Exodus 2 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu. 2 Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa. 3 Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. 4 Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no. 5 Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. 6 Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.” 7 Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?” 8 Ɔhene babaa no buaa sɛ, “Aane.” Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ. 9 Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abɔfra no kɔ efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka.” Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no. 10 Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa sɛ, “Mɛto ne edin Mose ɛfiri sɛ meyii no firii nsuo mu.” 11 Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. 12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ hɔ. 13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no hɔ nsrahwɛ. Ɔduruu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ dɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?” 14 Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ. 15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, 16 Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan. 17 Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ. 18 Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?” 19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.” 20 Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.” 21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ. 22 Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri sɛ, Mose kyerɛ aseɛ sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.” 23 Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. 24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no. 25 Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn.

In Other Versions

Exodus 2 in the ANGEFD

Exodus 2 in the ANTPNG2D

Exodus 2 in the AS21

Exodus 2 in the BAGH

Exodus 2 in the BBPNG

Exodus 2 in the BBT1E

Exodus 2 in the BDS

Exodus 2 in the BEV

Exodus 2 in the BHAD

Exodus 2 in the BIB

Exodus 2 in the BLPT

Exodus 2 in the BNT

Exodus 2 in the BNTABOOT

Exodus 2 in the BNTLV

Exodus 2 in the BOATCB2

Exodus 2 in the BOBCV

Exodus 2 in the BOCNT

Exodus 2 in the BOECS

Exodus 2 in the BOGWICC

Exodus 2 in the BOHCB

Exodus 2 in the BOHCV

Exodus 2 in the BOHLNT

Exodus 2 in the BOHNTLTAL

Exodus 2 in the BOICB

Exodus 2 in the BOILNTAP

Exodus 2 in the BOITCV

Exodus 2 in the BOKCV

Exodus 2 in the BOKCV2

Exodus 2 in the BOKHWOG

Exodus 2 in the BOKSSV

Exodus 2 in the BOLCB

Exodus 2 in the BOLCB2

Exodus 2 in the BOMCV

Exodus 2 in the BONAV

Exodus 2 in the BONCB

Exodus 2 in the BONLT

Exodus 2 in the BONUT2

Exodus 2 in the BOPLNT

Exodus 2 in the BOSCB

Exodus 2 in the BOSNC

Exodus 2 in the BOTLNT

Exodus 2 in the BOVCB

Exodus 2 in the BOYCB

Exodus 2 in the BPBB

Exodus 2 in the BPH

Exodus 2 in the BSB

Exodus 2 in the CCB

Exodus 2 in the CUV

Exodus 2 in the CUVS

Exodus 2 in the DBT

Exodus 2 in the DGDNT

Exodus 2 in the DHNT

Exodus 2 in the DNT

Exodus 2 in the ELBE

Exodus 2 in the EMTV

Exodus 2 in the ESV

Exodus 2 in the FBV

Exodus 2 in the FEB

Exodus 2 in the GGMNT

Exodus 2 in the GNT

Exodus 2 in the HARY

Exodus 2 in the HNT

Exodus 2 in the IRVA

Exodus 2 in the IRVB

Exodus 2 in the IRVG

Exodus 2 in the IRVH

Exodus 2 in the IRVK

Exodus 2 in the IRVM

Exodus 2 in the IRVM2

Exodus 2 in the IRVO

Exodus 2 in the IRVP

Exodus 2 in the IRVT

Exodus 2 in the IRVT2

Exodus 2 in the IRVU

Exodus 2 in the ISVN

Exodus 2 in the JSNT

Exodus 2 in the KAPI

Exodus 2 in the KBT1ETNIK

Exodus 2 in the KBV

Exodus 2 in the KJV

Exodus 2 in the KNFD

Exodus 2 in the LBA

Exodus 2 in the LBLA

Exodus 2 in the LNT

Exodus 2 in the LSV

Exodus 2 in the MAAL

Exodus 2 in the MBV

Exodus 2 in the MBV2

Exodus 2 in the MHNT

Exodus 2 in the MKNFD

Exodus 2 in the MNG

Exodus 2 in the MNT

Exodus 2 in the MNT2

Exodus 2 in the MRS1T

Exodus 2 in the NAA

Exodus 2 in the NASB

Exodus 2 in the NBLA

Exodus 2 in the NBS

Exodus 2 in the NBVTP

Exodus 2 in the NET2

Exodus 2 in the NIV11

Exodus 2 in the NNT

Exodus 2 in the NNT2

Exodus 2 in the NNT3

Exodus 2 in the PDDPT

Exodus 2 in the PFNT

Exodus 2 in the RMNT

Exodus 2 in the SBIAS

Exodus 2 in the SBIBS

Exodus 2 in the SBIBS2

Exodus 2 in the SBICS

Exodus 2 in the SBIDS

Exodus 2 in the SBIGS

Exodus 2 in the SBIHS

Exodus 2 in the SBIIS

Exodus 2 in the SBIIS2

Exodus 2 in the SBIIS3

Exodus 2 in the SBIKS

Exodus 2 in the SBIKS2

Exodus 2 in the SBIMS

Exodus 2 in the SBIOS

Exodus 2 in the SBIPS

Exodus 2 in the SBISS

Exodus 2 in the SBITS

Exodus 2 in the SBITS2

Exodus 2 in the SBITS3

Exodus 2 in the SBITS4

Exodus 2 in the SBIUS

Exodus 2 in the SBIVS

Exodus 2 in the SBT

Exodus 2 in the SBT1E

Exodus 2 in the SCHL

Exodus 2 in the SNT

Exodus 2 in the SUSU

Exodus 2 in the SUSU2

Exodus 2 in the SYNO

Exodus 2 in the TBIAOTANT

Exodus 2 in the TBT1E

Exodus 2 in the TBT1E2

Exodus 2 in the TFTIP

Exodus 2 in the TFTU

Exodus 2 in the TGNTATF3T

Exodus 2 in the THAI

Exodus 2 in the TNFD

Exodus 2 in the TNT

Exodus 2 in the TNTIK

Exodus 2 in the TNTIL

Exodus 2 in the TNTIN

Exodus 2 in the TNTIP

Exodus 2 in the TNTIZ

Exodus 2 in the TOMA

Exodus 2 in the TTENT

Exodus 2 in the UBG

Exodus 2 in the UGV

Exodus 2 in the UGV2

Exodus 2 in the UGV3

Exodus 2 in the VBL

Exodus 2 in the VDCC

Exodus 2 in the YALU

Exodus 2 in the YAPE

Exodus 2 in the YBVTP

Exodus 2 in the ZBP