Genesis 18 (BOATCB)

1 Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, AWURADE yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. 2 Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn. 3 Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. 4 Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra. 5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ,“Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.” 6 Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.” 7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma. 8 Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase. 9 Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?”Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.” 10 Afei, AWURADE kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. 11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho. 12 Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?” 13 Enti, AWURADE bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’ 14 Biribi boro AWURADE ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” 15 Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.”Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.” 16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan. 17 Afei, AWURADE kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa? 18 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. 19 Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ AWURADE kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ AWURADE ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a AWURADE bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.” 20 Afei, AWURADE kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. 21 Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.” 22 Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim. 23 Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? 24 Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ? 25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?” 26 Na AWURADE kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.” 27 Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne AWURADE akasa yi, 28 sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?”Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.” 29 Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”Na AWURADE buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.” 30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, AWURADE, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?”Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.” 31 Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne AWURADE akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.” 32 Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, AWURADE, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” AWURADE buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.” 33 Ɛberɛ a AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.

In Other Versions

Genesis 18 in the ANGEFD

Genesis 18 in the ANTPNG2D

Genesis 18 in the AS21

Genesis 18 in the BAGH

Genesis 18 in the BBPNG

Genesis 18 in the BBT1E

Genesis 18 in the BDS

Genesis 18 in the BEV

Genesis 18 in the BHAD

Genesis 18 in the BIB

Genesis 18 in the BLPT

Genesis 18 in the BNT

Genesis 18 in the BNTABOOT

Genesis 18 in the BNTLV

Genesis 18 in the BOATCB2

Genesis 18 in the BOBCV

Genesis 18 in the BOCNT

Genesis 18 in the BOECS

Genesis 18 in the BOGWICC

Genesis 18 in the BOHCB

Genesis 18 in the BOHCV

Genesis 18 in the BOHLNT

Genesis 18 in the BOHNTLTAL

Genesis 18 in the BOICB

Genesis 18 in the BOILNTAP

Genesis 18 in the BOITCV

Genesis 18 in the BOKCV

Genesis 18 in the BOKCV2

Genesis 18 in the BOKHWOG

Genesis 18 in the BOKSSV

Genesis 18 in the BOLCB

Genesis 18 in the BOLCB2

Genesis 18 in the BOMCV

Genesis 18 in the BONAV

Genesis 18 in the BONCB

Genesis 18 in the BONLT

Genesis 18 in the BONUT2

Genesis 18 in the BOPLNT

Genesis 18 in the BOSCB

Genesis 18 in the BOSNC

Genesis 18 in the BOTLNT

Genesis 18 in the BOVCB

Genesis 18 in the BOYCB

Genesis 18 in the BPBB

Genesis 18 in the BPH

Genesis 18 in the BSB

Genesis 18 in the CCB

Genesis 18 in the CUV

Genesis 18 in the CUVS

Genesis 18 in the DBT

Genesis 18 in the DGDNT

Genesis 18 in the DHNT

Genesis 18 in the DNT

Genesis 18 in the ELBE

Genesis 18 in the EMTV

Genesis 18 in the ESV

Genesis 18 in the FBV

Genesis 18 in the FEB

Genesis 18 in the GGMNT

Genesis 18 in the GNT

Genesis 18 in the HARY

Genesis 18 in the HNT

Genesis 18 in the IRVA

Genesis 18 in the IRVB

Genesis 18 in the IRVG

Genesis 18 in the IRVH

Genesis 18 in the IRVK

Genesis 18 in the IRVM

Genesis 18 in the IRVM2

Genesis 18 in the IRVO

Genesis 18 in the IRVP

Genesis 18 in the IRVT

Genesis 18 in the IRVT2

Genesis 18 in the IRVU

Genesis 18 in the ISVN

Genesis 18 in the JSNT

Genesis 18 in the KAPI

Genesis 18 in the KBT1ETNIK

Genesis 18 in the KBV

Genesis 18 in the KJV

Genesis 18 in the KNFD

Genesis 18 in the LBA

Genesis 18 in the LBLA

Genesis 18 in the LNT

Genesis 18 in the LSV

Genesis 18 in the MAAL

Genesis 18 in the MBV

Genesis 18 in the MBV2

Genesis 18 in the MHNT

Genesis 18 in the MKNFD

Genesis 18 in the MNG

Genesis 18 in the MNT

Genesis 18 in the MNT2

Genesis 18 in the MRS1T

Genesis 18 in the NAA

Genesis 18 in the NASB

Genesis 18 in the NBLA

Genesis 18 in the NBS

Genesis 18 in the NBVTP

Genesis 18 in the NET2

Genesis 18 in the NIV11

Genesis 18 in the NNT

Genesis 18 in the NNT2

Genesis 18 in the NNT3

Genesis 18 in the PDDPT

Genesis 18 in the PFNT

Genesis 18 in the RMNT

Genesis 18 in the SBIAS

Genesis 18 in the SBIBS

Genesis 18 in the SBIBS2

Genesis 18 in the SBICS

Genesis 18 in the SBIDS

Genesis 18 in the SBIGS

Genesis 18 in the SBIHS

Genesis 18 in the SBIIS

Genesis 18 in the SBIIS2

Genesis 18 in the SBIIS3

Genesis 18 in the SBIKS

Genesis 18 in the SBIKS2

Genesis 18 in the SBIMS

Genesis 18 in the SBIOS

Genesis 18 in the SBIPS

Genesis 18 in the SBISS

Genesis 18 in the SBITS

Genesis 18 in the SBITS2

Genesis 18 in the SBITS3

Genesis 18 in the SBITS4

Genesis 18 in the SBIUS

Genesis 18 in the SBIVS

Genesis 18 in the SBT

Genesis 18 in the SBT1E

Genesis 18 in the SCHL

Genesis 18 in the SNT

Genesis 18 in the SUSU

Genesis 18 in the SUSU2

Genesis 18 in the SYNO

Genesis 18 in the TBIAOTANT

Genesis 18 in the TBT1E

Genesis 18 in the TBT1E2

Genesis 18 in the TFTIP

Genesis 18 in the TFTU

Genesis 18 in the TGNTATF3T

Genesis 18 in the THAI

Genesis 18 in the TNFD

Genesis 18 in the TNT

Genesis 18 in the TNTIK

Genesis 18 in the TNTIL

Genesis 18 in the TNTIN

Genesis 18 in the TNTIP

Genesis 18 in the TNTIZ

Genesis 18 in the TOMA

Genesis 18 in the TTENT

Genesis 18 in the UBG

Genesis 18 in the UGV

Genesis 18 in the UGV2

Genesis 18 in the UGV3

Genesis 18 in the VBL

Genesis 18 in the VDCC

Genesis 18 in the YALU

Genesis 18 in the YAPE

Genesis 18 in the YBVTP

Genesis 18 in the ZBP