Galatians 4 (BOATCB)

1 Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam. 2 Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no. 3 Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so. 4 Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase 5 sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 6 Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” 7 Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma. 8 Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. 9 Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? 10 Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi. 11 Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho. 12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13 Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ. 14 Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu. 15 Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me. 16 Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi? 17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no. 18 Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo. 19 Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, 20 mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho. 21 Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no, monnim deɛ Mmara no ka no anaa? 22 Wɔatwerɛ sɛ, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako. 23 Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, Onyankopɔn bɔhyɛ enti na ɔwoo ne ba no. 24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Apam baako firi bepɔ Sinai so, na ɛgyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. 25 Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. 26 Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame. 27 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,“Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie,wo a wonnwoo da;ma wo nne so na team,wo a awoɔ nkaa wo da,ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔsosene deɛ ɔwɔ kunu.” 28 Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. 29 Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa. 30 Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.” 31 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.

In Other Versions

Galatians 4 in the ANGEFD

Galatians 4 in the ANTPNG2D

Galatians 4 in the AS21

Galatians 4 in the BAGH

Galatians 4 in the BBPNG

Galatians 4 in the BBT1E

Galatians 4 in the BDS

Galatians 4 in the BEV

Galatians 4 in the BHAD

Galatians 4 in the BIB

Galatians 4 in the BLPT

Galatians 4 in the BNT

Galatians 4 in the BNTABOOT

Galatians 4 in the BNTLV

Galatians 4 in the BOATCB2

Galatians 4 in the BOBCV

Galatians 4 in the BOCNT

Galatians 4 in the BOECS

Galatians 4 in the BOGWICC

Galatians 4 in the BOHCB

Galatians 4 in the BOHCV

Galatians 4 in the BOHLNT

Galatians 4 in the BOHNTLTAL

Galatians 4 in the BOICB

Galatians 4 in the BOILNTAP

Galatians 4 in the BOITCV

Galatians 4 in the BOKCV

Galatians 4 in the BOKCV2

Galatians 4 in the BOKHWOG

Galatians 4 in the BOKSSV

Galatians 4 in the BOLCB

Galatians 4 in the BOLCB2

Galatians 4 in the BOMCV

Galatians 4 in the BONAV

Galatians 4 in the BONCB

Galatians 4 in the BONLT

Galatians 4 in the BONUT2

Galatians 4 in the BOPLNT

Galatians 4 in the BOSCB

Galatians 4 in the BOSNC

Galatians 4 in the BOTLNT

Galatians 4 in the BOVCB

Galatians 4 in the BOYCB

Galatians 4 in the BPBB

Galatians 4 in the BPH

Galatians 4 in the BSB

Galatians 4 in the CCB

Galatians 4 in the CUV

Galatians 4 in the CUVS

Galatians 4 in the DBT

Galatians 4 in the DGDNT

Galatians 4 in the DHNT

Galatians 4 in the DNT

Galatians 4 in the ELBE

Galatians 4 in the EMTV

Galatians 4 in the ESV

Galatians 4 in the FBV

Galatians 4 in the FEB

Galatians 4 in the GGMNT

Galatians 4 in the GNT

Galatians 4 in the HARY

Galatians 4 in the HNT

Galatians 4 in the IRVA

Galatians 4 in the IRVB

Galatians 4 in the IRVG

Galatians 4 in the IRVH

Galatians 4 in the IRVK

Galatians 4 in the IRVM

Galatians 4 in the IRVM2

Galatians 4 in the IRVO

Galatians 4 in the IRVP

Galatians 4 in the IRVT

Galatians 4 in the IRVT2

Galatians 4 in the IRVU

Galatians 4 in the ISVN

Galatians 4 in the JSNT

Galatians 4 in the KAPI

Galatians 4 in the KBT1ETNIK

Galatians 4 in the KBV

Galatians 4 in the KJV

Galatians 4 in the KNFD

Galatians 4 in the LBA

Galatians 4 in the LBLA

Galatians 4 in the LNT

Galatians 4 in the LSV

Galatians 4 in the MAAL

Galatians 4 in the MBV

Galatians 4 in the MBV2

Galatians 4 in the MHNT

Galatians 4 in the MKNFD

Galatians 4 in the MNG

Galatians 4 in the MNT

Galatians 4 in the MNT2

Galatians 4 in the MRS1T

Galatians 4 in the NAA

Galatians 4 in the NASB

Galatians 4 in the NBLA

Galatians 4 in the NBS

Galatians 4 in the NBVTP

Galatians 4 in the NET2

Galatians 4 in the NIV11

Galatians 4 in the NNT

Galatians 4 in the NNT2

Galatians 4 in the NNT3

Galatians 4 in the PDDPT

Galatians 4 in the PFNT

Galatians 4 in the RMNT

Galatians 4 in the SBIAS

Galatians 4 in the SBIBS

Galatians 4 in the SBIBS2

Galatians 4 in the SBICS

Galatians 4 in the SBIDS

Galatians 4 in the SBIGS

Galatians 4 in the SBIHS

Galatians 4 in the SBIIS

Galatians 4 in the SBIIS2

Galatians 4 in the SBIIS3

Galatians 4 in the SBIKS

Galatians 4 in the SBIKS2

Galatians 4 in the SBIMS

Galatians 4 in the SBIOS

Galatians 4 in the SBIPS

Galatians 4 in the SBISS

Galatians 4 in the SBITS

Galatians 4 in the SBITS2

Galatians 4 in the SBITS3

Galatians 4 in the SBITS4

Galatians 4 in the SBIUS

Galatians 4 in the SBIVS

Galatians 4 in the SBT

Galatians 4 in the SBT1E

Galatians 4 in the SCHL

Galatians 4 in the SNT

Galatians 4 in the SUSU

Galatians 4 in the SUSU2

Galatians 4 in the SYNO

Galatians 4 in the TBIAOTANT

Galatians 4 in the TBT1E

Galatians 4 in the TBT1E2

Galatians 4 in the TFTIP

Galatians 4 in the TFTU

Galatians 4 in the TGNTATF3T

Galatians 4 in the THAI

Galatians 4 in the TNFD

Galatians 4 in the TNT

Galatians 4 in the TNTIK

Galatians 4 in the TNTIL

Galatians 4 in the TNTIN

Galatians 4 in the TNTIP

Galatians 4 in the TNTIZ

Galatians 4 in the TOMA

Galatians 4 in the TTENT

Galatians 4 in the UBG

Galatians 4 in the UGV

Galatians 4 in the UGV2

Galatians 4 in the UGV3

Galatians 4 in the VBL

Galatians 4 in the VDCC

Galatians 4 in the YALU

Galatians 4 in the YAPE

Galatians 4 in the YBVTP

Galatians 4 in the ZBP