Exodus 18 (BOATCB)

1 Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ AWURADE ayi wɔn afiri Misraim asase so no. 2 Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no 3 a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.” 4 Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.” 5 Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho. 6 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.” 7 Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so. 8 Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ AWURADE ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no. 9 Yetro tee deɛ AWURADE ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie. 10 Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka AWURADE sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. 11 Afei, mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.” 12 Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ AWURADE anim. 13 Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu. 14 Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?” 15 Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ. 16 Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.” 17 Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ. 18 Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. 19 Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. 20 Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. 21 Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo. 22 Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. 23 Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.” 24 Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ. 25 Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu. 26 Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no. 27 Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

In Other Versions

Exodus 18 in the ANGEFD

Exodus 18 in the ANTPNG2D

Exodus 18 in the AS21

Exodus 18 in the BAGH

Exodus 18 in the BBPNG

Exodus 18 in the BBT1E

Exodus 18 in the BDS

Exodus 18 in the BEV

Exodus 18 in the BHAD

Exodus 18 in the BIB

Exodus 18 in the BLPT

Exodus 18 in the BNT

Exodus 18 in the BNTABOOT

Exodus 18 in the BNTLV

Exodus 18 in the BOATCB2

Exodus 18 in the BOBCV

Exodus 18 in the BOCNT

Exodus 18 in the BOECS

Exodus 18 in the BOGWICC

Exodus 18 in the BOHCB

Exodus 18 in the BOHCV

Exodus 18 in the BOHLNT

Exodus 18 in the BOHNTLTAL

Exodus 18 in the BOICB

Exodus 18 in the BOILNTAP

Exodus 18 in the BOITCV

Exodus 18 in the BOKCV

Exodus 18 in the BOKCV2

Exodus 18 in the BOKHWOG

Exodus 18 in the BOKSSV

Exodus 18 in the BOLCB

Exodus 18 in the BOLCB2

Exodus 18 in the BOMCV

Exodus 18 in the BONAV

Exodus 18 in the BONCB

Exodus 18 in the BONLT

Exodus 18 in the BONUT2

Exodus 18 in the BOPLNT

Exodus 18 in the BOSCB

Exodus 18 in the BOSNC

Exodus 18 in the BOTLNT

Exodus 18 in the BOVCB

Exodus 18 in the BOYCB

Exodus 18 in the BPBB

Exodus 18 in the BPH

Exodus 18 in the BSB

Exodus 18 in the CCB

Exodus 18 in the CUV

Exodus 18 in the CUVS

Exodus 18 in the DBT

Exodus 18 in the DGDNT

Exodus 18 in the DHNT

Exodus 18 in the DNT

Exodus 18 in the ELBE

Exodus 18 in the EMTV

Exodus 18 in the ESV

Exodus 18 in the FBV

Exodus 18 in the FEB

Exodus 18 in the GGMNT

Exodus 18 in the GNT

Exodus 18 in the HARY

Exodus 18 in the HNT

Exodus 18 in the IRVA

Exodus 18 in the IRVB

Exodus 18 in the IRVG

Exodus 18 in the IRVH

Exodus 18 in the IRVK

Exodus 18 in the IRVM

Exodus 18 in the IRVM2

Exodus 18 in the IRVO

Exodus 18 in the IRVP

Exodus 18 in the IRVT

Exodus 18 in the IRVT2

Exodus 18 in the IRVU

Exodus 18 in the ISVN

Exodus 18 in the JSNT

Exodus 18 in the KAPI

Exodus 18 in the KBT1ETNIK

Exodus 18 in the KBV

Exodus 18 in the KJV

Exodus 18 in the KNFD

Exodus 18 in the LBA

Exodus 18 in the LBLA

Exodus 18 in the LNT

Exodus 18 in the LSV

Exodus 18 in the MAAL

Exodus 18 in the MBV

Exodus 18 in the MBV2

Exodus 18 in the MHNT

Exodus 18 in the MKNFD

Exodus 18 in the MNG

Exodus 18 in the MNT

Exodus 18 in the MNT2

Exodus 18 in the MRS1T

Exodus 18 in the NAA

Exodus 18 in the NASB

Exodus 18 in the NBLA

Exodus 18 in the NBS

Exodus 18 in the NBVTP

Exodus 18 in the NET2

Exodus 18 in the NIV11

Exodus 18 in the NNT

Exodus 18 in the NNT2

Exodus 18 in the NNT3

Exodus 18 in the PDDPT

Exodus 18 in the PFNT

Exodus 18 in the RMNT

Exodus 18 in the SBIAS

Exodus 18 in the SBIBS

Exodus 18 in the SBIBS2

Exodus 18 in the SBICS

Exodus 18 in the SBIDS

Exodus 18 in the SBIGS

Exodus 18 in the SBIHS

Exodus 18 in the SBIIS

Exodus 18 in the SBIIS2

Exodus 18 in the SBIIS3

Exodus 18 in the SBIKS

Exodus 18 in the SBIKS2

Exodus 18 in the SBIMS

Exodus 18 in the SBIOS

Exodus 18 in the SBIPS

Exodus 18 in the SBISS

Exodus 18 in the SBITS

Exodus 18 in the SBITS2

Exodus 18 in the SBITS3

Exodus 18 in the SBITS4

Exodus 18 in the SBIUS

Exodus 18 in the SBIVS

Exodus 18 in the SBT

Exodus 18 in the SBT1E

Exodus 18 in the SCHL

Exodus 18 in the SNT

Exodus 18 in the SUSU

Exodus 18 in the SUSU2

Exodus 18 in the SYNO

Exodus 18 in the TBIAOTANT

Exodus 18 in the TBT1E

Exodus 18 in the TBT1E2

Exodus 18 in the TFTIP

Exodus 18 in the TFTU

Exodus 18 in the TGNTATF3T

Exodus 18 in the THAI

Exodus 18 in the TNFD

Exodus 18 in the TNT

Exodus 18 in the TNTIK

Exodus 18 in the TNTIL

Exodus 18 in the TNTIN

Exodus 18 in the TNTIP

Exodus 18 in the TNTIZ

Exodus 18 in the TOMA

Exodus 18 in the TTENT

Exodus 18 in the UBG

Exodus 18 in the UGV

Exodus 18 in the UGV2

Exodus 18 in the UGV3

Exodus 18 in the VBL

Exodus 18 in the VDCC

Exodus 18 in the YALU

Exodus 18 in the YAPE

Exodus 18 in the YBVTP

Exodus 18 in the ZBP