Ezekiel 43 (BOATCB)

1 Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano, 2 na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam sɛ apue wɔ apueeɛ fam reba. Na ne nne te sɛ nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanimuonyam no mu. 3 Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam. 4 AWURADE animuonyam faa ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no mu hyɛnee asɔredan no mu. 5 Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ hɔ na AWURADE animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma. 6 Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. 7 Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi. 8 Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu. 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ. 10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho, 11 na sɛ wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so. 12 “Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ. 13 “Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu dɔ yɛ anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene: 14 Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa. 15 Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16 Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. 17 Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.” 18 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: 19 Ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 20 Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso. 21 Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔdeɛ nantwie no na wokɔhye no wɔ asɔredan no ho beaeɛ a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi. 22 “Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no. 23 Sɛ wowie ɛho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ. 24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba AWURADE anim, na asɔfoɔ de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE. 25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba. 26 Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadie. 27 Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.”

In Other Versions

Ezekiel 43 in the ANGEFD

Ezekiel 43 in the ANTPNG2D

Ezekiel 43 in the AS21

Ezekiel 43 in the BAGH

Ezekiel 43 in the BBPNG

Ezekiel 43 in the BBT1E

Ezekiel 43 in the BDS

Ezekiel 43 in the BEV

Ezekiel 43 in the BHAD

Ezekiel 43 in the BIB

Ezekiel 43 in the BLPT

Ezekiel 43 in the BNT

Ezekiel 43 in the BNTABOOT

Ezekiel 43 in the BNTLV

Ezekiel 43 in the BOATCB2

Ezekiel 43 in the BOBCV

Ezekiel 43 in the BOCNT

Ezekiel 43 in the BOECS

Ezekiel 43 in the BOGWICC

Ezekiel 43 in the BOHCB

Ezekiel 43 in the BOHCV

Ezekiel 43 in the BOHLNT

Ezekiel 43 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 43 in the BOICB

Ezekiel 43 in the BOILNTAP

Ezekiel 43 in the BOITCV

Ezekiel 43 in the BOKCV

Ezekiel 43 in the BOKCV2

Ezekiel 43 in the BOKHWOG

Ezekiel 43 in the BOKSSV

Ezekiel 43 in the BOLCB

Ezekiel 43 in the BOLCB2

Ezekiel 43 in the BOMCV

Ezekiel 43 in the BONAV

Ezekiel 43 in the BONCB

Ezekiel 43 in the BONLT

Ezekiel 43 in the BONUT2

Ezekiel 43 in the BOPLNT

Ezekiel 43 in the BOSCB

Ezekiel 43 in the BOSNC

Ezekiel 43 in the BOTLNT

Ezekiel 43 in the BOVCB

Ezekiel 43 in the BOYCB

Ezekiel 43 in the BPBB

Ezekiel 43 in the BPH

Ezekiel 43 in the BSB

Ezekiel 43 in the CCB

Ezekiel 43 in the CUV

Ezekiel 43 in the CUVS

Ezekiel 43 in the DBT

Ezekiel 43 in the DGDNT

Ezekiel 43 in the DHNT

Ezekiel 43 in the DNT

Ezekiel 43 in the ELBE

Ezekiel 43 in the EMTV

Ezekiel 43 in the ESV

Ezekiel 43 in the FBV

Ezekiel 43 in the FEB

Ezekiel 43 in the GGMNT

Ezekiel 43 in the GNT

Ezekiel 43 in the HARY

Ezekiel 43 in the HNT

Ezekiel 43 in the IRVA

Ezekiel 43 in the IRVB

Ezekiel 43 in the IRVG

Ezekiel 43 in the IRVH

Ezekiel 43 in the IRVK

Ezekiel 43 in the IRVM

Ezekiel 43 in the IRVM2

Ezekiel 43 in the IRVO

Ezekiel 43 in the IRVP

Ezekiel 43 in the IRVT

Ezekiel 43 in the IRVT2

Ezekiel 43 in the IRVU

Ezekiel 43 in the ISVN

Ezekiel 43 in the JSNT

Ezekiel 43 in the KAPI

Ezekiel 43 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 43 in the KBV

Ezekiel 43 in the KJV

Ezekiel 43 in the KNFD

Ezekiel 43 in the LBA

Ezekiel 43 in the LBLA

Ezekiel 43 in the LNT

Ezekiel 43 in the LSV

Ezekiel 43 in the MAAL

Ezekiel 43 in the MBV

Ezekiel 43 in the MBV2

Ezekiel 43 in the MHNT

Ezekiel 43 in the MKNFD

Ezekiel 43 in the MNG

Ezekiel 43 in the MNT

Ezekiel 43 in the MNT2

Ezekiel 43 in the MRS1T

Ezekiel 43 in the NAA

Ezekiel 43 in the NASB

Ezekiel 43 in the NBLA

Ezekiel 43 in the NBS

Ezekiel 43 in the NBVTP

Ezekiel 43 in the NET2

Ezekiel 43 in the NIV11

Ezekiel 43 in the NNT

Ezekiel 43 in the NNT2

Ezekiel 43 in the NNT3

Ezekiel 43 in the PDDPT

Ezekiel 43 in the PFNT

Ezekiel 43 in the RMNT

Ezekiel 43 in the SBIAS

Ezekiel 43 in the SBIBS

Ezekiel 43 in the SBIBS2

Ezekiel 43 in the SBICS

Ezekiel 43 in the SBIDS

Ezekiel 43 in the SBIGS

Ezekiel 43 in the SBIHS

Ezekiel 43 in the SBIIS

Ezekiel 43 in the SBIIS2

Ezekiel 43 in the SBIIS3

Ezekiel 43 in the SBIKS

Ezekiel 43 in the SBIKS2

Ezekiel 43 in the SBIMS

Ezekiel 43 in the SBIOS

Ezekiel 43 in the SBIPS

Ezekiel 43 in the SBISS

Ezekiel 43 in the SBITS

Ezekiel 43 in the SBITS2

Ezekiel 43 in the SBITS3

Ezekiel 43 in the SBITS4

Ezekiel 43 in the SBIUS

Ezekiel 43 in the SBIVS

Ezekiel 43 in the SBT

Ezekiel 43 in the SBT1E

Ezekiel 43 in the SCHL

Ezekiel 43 in the SNT

Ezekiel 43 in the SUSU

Ezekiel 43 in the SUSU2

Ezekiel 43 in the SYNO

Ezekiel 43 in the TBIAOTANT

Ezekiel 43 in the TBT1E

Ezekiel 43 in the TBT1E2

Ezekiel 43 in the TFTIP

Ezekiel 43 in the TFTU

Ezekiel 43 in the TGNTATF3T

Ezekiel 43 in the THAI

Ezekiel 43 in the TNFD

Ezekiel 43 in the TNT

Ezekiel 43 in the TNTIK

Ezekiel 43 in the TNTIL

Ezekiel 43 in the TNTIN

Ezekiel 43 in the TNTIP

Ezekiel 43 in the TNTIZ

Ezekiel 43 in the TOMA

Ezekiel 43 in the TTENT

Ezekiel 43 in the UBG

Ezekiel 43 in the UGV

Ezekiel 43 in the UGV2

Ezekiel 43 in the UGV3

Ezekiel 43 in the VBL

Ezekiel 43 in the VDCC

Ezekiel 43 in the YALU

Ezekiel 43 in the YAPE

Ezekiel 43 in the YBVTP

Ezekiel 43 in the ZBP