Ezekiel 43 (BOATCB2)

1 Na ɔbarima no de me baa apuei fam pon no ano, 2 na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam sɛ apue wɔ apuei fam reba. Na ne nne te sɛ asuten a ɛreworo, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanuonyam no mu. 3 Anisoadehu a minyaa no te sɛnea minyaa no bere a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne nea minyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuw fam. 4 AWURADE anuonyam faa ɔpon a ani kyerɛ apuei fam no mu hyɛn asɔredan no mu. 5 Na honhom no pagyaw me de me baa mfimfini adiwo hɔ na AWURADE anuonyam hyɛɛ asɔredan no ma. 6 Bere a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa fi asɔredan no mu kyerɛ me. 7 Ɔkae se, “Onipa ba, ɛha ne mʼahengua sibea ne mʼanan ntiaso. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfo mu afebɔɔ. Israelfi rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwowɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no ngu me din ho fi. 8 Bere a wɔmaa wɔn abobow ano bɛnee me, na wɔn apongua nso bɛnee me de a na ɔfasu na etwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeyɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno nti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuw mu. 9 Afei ma wonnyi wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a wonni nkwa no mfi mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ. 10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfo sɛnea asɔredan no te na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wonsusuw ne so a enni no ho mfoni ho, 11 na sɛ wɔn ani wu nea wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoe, apon a wɔfa mu pue ne nea wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Kyerɛw saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoe ne ne si no mfoni no so. 12 “Asɔredan no ho mmara ni: Asase a ɛda ho wɔ bepɔw no so nyinaa yɛ kronkron. Sɛɛ na asɔredan no ho mmara te. 13 “Afɔremuka no nsusuwii na edidi so yi. Ne suka mu dɔ yɛ ɔnammɔn ne fa na ne trɛw nso saa ara, na anoano hiɛ a etwa ho hyia no nso trɛw bɛyɛ nsateaa akron. Na eyi nso ne afɔremuka no tenten: 14 Efi ne nnyinaso a esi suka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn abiɛsa, na mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛse no ntam yɛ anammɔn asia na apa no mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa. 15 Afɔremuka no wusiw tokuru no sorokɔ yɛ anammɔn asia a mmɛn anan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16 Afɔremuka wusiw tokuru no yɛ ahinanan, na ɔfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. 17 Afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kaa a ɛyɛ nsateaa akron da apa no ano na suka a atwa ho ahyia yɛ ɔnammɔn ne fa. Atrapoe a ɛkɔ afɔremuka no so no ani hwɛ apuei fam.” 18 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Eyinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛe a wɔbɛfa so abɔ ɔhyew afɔre ne ɔkwan a, sɛ wosi afɔremuka no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: 19 Ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ma asɔfo a wɔyɛ Lewifo na wofi Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no sɛ bɔne afɔrebɔde, Otumfo AWURADE asɛm ni. 20 Ɛsɛ sɛ wofa nantwi ba no mogya no bi na wode keka afɔremuka mmɛn anan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɔtwɔw so ne anoano kaa a atwa ho ahyia no ho na wɔanam so atew afɔremuka no ho de ayɛ mpata nso. 21 Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔde nantwi no na wokɔhyew no wɔ asɔredan no ho faako a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi. 22 “Da a ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a onni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔde, na ɛsɛ sɛ wodwira afɔremuka no ho sɛnea wɔde nantwi no yɛe no. 23 Sɛ wowie ho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw no mu a wonni dɛm bɛbɔ afɔre. 24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba AWURADE anim, na asɔfo de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyew afɔre ma AWURADE. 25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔde nnanson; afei ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw mu na wonni dɛm nso ba. 26 Wɔbɛyɛ mpata ama afɔremuka no nnanson de atew ho; sɛɛ na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadi no. 27 Saa nna yi akyi, efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfo no de mo hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde no ba afɔremuka no so. Afei megye mo ato mu, Otumfo AWURADE asɛm ni.”

