Exodus 37 (BOATCB)
1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. 2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ. 3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako. 4 Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. 5 Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa. 6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. 7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire. 8 Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua. 9 Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so. 10 Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. 11 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia. 12 Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho. 13 Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase. 14 Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa. 15 Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 16 Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma. 17 Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom yɛ adeɛ fua. 18 Kaneadua no wɔ nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. 19 Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho. 20 Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwini de asiesie no. 21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa yɛ nsia. 22 Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. 23 Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. 24 Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ. 25 Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua. 26 Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. 27 Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu wɔ aseɛ hɔ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu. 28 Nnua a na wɔde soa no yɛ okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. 29 Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso.
In Other Versions
Exodus 37 in the ANGEFD
Exodus 37 in the ANTPNG2D
Exodus 37 in the AS21
Exodus 37 in the BAGH
Exodus 37 in the BBPNG
Exodus 37 in the BBT1E
Exodus 37 in the BDS
Exodus 37 in the BEV
Exodus 37 in the BHAD
Exodus 37 in the BIB
Exodus 37 in the BLPT
Exodus 37 in the BNT
Exodus 37 in the BNTABOOT
Exodus 37 in the BNTLV
Exodus 37 in the BOATCB2
Exodus 37 in the BOBCV
Exodus 37 in the BOCNT
Exodus 37 in the BOECS
Exodus 37 in the BOGWICC
Exodus 37 in the BOHCB
Exodus 37 in the BOHCV
Exodus 37 in the BOHLNT
Exodus 37 in the BOHNTLTAL
Exodus 37 in the BOICB
Exodus 37 in the BOILNTAP
Exodus 37 in the BOITCV
Exodus 37 in the BOKCV
Exodus 37 in the BOKCV2
Exodus 37 in the BOKHWOG
Exodus 37 in the BOKSSV
Exodus 37 in the BOLCB
Exodus 37 in the BOLCB2
Exodus 37 in the BOMCV
Exodus 37 in the BONAV
Exodus 37 in the BONCB
Exodus 37 in the BONLT
Exodus 37 in the BONUT2
Exodus 37 in the BOPLNT
Exodus 37 in the BOSCB
Exodus 37 in the BOSNC
Exodus 37 in the BOTLNT
Exodus 37 in the BOVCB
Exodus 37 in the BOYCB
Exodus 37 in the BPBB
Exodus 37 in the BPH
Exodus 37 in the BSB
Exodus 37 in the CCB
Exodus 37 in the CUV
Exodus 37 in the CUVS
Exodus 37 in the DBT
Exodus 37 in the DGDNT
Exodus 37 in the DHNT
Exodus 37 in the DNT
Exodus 37 in the ELBE
Exodus 37 in the EMTV
Exodus 37 in the ESV
Exodus 37 in the FBV
Exodus 37 in the FEB
Exodus 37 in the GGMNT
Exodus 37 in the GNT
Exodus 37 in the HARY
Exodus 37 in the HNT
Exodus 37 in the IRVA
Exodus 37 in the IRVB
Exodus 37 in the IRVG
Exodus 37 in the IRVH
Exodus 37 in the IRVK
Exodus 37 in the IRVM
Exodus 37 in the IRVM2
Exodus 37 in the IRVO
Exodus 37 in the IRVP
Exodus 37 in the IRVT
Exodus 37 in the IRVT2
Exodus 37 in the IRVU
Exodus 37 in the ISVN
Exodus 37 in the JSNT
Exodus 37 in the KAPI
Exodus 37 in the KBT1ETNIK
Exodus 37 in the KBV
Exodus 37 in the KJV
Exodus 37 in the KNFD
Exodus 37 in the LBA
Exodus 37 in the LBLA
Exodus 37 in the LNT
Exodus 37 in the LSV
Exodus 37 in the MAAL
Exodus 37 in the MBV
Exodus 37 in the MBV2
Exodus 37 in the MHNT
Exodus 37 in the MKNFD
Exodus 37 in the MNG
Exodus 37 in the MNT
Exodus 37 in the MNT2
Exodus 37 in the MRS1T
Exodus 37 in the NAA
Exodus 37 in the NASB
Exodus 37 in the NBLA
Exodus 37 in the NBS
Exodus 37 in the NBVTP
Exodus 37 in the NET2
Exodus 37 in the NIV11
Exodus 37 in the NNT
Exodus 37 in the NNT2
Exodus 37 in the NNT3
Exodus 37 in the PDDPT
Exodus 37 in the PFNT
Exodus 37 in the RMNT
Exodus 37 in the SBIAS
Exodus 37 in the SBIBS
Exodus 37 in the SBIBS2
Exodus 37 in the SBICS
Exodus 37 in the SBIDS
Exodus 37 in the SBIGS
Exodus 37 in the SBIHS
Exodus 37 in the SBIIS
Exodus 37 in the SBIIS2
Exodus 37 in the SBIIS3
Exodus 37 in the SBIKS
Exodus 37 in the SBIKS2
Exodus 37 in the SBIMS
Exodus 37 in the SBIOS
Exodus 37 in the SBIPS
Exodus 37 in the SBISS
Exodus 37 in the SBITS
Exodus 37 in the SBITS2
Exodus 37 in the SBITS3
Exodus 37 in the SBITS4
Exodus 37 in the SBIUS
Exodus 37 in the SBIVS
Exodus 37 in the SBT
Exodus 37 in the SBT1E
Exodus 37 in the SCHL
Exodus 37 in the SNT
Exodus 37 in the SUSU
Exodus 37 in the SUSU2
Exodus 37 in the SYNO
Exodus 37 in the TBIAOTANT
Exodus 37 in the TBT1E
Exodus 37 in the TBT1E2
Exodus 37 in the TFTIP
Exodus 37 in the TFTU
Exodus 37 in the TGNTATF3T
Exodus 37 in the THAI
Exodus 37 in the TNFD
Exodus 37 in the TNT
Exodus 37 in the TNTIK
Exodus 37 in the TNTIL
Exodus 37 in the TNTIN
Exodus 37 in the TNTIP
Exodus 37 in the TNTIZ
Exodus 37 in the TOMA
Exodus 37 in the TTENT
Exodus 37 in the UBG
Exodus 37 in the UGV
Exodus 37 in the UGV2
Exodus 37 in the UGV3
Exodus 37 in the VBL
Exodus 37 in the VDCC
Exodus 37 in the YALU
Exodus 37 in the YAPE
Exodus 37 in the YBVTP
Exodus 37 in the ZBP