deuteronomy 9 in the BOHCB
Deuteronomy 9 in the BOHCV
Deuteronomy 9 in the BOHLNT
Deuteronomy 9 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 9 in the BOICB
Deuteronomy 9 in the BOILNTAP
Deuteronomy 9 in the BOITCV
Deuteronomy 9 in the BOKCV
Deuteronomy 9 in the BOKCV2
Deuteronomy 9 in the BOKHWOG
Deuteronomy 9 in the BOKSSV
Deuteronomy 9 in the BOLCB
Deuteronomy 9 in the BOLCB2
Deuteronomy 9 in the BOMCV
Deuteronomy 9 in the BONAV
Deuteronomy 9 in the BONCB
Deuteronomy 9 in the BONLT
Deuteronomy 9 in the BONUT2
Deuteronomy 9 in the BOPLNT
Deuteronomy 9 in the BOSCB
Deuteronomy 9 in the BOSNC
Deuteronomy 9 in the BOTLNT
Deuteronomy 9 in the BOVCB
Deuteronomy 9 in the BOYCB
Deuteronomy 9 in the BPBB
Deuteronomy 9 in the BPH
Deuteronomy 9 in the BSB
Deuteronomy 9 in the CCB
Deuteronomy 9 in the CUV
Deuteronomy 9 in the CUVS
Deuteronomy 9 in the DBT
Deuteronomy 9 in the DGDNT
Deuteronomy 9 in the DHNT
Deuteronomy 9 in the DNT
Deuteronomy 9 in the ELBE
Deuteronomy 9 in the EMTV
Deuteronomy 9 in the ESV
Deuteronomy 9 in the FBV
Deuteronomy 9 in the FEB
Deuteronomy 9 in the GGMNT
Deuteronomy 9 in the GNT
Deuteronomy 9 in the HARY
Deuteronomy 9 in the HNT
Deuteronomy 9 in the IRVA
Deuteronomy 9 in the IRVB
Deuteronomy 9 in the IRVG
Deuteronomy 9 in the IRVH
Deuteronomy 9 in the IRVK
Deuteronomy 9 in the IRVM
Deuteronomy 9 in the IRVM2
Deuteronomy 9 in the IRVO
Deuteronomy 9 in the IRVP
Deuteronomy 9 in the IRVT
Deuteronomy 9 in the IRVT2
Deuteronomy 9 in the IRVU
Deuteronomy 9 in the ISVN
Deuteronomy 9 in the JSNT
Deuteronomy 9 in the KAPI
Deuteronomy 9 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 9 in the KBV
Deuteronomy 9 in the KJV
Deuteronomy 9 in the KNFD
Deuteronomy 9 in the LBA
Deuteronomy 9 in the LBLA
Deuteronomy 9 in the LNT
Deuteronomy 9 in the LSV
Deuteronomy 9 in the MAAL
Deuteronomy 9 in the MBV
Deuteronomy 9 in the MBV2
Deuteronomy 9 in the MHNT
Deuteronomy 9 in the MKNFD
Deuteronomy 9 in the MNG
Deuteronomy 9 in the MNT
Deuteronomy 9 in the MNT2
Deuteronomy 9 in the MRS1T
Deuteronomy 9 in the NAA
Deuteronomy 9 in the NASB
Deuteronomy 9 in the NBLA
Deuteronomy 9 in the NBS
Deuteronomy 9 in the NBVTP
Deuteronomy 9 in the NET2
Deuteronomy 9 in the NIV11
Deuteronomy 9 in the NNT
Deuteronomy 9 in the NNT2
Deuteronomy 9 in the NNT3
Deuteronomy 9 in the PDDPT
Deuteronomy 9 in the PFNT
Deuteronomy 9 in the RMNT
Deuteronomy 9 in the SBIAS
Deuteronomy 9 in the SBIBS
Deuteronomy 9 in the SBIBS2
Deuteronomy 9 in the SBICS
Deuteronomy 9 in the SBIDS
Deuteronomy 9 in the SBIGS
Deuteronomy 9 in the SBIHS
Deuteronomy 9 in the SBIIS
Deuteronomy 9 in the SBIIS2
Deuteronomy 9 in the SBIIS3
Deuteronomy 9 in the SBIKS
Deuteronomy 9 in the SBIKS2
Deuteronomy 9 in the SBIMS
Deuteronomy 9 in the SBIOS
Deuteronomy 9 in the SBIPS
Deuteronomy 9 in the SBISS
Deuteronomy 9 in the SBITS
Deuteronomy 9 in the SBITS2
Deuteronomy 9 in the SBITS3
Deuteronomy 9 in the SBITS4
Deuteronomy 9 in the SBIUS
Deuteronomy 9 in the SBIVS
Deuteronomy 9 in the SBT
Deuteronomy 9 in the SBT1E
Deuteronomy 9 in the SCHL
Deuteronomy 9 in the SNT
Deuteronomy 9 in the SUSU
Deuteronomy 9 in the SUSU2
Deuteronomy 9 in the SYNO
Deuteronomy 9 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 9 in the TBT1E
Deuteronomy 9 in the TBT1E2
Deuteronomy 9 in the TFTIP
Deuteronomy 9 in the TFTU
Deuteronomy 9 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 9 in the THAI
Deuteronomy 9 in the TNFD
Deuteronomy 9 in the TNT
Deuteronomy 9 in the TNTIK
Deuteronomy 9 in the TNTIL
Deuteronomy 9 in the TNTIN
Deuteronomy 9 in the TNTIP
Deuteronomy 9 in the TNTIZ
Deuteronomy 9 in the TOMA
Deuteronomy 9 in the TTENT
Deuteronomy 9 in the UBG
Deuteronomy 9 in the UGV
Deuteronomy 9 in the UGV2
Deuteronomy 9 in the UGV3
Deuteronomy 9 in the VBL
Deuteronomy 9 in the VDCC
Deuteronomy 9 in the YALU
Deuteronomy 9 in the YAPE
Deuteronomy 9 in the YBVTP
Deuteronomy 9 in the ZBP