In Other Versions

Ezekiel 43 in the ANGEFD

Ezekiel 43 in the ANTPNG2D

Ezekiel 43 in the AS21

Ezekiel 43 in the BAGH

Ezekiel 43 in the BBPNG

Ezekiel 43 in the BBT1E

Ezekiel 43 in the BDS

Ezekiel 43 in the BEV

Ezekiel 43 in the BHAD

Ezekiel 43 in the BIB

Ezekiel 43 in the BLPT

Ezekiel 43 in the BNT

Ezekiel 43 in the BNTABOOT

Ezekiel 43 in the BNTLV

Ezekiel 43 in the BOATCB

Ezekiel 43 in the BOBCV

Ezekiel 43 in the BOCNT

Ezekiel 43 in the BOECS

Ezekiel 43 in the BOGWICC

Ezekiel 43 in the BOHCB

Ezekiel 43 in the BOHCV

Ezekiel 43 in the BOHLNT

Ezekiel 43 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 43 in the BOICB

Ezekiel 43 in the BOILNTAP

Ezekiel 43 in the BOITCV

Ezekiel 43 in the BOKCV

Ezekiel 43 in the BOKCV2

Ezekiel 43 in the BOKHWOG

Ezekiel 43 in the BOKSSV

Ezekiel 43 in the BOLCB

Ezekiel 43 in the BOLCB2

Ezekiel 43 in the BOMCV

Ezekiel 43 in the BONAV

Ezekiel 43 in the BONCB

Ezekiel 43 in the BONLT

Ezekiel 43 in the BONUT2

Ezekiel 43 in the BOPLNT

Ezekiel 43 in the BOSCB

Ezekiel 43 in the BOSNC

Ezekiel 43 in the BOTLNT

Ezekiel 43 in the BOVCB

Ezekiel 43 in the BOYCB

Ezekiel 43 in the BPBB

Ezekiel 43 in the BPH

Ezekiel 43 in the BSB

Ezekiel 43 in the CCB

Ezekiel 43 in the CUV

Ezekiel 43 in the CUVS

Ezekiel 43 in the DBT

Ezekiel 43 in the DGDNT

Ezekiel 43 in the DHNT

Ezekiel 43 in the DNT

Ezekiel 43 in the ELBE

Ezekiel 43 in the EMTV

Ezekiel 43 in the ESV

Ezekiel 43 in the FBV

Ezekiel 43 in the FEB

Ezekiel 43 in the GGMNT

Ezekiel 43 in the GNT

Ezekiel 43 in the HARY

Ezekiel 43 in the HNT

Ezekiel 43 in the IRVA

Ezekiel 43 in the IRVB

Ezekiel 43 in the IRVG

Ezekiel 43 in the IRVH

Ezekiel 43 in the IRVK

Ezekiel 43 in the IRVM

Ezekiel 43 in the IRVM2

Ezekiel 43 in the IRVO

Ezekiel 43 in the IRVP

Ezekiel 43 in the IRVT

Ezekiel 43 in the IRVT2

Ezekiel 43 in the IRVU

Ezekiel 43 in the ISVN

Ezekiel 43 in the JSNT

Ezekiel 43 in the KAPI

Ezekiel 43 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 43 in the KBV

Ezekiel 43 in the KJV

Ezekiel 43 in the KNFD

Ezekiel 43 in the LBA

Ezekiel 43 in the LBLA

Ezekiel 43 in the LNT

Ezekiel 43 in the LSV

Ezekiel 43 in the MAAL

Ezekiel 43 in the MBV

Ezekiel 43 in the MBV2

Ezekiel 43 in the MHNT

Ezekiel 43 in the MKNFD

Ezekiel 43 in the MNG

Ezekiel 43 in the MNT

Ezekiel 43 in the MNT2

Ezekiel 43 in the MRS1T

Ezekiel 43 in the NAA

Ezekiel 43 in the NASB

Ezekiel 43 in the NBLA

Ezekiel 43 in the NBS

Ezekiel 43 in the NBVTP

Ezekiel 43 in the NET2

Ezekiel 43 in the NIV11

Ezekiel 43 in the NNT

Ezekiel 43 in the NNT2

Ezekiel 43 in the NNT3

Ezekiel 43 in the PDDPT

Ezekiel 43 in the PFNT

Ezekiel 43 in the RMNT

Ezekiel 43 in the SBIAS

Ezekiel 43 in the SBIBS

Ezekiel 43 in the SBIBS2

Ezekiel 43 in the SBICS

Ezekiel 43 in the SBIDS

Ezekiel 43 in the SBIGS

Ezekiel 43 in the SBIHS

Ezekiel 43 in the SBIIS

Ezekiel 43 in the SBIIS2

Ezekiel 43 in the SBIIS3

Ezekiel 43 in the SBIKS

Ezekiel 43 in the SBIKS2

Ezekiel 43 in the SBIMS

Ezekiel 43 in the SBIOS

Ezekiel 43 in the SBIPS

Ezekiel 43 in the SBISS

Ezekiel 43 in the SBITS

Ezekiel 43 in the SBITS2

Ezekiel 43 in the SBITS3

Ezekiel 43 in the SBITS4

Ezekiel 43 in the SBIUS

Ezekiel 43 in the SBIVS

Ezekiel 43 in the SBT

Ezekiel 43 in the SBT1E

Ezekiel 43 in the SCHL

Ezekiel 43 in the SNT

Ezekiel 43 in the SUSU

Ezekiel 43 in the SUSU2

Ezekiel 43 in the SYNO

Ezekiel 43 in the TBIAOTANT

Ezekiel 43 in the TBT1E

Ezekiel 43 in the TBT1E2

Ezekiel 43 in the TFTIP

Ezekiel 43 in the TFTU

Ezekiel 43 in the TGNTATF3T

Ezekiel 43 in the THAI

Ezekiel 43 in the TNFD

Ezekiel 43 in the TNT

Ezekiel 43 in the TNTIK

Ezekiel 43 in the TNTIL

Ezekiel 43 in the TNTIN

Ezekiel 43 in the TNTIP

Ezekiel 43 in the TNTIZ

Ezekiel 43 in the TOMA

Ezekiel 43 in the TTENT

Ezekiel 43 in the UBG

Ezekiel 43 in the UGV

Ezekiel 43 in the UGV2

Ezekiel 43 in the UGV3

Ezekiel 43 in the VBL

Ezekiel 43 in the VDCC

Ezekiel 43 in the YALU

Ezekiel 43 in the YAPE

Ezekiel 43 in the YBVTP

Ezekiel 43 in the ZBP