Ezekiel 13 (BOATCB)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: ‘Montie AWURADE asɛm! 3 Yei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no. 4 Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te sɛ mmubuiɛ mu kɔkɔbo. 5 Monkɔeɛ sɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano, AWURADE ɛda no.’ 6 Wɔn adehunu yɛ atorɔ, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka sɛ, ‘AWURADE aka sɛ,’ wɔ ɛberɛ a AWURADE nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. 7 Sɛ wɔka sɛ, ‘Yei na AWURADE seɛ’, wɔ ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa? 8 “Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 9 Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ AWURADE. 10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti, 11 ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. 12 Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa? 13 “Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ. 14 Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. 15 Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ. 16 Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ AWURADE na ɔseɛ. 17 “Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18 na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ? 19 Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi. 20 “ ‘No enti, yei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no. 21 Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne AWURADE. 22 Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no 23 enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne AWURADE no.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 13 in the ANGEFD

Ezekiel 13 in the ANTPNG2D

Ezekiel 13 in the AS21

Ezekiel 13 in the BAGH

Ezekiel 13 in the BBPNG

Ezekiel 13 in the BBT1E

Ezekiel 13 in the BDS

Ezekiel 13 in the BEV

Ezekiel 13 in the BHAD

Ezekiel 13 in the BIB

Ezekiel 13 in the BLPT

Ezekiel 13 in the BNT

Ezekiel 13 in the BNTABOOT

Ezekiel 13 in the BNTLV

Ezekiel 13 in the BOATCB2

Ezekiel 13 in the BOBCV

Ezekiel 13 in the BOCNT

Ezekiel 13 in the BOECS

Ezekiel 13 in the BOGWICC

Ezekiel 13 in the BOHCB

Ezekiel 13 in the BOHCV

Ezekiel 13 in the BOHLNT

Ezekiel 13 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 13 in the BOICB

Ezekiel 13 in the BOILNTAP

Ezekiel 13 in the BOITCV

Ezekiel 13 in the BOKCV

Ezekiel 13 in the BOKCV2

Ezekiel 13 in the BOKHWOG

Ezekiel 13 in the BOKSSV

Ezekiel 13 in the BOLCB

Ezekiel 13 in the BOLCB2

Ezekiel 13 in the BOMCV

Ezekiel 13 in the BONAV

Ezekiel 13 in the BONCB

Ezekiel 13 in the BONLT

Ezekiel 13 in the BONUT2

Ezekiel 13 in the BOPLNT

Ezekiel 13 in the BOSCB

Ezekiel 13 in the BOSNC

Ezekiel 13 in the BOTLNT

Ezekiel 13 in the BOVCB

Ezekiel 13 in the BOYCB

Ezekiel 13 in the BPBB

Ezekiel 13 in the BPH

Ezekiel 13 in the BSB

Ezekiel 13 in the CCB

Ezekiel 13 in the CUV

Ezekiel 13 in the CUVS

Ezekiel 13 in the DBT

Ezekiel 13 in the DGDNT

Ezekiel 13 in the DHNT

Ezekiel 13 in the DNT

Ezekiel 13 in the ELBE

Ezekiel 13 in the EMTV

Ezekiel 13 in the ESV

Ezekiel 13 in the FBV

Ezekiel 13 in the FEB

Ezekiel 13 in the GGMNT

Ezekiel 13 in the GNT

Ezekiel 13 in the HARY

Ezekiel 13 in the HNT

Ezekiel 13 in the IRVA

Ezekiel 13 in the IRVB

Ezekiel 13 in the IRVG

Ezekiel 13 in the IRVH

Ezekiel 13 in the IRVK

Ezekiel 13 in the IRVM

Ezekiel 13 in the IRVM2

Ezekiel 13 in the IRVO

Ezekiel 13 in the IRVP

Ezekiel 13 in the IRVT

Ezekiel 13 in the IRVT2

Ezekiel 13 in the IRVU

Ezekiel 13 in the ISVN

Ezekiel 13 in the JSNT

Ezekiel 13 in the KAPI

Ezekiel 13 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 13 in the KBV

Ezekiel 13 in the KJV

Ezekiel 13 in the KNFD

Ezekiel 13 in the LBA

Ezekiel 13 in the LBLA

Ezekiel 13 in the LNT

Ezekiel 13 in the LSV

Ezekiel 13 in the MAAL

Ezekiel 13 in the MBV

Ezekiel 13 in the MBV2

Ezekiel 13 in the MHNT

Ezekiel 13 in the MKNFD

Ezekiel 13 in the MNG

Ezekiel 13 in the MNT

Ezekiel 13 in the MNT2

Ezekiel 13 in the MRS1T

Ezekiel 13 in the NAA

Ezekiel 13 in the NASB

Ezekiel 13 in the NBLA

Ezekiel 13 in the NBS

Ezekiel 13 in the NBVTP

Ezekiel 13 in the NET2

Ezekiel 13 in the NIV11

Ezekiel 13 in the NNT

Ezekiel 13 in the NNT2

Ezekiel 13 in the NNT3

Ezekiel 13 in the PDDPT

Ezekiel 13 in the PFNT

Ezekiel 13 in the RMNT

Ezekiel 13 in the SBIAS

Ezekiel 13 in the SBIBS

Ezekiel 13 in the SBIBS2

Ezekiel 13 in the SBICS

Ezekiel 13 in the SBIDS

Ezekiel 13 in the SBIGS

Ezekiel 13 in the SBIHS

Ezekiel 13 in the SBIIS

Ezekiel 13 in the SBIIS2

Ezekiel 13 in the SBIIS3

Ezekiel 13 in the SBIKS

Ezekiel 13 in the SBIKS2

Ezekiel 13 in the SBIMS

Ezekiel 13 in the SBIOS

Ezekiel 13 in the SBIPS

Ezekiel 13 in the SBISS

Ezekiel 13 in the SBITS

Ezekiel 13 in the SBITS2

Ezekiel 13 in the SBITS3

Ezekiel 13 in the SBITS4

Ezekiel 13 in the SBIUS

Ezekiel 13 in the SBIVS

Ezekiel 13 in the SBT

Ezekiel 13 in the SBT1E

Ezekiel 13 in the SCHL

Ezekiel 13 in the SNT

Ezekiel 13 in the SUSU

Ezekiel 13 in the SUSU2

Ezekiel 13 in the SYNO

Ezekiel 13 in the TBIAOTANT

Ezekiel 13 in the TBT1E

Ezekiel 13 in the TBT1E2

Ezekiel 13 in the TFTIP

Ezekiel 13 in the TFTU

Ezekiel 13 in the TGNTATF3T

Ezekiel 13 in the THAI

Ezekiel 13 in the TNFD

Ezekiel 13 in the TNT

Ezekiel 13 in the TNTIK

Ezekiel 13 in the TNTIL

Ezekiel 13 in the TNTIN

Ezekiel 13 in the TNTIP

Ezekiel 13 in the TNTIZ

Ezekiel 13 in the TOMA

Ezekiel 13 in the TTENT

Ezekiel 13 in the UBG

Ezekiel 13 in the UGV

Ezekiel 13 in the UGV2

Ezekiel 13 in the UGV3

Ezekiel 13 in the VBL

Ezekiel 13 in the VDCC

Ezekiel 13 in the YALU

Ezekiel 13 in the YAPE

Ezekiel 13 in the YBVTP

Ezekiel 13 in the ZBP