Exodus 19 (BOATCB2)

1 Anadwo a Israelfo no tu fii Misraim no, nʼasram abiɛsa so na wɔde koduu Sinai sare so. 2 Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase. 3 Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na AWURADE frɛɛ no fii bepɔw no so kae se, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefo Israelman se, 4 ‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no. 5 Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. 6 Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.” 7 Mose sian fii bepɔw no so bae no, ɔfrɛɛ mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a AWURADE ahyɛ no sɛ ɔnka no kyerɛɛ wɔn. 8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a AWURADE aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ AWURADE. 9 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛnea ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.” 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, 11 na siesie wo ho ma ɔkyena akyi efisɛ saa da no mesian aba Sinai Bepɔw no so a ɔmanfo nyinaa ani tua me. 12 Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. 13 Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.” 14 Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtew wɔn ho ma wɔhoroo wɔn nneɛma nyinaa. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbea ho.” 16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe. 17 Mose dii nnipa no anim fi wɔn atenae hɔ sɛ wɔrekohyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no ase. 18 Wusiw kumɔnn kataa Sinai Bepɔw no so, efisɛ AWURADE sian baa so sɛ ogya. Wusiw buaa wim nyinaa te sɛ nea efi fononoo mu, na asasewosow wosoo bepɔw no denneennen. 19 Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae. 20 Enti AWURADE baa Sinai Bepɔw no atifi, na ɔfrɛɛ Mose ma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn 21 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ AWURADE. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu. 22 Asɔfo a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, AWURADE bɛsɛe wɔn.” 23 Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’ ” 24 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfo no ne nnipa no ntra ahye no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.” 25 Enti Mose sian kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn.

In Other Versions

Exodus 19 in the ANGEFD

Exodus 19 in the ANTPNG2D

Exodus 19 in the AS21

Exodus 19 in the BAGH

Exodus 19 in the BBPNG

Exodus 19 in the BBT1E

Exodus 19 in the BDS

Exodus 19 in the BEV

Exodus 19 in the BHAD

Exodus 19 in the BIB

Exodus 19 in the BLPT

Exodus 19 in the BNT

Exodus 19 in the BNTABOOT

Exodus 19 in the BNTLV

Exodus 19 in the BOATCB

Exodus 19 in the BOBCV

Exodus 19 in the BOCNT

Exodus 19 in the BOECS

Exodus 19 in the BOGWICC

Exodus 19 in the BOHCB

Exodus 19 in the BOHCV

Exodus 19 in the BOHLNT

Exodus 19 in the BOHNTLTAL

Exodus 19 in the BOICB

Exodus 19 in the BOILNTAP

Exodus 19 in the BOITCV

Exodus 19 in the BOKCV

Exodus 19 in the BOKCV2

Exodus 19 in the BOKHWOG

Exodus 19 in the BOKSSV

Exodus 19 in the BOLCB

Exodus 19 in the BOLCB2

Exodus 19 in the BOMCV

Exodus 19 in the BONAV

Exodus 19 in the BONCB

Exodus 19 in the BONLT

Exodus 19 in the BONUT2

Exodus 19 in the BOPLNT

Exodus 19 in the BOSCB

Exodus 19 in the BOSNC

Exodus 19 in the BOTLNT

Exodus 19 in the BOVCB

Exodus 19 in the BOYCB

Exodus 19 in the BPBB

Exodus 19 in the BPH

Exodus 19 in the BSB

Exodus 19 in the CCB

Exodus 19 in the CUV

Exodus 19 in the CUVS

Exodus 19 in the DBT

Exodus 19 in the DGDNT

Exodus 19 in the DHNT

Exodus 19 in the DNT

Exodus 19 in the ELBE

Exodus 19 in the EMTV

Exodus 19 in the ESV

Exodus 19 in the FBV

Exodus 19 in the FEB

Exodus 19 in the GGMNT

Exodus 19 in the GNT

Exodus 19 in the HARY

Exodus 19 in the HNT

Exodus 19 in the IRVA

Exodus 19 in the IRVB

Exodus 19 in the IRVG

Exodus 19 in the IRVH

Exodus 19 in the IRVK

Exodus 19 in the IRVM

Exodus 19 in the IRVM2

Exodus 19 in the IRVO

Exodus 19 in the IRVP

Exodus 19 in the IRVT

Exodus 19 in the IRVT2

Exodus 19 in the IRVU

Exodus 19 in the ISVN

Exodus 19 in the JSNT

Exodus 19 in the KAPI

Exodus 19 in the KBT1ETNIK

Exodus 19 in the KBV

Exodus 19 in the KJV

Exodus 19 in the KNFD

Exodus 19 in the LBA

Exodus 19 in the LBLA

Exodus 19 in the LNT

Exodus 19 in the LSV

Exodus 19 in the MAAL

Exodus 19 in the MBV

Exodus 19 in the MBV2

Exodus 19 in the MHNT

Exodus 19 in the MKNFD

Exodus 19 in the MNG

Exodus 19 in the MNT

Exodus 19 in the MNT2

Exodus 19 in the MRS1T

Exodus 19 in the NAA

Exodus 19 in the NASB

Exodus 19 in the NBLA

Exodus 19 in the NBS

Exodus 19 in the NBVTP

Exodus 19 in the NET2

Exodus 19 in the NIV11

Exodus 19 in the NNT

Exodus 19 in the NNT2

Exodus 19 in the NNT3

Exodus 19 in the PDDPT

Exodus 19 in the PFNT

Exodus 19 in the RMNT

Exodus 19 in the SBIAS

Exodus 19 in the SBIBS

Exodus 19 in the SBIBS2

Exodus 19 in the SBICS

Exodus 19 in the SBIDS

Exodus 19 in the SBIGS

Exodus 19 in the SBIHS

Exodus 19 in the SBIIS

Exodus 19 in the SBIIS2

Exodus 19 in the SBIIS3

Exodus 19 in the SBIKS

Exodus 19 in the SBIKS2

Exodus 19 in the SBIMS

Exodus 19 in the SBIOS

Exodus 19 in the SBIPS

Exodus 19 in the SBISS

Exodus 19 in the SBITS

Exodus 19 in the SBITS2

Exodus 19 in the SBITS3

Exodus 19 in the SBITS4

Exodus 19 in the SBIUS

Exodus 19 in the SBIVS

Exodus 19 in the SBT

Exodus 19 in the SBT1E

Exodus 19 in the SCHL

Exodus 19 in the SNT

Exodus 19 in the SUSU

Exodus 19 in the SUSU2

Exodus 19 in the SYNO

Exodus 19 in the TBIAOTANT

Exodus 19 in the TBT1E

Exodus 19 in the TBT1E2

Exodus 19 in the TFTIP

Exodus 19 in the TFTU

Exodus 19 in the TGNTATF3T

Exodus 19 in the THAI

Exodus 19 in the TNFD

Exodus 19 in the TNT

Exodus 19 in the TNTIK

Exodus 19 in the TNTIL

Exodus 19 in the TNTIN

Exodus 19 in the TNTIP

Exodus 19 in the TNTIZ

Exodus 19 in the TOMA

Exodus 19 in the TTENT

Exodus 19 in the UBG

Exodus 19 in the UGV

Exodus 19 in the UGV2

Exodus 19 in the UGV3

Exodus 19 in the VBL

Exodus 19 in the VDCC

Exodus 19 in the YALU

Exodus 19 in the YAPE

Exodus 19 in the YBVTP

Exodus 19 in the ZBP