Genesis 36 (BOATCB)

1 Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ. 2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne 3 Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa. 4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. 5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no. 6 Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri. 7 Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. 8 Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so. 9 Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no. 10 Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. 11 Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom. 13 Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom. 14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:Yeus, Yalam ne Kora. 15 Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom. 17 Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom. 18 Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no. 19 Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no. 20 Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no. 22 Lotan mmammarima ne yeinom:Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa. 23 Sobal nso mmammarima ne yeinom:Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24 Na yeinom ne Sibeon mmammarima:Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no. 25 Ana mma nie:Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no. 26 Dison mmammarima nie:Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. 27 Eser mmammarima ne yeinom:Bilhan, Saawan ne Akan. 28 Yeinom ne Disan mma:Us ne Aran. 29 Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30 Dison, Eser ne Disan.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so. 31 Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene: 32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba. 33 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 34 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 35 Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit. 36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. 37 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene. 38 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene. 39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. 40 Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua, 41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua, 42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua, 43 Magdiel abusua ne Iram abusua.Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.

In Other Versions

Genesis 36 in the ANGEFD

Genesis 36 in the ANTPNG2D

Genesis 36 in the AS21

Genesis 36 in the BAGH

Genesis 36 in the BBPNG

Genesis 36 in the BBT1E

Genesis 36 in the BDS

Genesis 36 in the BEV

Genesis 36 in the BHAD

Genesis 36 in the BIB

Genesis 36 in the BLPT

Genesis 36 in the BNT

Genesis 36 in the BNTABOOT

Genesis 36 in the BNTLV

Genesis 36 in the BOATCB2

Genesis 36 in the BOBCV

Genesis 36 in the BOCNT

Genesis 36 in the BOECS

Genesis 36 in the BOGWICC

Genesis 36 in the BOHCB

Genesis 36 in the BOHCV

Genesis 36 in the BOHLNT

Genesis 36 in the BOHNTLTAL

Genesis 36 in the BOICB

Genesis 36 in the BOILNTAP

Genesis 36 in the BOITCV

Genesis 36 in the BOKCV

Genesis 36 in the BOKCV2

Genesis 36 in the BOKHWOG

Genesis 36 in the BOKSSV

Genesis 36 in the BOLCB

Genesis 36 in the BOLCB2

Genesis 36 in the BOMCV

Genesis 36 in the BONAV

Genesis 36 in the BONCB

Genesis 36 in the BONLT

Genesis 36 in the BONUT2

Genesis 36 in the BOPLNT

Genesis 36 in the BOSCB

Genesis 36 in the BOSNC

Genesis 36 in the BOTLNT

Genesis 36 in the BOVCB

Genesis 36 in the BOYCB

Genesis 36 in the BPBB

Genesis 36 in the BPH

Genesis 36 in the BSB

Genesis 36 in the CCB

Genesis 36 in the CUV

Genesis 36 in the CUVS

Genesis 36 in the DBT

Genesis 36 in the DGDNT

Genesis 36 in the DHNT

Genesis 36 in the DNT

Genesis 36 in the ELBE

Genesis 36 in the EMTV

Genesis 36 in the ESV

Genesis 36 in the FBV

Genesis 36 in the FEB

Genesis 36 in the GGMNT

Genesis 36 in the GNT

Genesis 36 in the HARY

Genesis 36 in the HNT

Genesis 36 in the IRVA

Genesis 36 in the IRVB

Genesis 36 in the IRVG

Genesis 36 in the IRVH

Genesis 36 in the IRVK

Genesis 36 in the IRVM

Genesis 36 in the IRVM2

Genesis 36 in the IRVO

Genesis 36 in the IRVP

Genesis 36 in the IRVT

Genesis 36 in the IRVT2

Genesis 36 in the IRVU

Genesis 36 in the ISVN

Genesis 36 in the JSNT

Genesis 36 in the KAPI

Genesis 36 in the KBT1ETNIK

Genesis 36 in the KBV

Genesis 36 in the KJV

Genesis 36 in the KNFD

Genesis 36 in the LBA

Genesis 36 in the LBLA

Genesis 36 in the LNT

Genesis 36 in the LSV

Genesis 36 in the MAAL

Genesis 36 in the MBV

Genesis 36 in the MBV2

Genesis 36 in the MHNT

Genesis 36 in the MKNFD

Genesis 36 in the MNG

Genesis 36 in the MNT

Genesis 36 in the MNT2

Genesis 36 in the MRS1T

Genesis 36 in the NAA

Genesis 36 in the NASB

Genesis 36 in the NBLA

Genesis 36 in the NBS

Genesis 36 in the NBVTP

Genesis 36 in the NET2

Genesis 36 in the NIV11

Genesis 36 in the NNT

Genesis 36 in the NNT2

Genesis 36 in the NNT3

Genesis 36 in the PDDPT

Genesis 36 in the PFNT

Genesis 36 in the RMNT

Genesis 36 in the SBIAS

Genesis 36 in the SBIBS

Genesis 36 in the SBIBS2

Genesis 36 in the SBICS

Genesis 36 in the SBIDS

Genesis 36 in the SBIGS

Genesis 36 in the SBIHS

Genesis 36 in the SBIIS

Genesis 36 in the SBIIS2

Genesis 36 in the SBIIS3

Genesis 36 in the SBIKS

Genesis 36 in the SBIKS2

Genesis 36 in the SBIMS

Genesis 36 in the SBIOS

Genesis 36 in the SBIPS

Genesis 36 in the SBISS

Genesis 36 in the SBITS

Genesis 36 in the SBITS2

Genesis 36 in the SBITS3

Genesis 36 in the SBITS4

Genesis 36 in the SBIUS

Genesis 36 in the SBIVS

Genesis 36 in the SBT

Genesis 36 in the SBT1E

Genesis 36 in the SCHL

Genesis 36 in the SNT

Genesis 36 in the SUSU

Genesis 36 in the SUSU2

Genesis 36 in the SYNO

Genesis 36 in the TBIAOTANT

Genesis 36 in the TBT1E

Genesis 36 in the TBT1E2

Genesis 36 in the TFTIP

Genesis 36 in the TFTU

Genesis 36 in the TGNTATF3T

Genesis 36 in the THAI

Genesis 36 in the TNFD

Genesis 36 in the TNT

Genesis 36 in the TNTIK

Genesis 36 in the TNTIL

Genesis 36 in the TNTIN

Genesis 36 in the TNTIP

Genesis 36 in the TNTIZ

Genesis 36 in the TOMA

Genesis 36 in the TTENT

Genesis 36 in the UBG

Genesis 36 in the UGV

Genesis 36 in the UGV2

Genesis 36 in the UGV3

Genesis 36 in the VBL

Genesis 36 in the VDCC

Genesis 36 in the YALU

Genesis 36 in the YAPE

Genesis 36 in the YBVTP

Genesis 36 in the ZBP