Genesis 39 (BOATCB)

1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam. 2 Na AWURADE ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie. 3 Yosef wura no hunuu sɛ, AWURADE ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, AWURADE hyiraa so maa no na 4 nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5 Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, AWURADE hyiraa Misraimni Potifar fie so. AWURADE hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so. 6 Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara.Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie. 7 Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!” 8 Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.” 10 Ɛwom sɛ ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie sɛ ɔne no bɛda. 11 Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu hɔ no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. 12 Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ. 13 Potifar yere no hunuu sɛ Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie hɔ no, 14 ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha sɛ ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me monnaa na meteateaam. 15 Ɔtee sɛ mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha.” 16 Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii sɛ ne kunu baeɛ. 17 Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me monnaa. 18 Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ hɔ.” 19 Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie” no, ne bo fuu yie. 20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no.Ɛberɛ a Yosef da afiase hɔ no, 21 na AWURADE ka ne ho. AWURADE yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie. 22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. 23 Esiane sɛ na AWURADE ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, AWURADE hyira so ma ɛsi yie.

In Other Versions

Genesis 39 in the ANGEFD

Genesis 39 in the ANTPNG2D

Genesis 39 in the AS21

Genesis 39 in the BAGH

Genesis 39 in the BBPNG

Genesis 39 in the BBT1E

Genesis 39 in the BDS

Genesis 39 in the BEV

Genesis 39 in the BHAD

Genesis 39 in the BIB

Genesis 39 in the BLPT

Genesis 39 in the BNT

Genesis 39 in the BNTABOOT

Genesis 39 in the BNTLV

Genesis 39 in the BOATCB2

Genesis 39 in the BOBCV

Genesis 39 in the BOCNT

Genesis 39 in the BOECS

Genesis 39 in the BOGWICC

Genesis 39 in the BOHCB

Genesis 39 in the BOHCV

Genesis 39 in the BOHLNT

Genesis 39 in the BOHNTLTAL

Genesis 39 in the BOICB

Genesis 39 in the BOILNTAP

Genesis 39 in the BOITCV

Genesis 39 in the BOKCV

Genesis 39 in the BOKCV2

Genesis 39 in the BOKHWOG

Genesis 39 in the BOKSSV

Genesis 39 in the BOLCB

Genesis 39 in the BOLCB2

Genesis 39 in the BOMCV

Genesis 39 in the BONAV

Genesis 39 in the BONCB

Genesis 39 in the BONLT

Genesis 39 in the BONUT2

Genesis 39 in the BOPLNT

Genesis 39 in the BOSCB

Genesis 39 in the BOSNC

Genesis 39 in the BOTLNT

Genesis 39 in the BOVCB

Genesis 39 in the BOYCB

Genesis 39 in the BPBB

Genesis 39 in the BPH

Genesis 39 in the BSB

Genesis 39 in the CCB

Genesis 39 in the CUV

Genesis 39 in the CUVS

Genesis 39 in the DBT

Genesis 39 in the DGDNT

Genesis 39 in the DHNT

Genesis 39 in the DNT

Genesis 39 in the ELBE

Genesis 39 in the EMTV

Genesis 39 in the ESV

Genesis 39 in the FBV

Genesis 39 in the FEB

Genesis 39 in the GGMNT

Genesis 39 in the GNT

Genesis 39 in the HARY

Genesis 39 in the HNT

Genesis 39 in the IRVA

Genesis 39 in the IRVB

Genesis 39 in the IRVG

Genesis 39 in the IRVH

Genesis 39 in the IRVK

Genesis 39 in the IRVM

Genesis 39 in the IRVM2

Genesis 39 in the IRVO

Genesis 39 in the IRVP

Genesis 39 in the IRVT

Genesis 39 in the IRVT2

Genesis 39 in the IRVU

Genesis 39 in the ISVN

Genesis 39 in the JSNT

Genesis 39 in the KAPI

Genesis 39 in the KBT1ETNIK

Genesis 39 in the KBV

Genesis 39 in the KJV

Genesis 39 in the KNFD

Genesis 39 in the LBA

Genesis 39 in the LBLA

Genesis 39 in the LNT

Genesis 39 in the LSV

Genesis 39 in the MAAL

Genesis 39 in the MBV

Genesis 39 in the MBV2

Genesis 39 in the MHNT

Genesis 39 in the MKNFD

Genesis 39 in the MNG

Genesis 39 in the MNT

Genesis 39 in the MNT2

Genesis 39 in the MRS1T

Genesis 39 in the NAA

Genesis 39 in the NASB

Genesis 39 in the NBLA

Genesis 39 in the NBS

Genesis 39 in the NBVTP

Genesis 39 in the NET2

Genesis 39 in the NIV11

Genesis 39 in the NNT

Genesis 39 in the NNT2

Genesis 39 in the NNT3

Genesis 39 in the PDDPT

Genesis 39 in the PFNT

Genesis 39 in the RMNT

Genesis 39 in the SBIAS

Genesis 39 in the SBIBS

Genesis 39 in the SBIBS2

Genesis 39 in the SBICS

Genesis 39 in the SBIDS

Genesis 39 in the SBIGS

Genesis 39 in the SBIHS

Genesis 39 in the SBIIS

Genesis 39 in the SBIIS2

Genesis 39 in the SBIIS3

Genesis 39 in the SBIKS

Genesis 39 in the SBIKS2

Genesis 39 in the SBIMS

Genesis 39 in the SBIOS

Genesis 39 in the SBIPS

Genesis 39 in the SBISS

Genesis 39 in the SBITS

Genesis 39 in the SBITS2

Genesis 39 in the SBITS3

Genesis 39 in the SBITS4

Genesis 39 in the SBIUS

Genesis 39 in the SBIVS

Genesis 39 in the SBT

Genesis 39 in the SBT1E

Genesis 39 in the SCHL

Genesis 39 in the SNT

Genesis 39 in the SUSU

Genesis 39 in the SUSU2

Genesis 39 in the SYNO

Genesis 39 in the TBIAOTANT

Genesis 39 in the TBT1E

Genesis 39 in the TBT1E2

Genesis 39 in the TFTIP

Genesis 39 in the TFTU

Genesis 39 in the TGNTATF3T

Genesis 39 in the THAI

Genesis 39 in the TNFD

Genesis 39 in the TNT

Genesis 39 in the TNTIK

Genesis 39 in the TNTIL

Genesis 39 in the TNTIN

Genesis 39 in the TNTIP

Genesis 39 in the TNTIZ

Genesis 39 in the TOMA

Genesis 39 in the TTENT

Genesis 39 in the UBG

Genesis 39 in the UGV

Genesis 39 in the UGV2

Genesis 39 in the UGV3

Genesis 39 in the VBL

Genesis 39 in the VDCC

Genesis 39 in the YALU

Genesis 39 in the YAPE

Genesis 39 in the YBVTP

Genesis 39 in the ZBP