Genesis 21 (BOATCB)
1 Afei, AWURADE hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. 2 Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a AWURADE hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ. 3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. 4 Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. 5 Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha. 6 Afei, Sara kaa sɛ, “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere.” 7 Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.” 8 Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ. 9 Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ. 10 Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.” 11 Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. 12 Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. 13 Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.” 14 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ. 15 Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi. 16 Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. 17 Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no sɛ, “Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ baabi a ɔda no. 18 Pagya abarimaa no, ɛfiri sɛ, mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.” 19 Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ. 20 Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie. 21 Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ. 22 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. 23 Enti afei, di nse ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha sɛ, worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔmamfrani no.” 24 Abraham penee so sɛ, “Meka saa ntam no!” 25 Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. 26 Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.” 27 Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28 Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa. 29 Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?” 30 Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.” 31 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no. 32 Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so. 33 Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom AWURADE teasefoɔ no. 34 Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so sɛ ɔmamfrani nna bebree.
In Other Versions
Genesis 21 in the ANGEFD
Genesis 21 in the ANTPNG2D
Genesis 21 in the AS21
Genesis 21 in the BAGH
Genesis 21 in the BBPNG
Genesis 21 in the BBT1E
Genesis 21 in the BDS
Genesis 21 in the BEV
Genesis 21 in the BHAD
Genesis 21 in the BIB
Genesis 21 in the BLPT
Genesis 21 in the BNT
Genesis 21 in the BNTABOOT
Genesis 21 in the BNTLV
Genesis 21 in the BOATCB2
Genesis 21 in the BOBCV
Genesis 21 in the BOCNT
Genesis 21 in the BOECS
Genesis 21 in the BOGWICC
Genesis 21 in the BOHCB
Genesis 21 in the BOHCV
Genesis 21 in the BOHLNT
Genesis 21 in the BOHNTLTAL
Genesis 21 in the BOICB
Genesis 21 in the BOILNTAP
Genesis 21 in the BOITCV
Genesis 21 in the BOKCV
Genesis 21 in the BOKCV2
Genesis 21 in the BOKHWOG
Genesis 21 in the BOKSSV
Genesis 21 in the BOLCB
Genesis 21 in the BOLCB2
Genesis 21 in the BOMCV
Genesis 21 in the BONAV
Genesis 21 in the BONCB
Genesis 21 in the BONLT
Genesis 21 in the BONUT2
Genesis 21 in the BOPLNT
Genesis 21 in the BOSCB
Genesis 21 in the BOSNC
Genesis 21 in the BOTLNT
Genesis 21 in the BOVCB
Genesis 21 in the BOYCB
Genesis 21 in the BPBB
Genesis 21 in the BPH
Genesis 21 in the BSB
Genesis 21 in the CCB
Genesis 21 in the CUV
Genesis 21 in the CUVS
Genesis 21 in the DBT
Genesis 21 in the DGDNT
Genesis 21 in the DHNT
Genesis 21 in the DNT
Genesis 21 in the ELBE
Genesis 21 in the EMTV
Genesis 21 in the ESV
Genesis 21 in the FBV
Genesis 21 in the FEB
Genesis 21 in the GGMNT
Genesis 21 in the GNT
Genesis 21 in the HARY
Genesis 21 in the HNT
Genesis 21 in the IRVA
Genesis 21 in the IRVB
Genesis 21 in the IRVG
Genesis 21 in the IRVH
Genesis 21 in the IRVK
Genesis 21 in the IRVM
Genesis 21 in the IRVM2
Genesis 21 in the IRVO
Genesis 21 in the IRVP
Genesis 21 in the IRVT
Genesis 21 in the IRVT2
Genesis 21 in the IRVU
Genesis 21 in the ISVN
Genesis 21 in the JSNT
Genesis 21 in the KAPI
Genesis 21 in the KBT1ETNIK
Genesis 21 in the KBV
Genesis 21 in the KJV
Genesis 21 in the KNFD
Genesis 21 in the LBA
Genesis 21 in the LBLA
Genesis 21 in the LNT
Genesis 21 in the LSV
Genesis 21 in the MAAL
Genesis 21 in the MBV
Genesis 21 in the MBV2
Genesis 21 in the MHNT
Genesis 21 in the MKNFD
Genesis 21 in the MNG
Genesis 21 in the MNT
Genesis 21 in the MNT2
Genesis 21 in the MRS1T
Genesis 21 in the NAA
Genesis 21 in the NASB
Genesis 21 in the NBLA
Genesis 21 in the NBS
Genesis 21 in the NBVTP
Genesis 21 in the NET2
Genesis 21 in the NIV11
Genesis 21 in the NNT
Genesis 21 in the NNT2
Genesis 21 in the NNT3
Genesis 21 in the PDDPT
Genesis 21 in the PFNT
Genesis 21 in the RMNT
Genesis 21 in the SBIAS
Genesis 21 in the SBIBS
Genesis 21 in the SBIBS2
Genesis 21 in the SBICS
Genesis 21 in the SBIDS
Genesis 21 in the SBIGS
Genesis 21 in the SBIHS
Genesis 21 in the SBIIS
Genesis 21 in the SBIIS2
Genesis 21 in the SBIIS3
Genesis 21 in the SBIKS
Genesis 21 in the SBIKS2
Genesis 21 in the SBIMS
Genesis 21 in the SBIOS
Genesis 21 in the SBIPS
Genesis 21 in the SBISS
Genesis 21 in the SBITS
Genesis 21 in the SBITS2
Genesis 21 in the SBITS3
Genesis 21 in the SBITS4
Genesis 21 in the SBIUS
Genesis 21 in the SBIVS
Genesis 21 in the SBT
Genesis 21 in the SBT1E
Genesis 21 in the SCHL
Genesis 21 in the SNT
Genesis 21 in the SUSU
Genesis 21 in the SUSU2
Genesis 21 in the SYNO
Genesis 21 in the TBIAOTANT
Genesis 21 in the TBT1E
Genesis 21 in the TBT1E2
Genesis 21 in the TFTIP
Genesis 21 in the TFTU
Genesis 21 in the TGNTATF3T
Genesis 21 in the THAI
Genesis 21 in the TNFD
Genesis 21 in the TNT
Genesis 21 in the TNTIK
Genesis 21 in the TNTIL
Genesis 21 in the TNTIN
Genesis 21 in the TNTIP
Genesis 21 in the TNTIZ
Genesis 21 in the TOMA
Genesis 21 in the TTENT
Genesis 21 in the UBG
Genesis 21 in the UGV
Genesis 21 in the UGV2
Genesis 21 in the UGV3
Genesis 21 in the VBL
Genesis 21 in the VDCC
Genesis 21 in the YALU
Genesis 21 in the YAPE
Genesis 21 in the YBVTP
Genesis 21 in the ZBP