Exodus 19 (BOATCB)

1 Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so. 2 Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn. 3 Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ bepɔ no so na AWURADE frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman sɛ, 4 ‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no. 5 Sɛ mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, ɛfiri sɛ, asase nyinaa yɛ me dea. 6 Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.” 7 Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. 8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a AWURADE aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ AWURADE. 9 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa. 10 “Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa. 11 Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan. 12 Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. 13 Sɛ ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi sɛ totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; sɛ ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!” 14 Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho.” 16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ. 17 Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase. 18 Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, AWURADE siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden. 19 Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ. 20 Enti, AWURADE baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn. 21 Nanso, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ AWURADE. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu. 22 Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, AWURADE bɛsɛe wɔn.” 23 Mose nso buaa AWURADE sɛ, “Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri sɛ, woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me sɛ mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no sɛ, obiara nnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ɛhɔ yɛ Onyankopɔn dea.” 24 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Siane kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.” 25 Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn.

In Other Versions

Exodus 19 in the ANGEFD

Exodus 19 in the ANTPNG2D

Exodus 19 in the AS21

Exodus 19 in the BAGH

Exodus 19 in the BBPNG

Exodus 19 in the BBT1E

Exodus 19 in the BDS

Exodus 19 in the BEV

Exodus 19 in the BHAD

Exodus 19 in the BIB

Exodus 19 in the BLPT

Exodus 19 in the BNT

Exodus 19 in the BNTABOOT

Exodus 19 in the BNTLV

Exodus 19 in the BOATCB2

Exodus 19 in the BOBCV

Exodus 19 in the BOCNT

Exodus 19 in the BOECS

Exodus 19 in the BOGWICC

Exodus 19 in the BOHCB

Exodus 19 in the BOHCV

Exodus 19 in the BOHLNT

Exodus 19 in the BOHNTLTAL

Exodus 19 in the BOICB

Exodus 19 in the BOILNTAP

Exodus 19 in the BOITCV

Exodus 19 in the BOKCV

Exodus 19 in the BOKCV2

Exodus 19 in the BOKHWOG

Exodus 19 in the BOKSSV

Exodus 19 in the BOLCB

Exodus 19 in the BOLCB2

Exodus 19 in the BOMCV

Exodus 19 in the BONAV

Exodus 19 in the BONCB

Exodus 19 in the BONLT

Exodus 19 in the BONUT2

Exodus 19 in the BOPLNT

Exodus 19 in the BOSCB

Exodus 19 in the BOSNC

Exodus 19 in the BOTLNT

Exodus 19 in the BOVCB

Exodus 19 in the BOYCB

Exodus 19 in the BPBB

Exodus 19 in the BPH

Exodus 19 in the BSB

Exodus 19 in the CCB

Exodus 19 in the CUV

Exodus 19 in the CUVS

Exodus 19 in the DBT

Exodus 19 in the DGDNT

Exodus 19 in the DHNT

Exodus 19 in the DNT

Exodus 19 in the ELBE

Exodus 19 in the EMTV

Exodus 19 in the ESV

Exodus 19 in the FBV

Exodus 19 in the FEB

Exodus 19 in the GGMNT

Exodus 19 in the GNT

Exodus 19 in the HARY

Exodus 19 in the HNT

Exodus 19 in the IRVA

Exodus 19 in the IRVB

Exodus 19 in the IRVG

Exodus 19 in the IRVH

Exodus 19 in the IRVK

Exodus 19 in the IRVM

Exodus 19 in the IRVM2

Exodus 19 in the IRVO

Exodus 19 in the IRVP

Exodus 19 in the IRVT

Exodus 19 in the IRVT2

Exodus 19 in the IRVU

Exodus 19 in the ISVN

Exodus 19 in the JSNT

Exodus 19 in the KAPI

Exodus 19 in the KBT1ETNIK

Exodus 19 in the KBV

Exodus 19 in the KJV

Exodus 19 in the KNFD

Exodus 19 in the LBA

Exodus 19 in the LBLA

Exodus 19 in the LNT

Exodus 19 in the LSV

Exodus 19 in the MAAL

Exodus 19 in the MBV

Exodus 19 in the MBV2

Exodus 19 in the MHNT

Exodus 19 in the MKNFD

Exodus 19 in the MNG

Exodus 19 in the MNT

Exodus 19 in the MNT2

Exodus 19 in the MRS1T

Exodus 19 in the NAA

Exodus 19 in the NASB

Exodus 19 in the NBLA

Exodus 19 in the NBS

Exodus 19 in the NBVTP

Exodus 19 in the NET2

Exodus 19 in the NIV11

Exodus 19 in the NNT

Exodus 19 in the NNT2

Exodus 19 in the NNT3

Exodus 19 in the PDDPT

Exodus 19 in the PFNT

Exodus 19 in the RMNT

Exodus 19 in the SBIAS

Exodus 19 in the SBIBS

Exodus 19 in the SBIBS2

Exodus 19 in the SBICS

Exodus 19 in the SBIDS

Exodus 19 in the SBIGS

Exodus 19 in the SBIHS

Exodus 19 in the SBIIS

Exodus 19 in the SBIIS2

Exodus 19 in the SBIIS3

Exodus 19 in the SBIKS

Exodus 19 in the SBIKS2

Exodus 19 in the SBIMS

Exodus 19 in the SBIOS

Exodus 19 in the SBIPS

Exodus 19 in the SBISS

Exodus 19 in the SBITS

Exodus 19 in the SBITS2

Exodus 19 in the SBITS3

Exodus 19 in the SBITS4

Exodus 19 in the SBIUS

Exodus 19 in the SBIVS

Exodus 19 in the SBT

Exodus 19 in the SBT1E

Exodus 19 in the SCHL

Exodus 19 in the SNT

Exodus 19 in the SUSU

Exodus 19 in the SUSU2

Exodus 19 in the SYNO

Exodus 19 in the TBIAOTANT

Exodus 19 in the TBT1E

Exodus 19 in the TBT1E2

Exodus 19 in the TFTIP

Exodus 19 in the TFTU

Exodus 19 in the TGNTATF3T

Exodus 19 in the THAI

Exodus 19 in the TNFD

Exodus 19 in the TNT

Exodus 19 in the TNTIK

Exodus 19 in the TNTIL

Exodus 19 in the TNTIN

Exodus 19 in the TNTIP

Exodus 19 in the TNTIZ

Exodus 19 in the TOMA

Exodus 19 in the TTENT

Exodus 19 in the UBG

Exodus 19 in the UGV

Exodus 19 in the UGV2

Exodus 19 in the UGV3

Exodus 19 in the VBL

Exodus 19 in the VDCC

Exodus 19 in the YALU

Exodus 19 in the YAPE

Exodus 19 in the YBVTP

Exodus 19 in the ZBP