Genesis 39 (BOATCB2)
1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam. 2 Na AWURADE ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. 3 Yosef wura no huu sɛ AWURADE ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, AWURADE hyiraa so maa no, na 4 Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5 Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, AWURADE hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. AWURADE hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so. 6 Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara.Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye. 7 Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!” 8 Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” 10 Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda. 11 Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 12 Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ. 13 Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, 14 ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. 15 Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.” 16 Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. 17 Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa. 18 Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.” 19 Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. 20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no.Bere a Yosef da afiase hɔ no, 21 na AWURADE ka ne ho. AWURADE yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye. 22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. 23 Esiane sɛ na AWURADE ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, AWURADE hyira so ma esi yiye.
In Other Versions
Genesis 39 in the ANGEFD
Genesis 39 in the ANTPNG2D
Genesis 39 in the AS21
Genesis 39 in the BAGH
Genesis 39 in the BBPNG
Genesis 39 in the BBT1E
Genesis 39 in the BDS
Genesis 39 in the BEV
Genesis 39 in the BHAD
Genesis 39 in the BIB
Genesis 39 in the BLPT
Genesis 39 in the BNT
Genesis 39 in the BNTABOOT
Genesis 39 in the BNTLV
Genesis 39 in the BOATCB
Genesis 39 in the BOBCV
Genesis 39 in the BOCNT
Genesis 39 in the BOECS
Genesis 39 in the BOGWICC
Genesis 39 in the BOHCB
Genesis 39 in the BOHCV
Genesis 39 in the BOHLNT
Genesis 39 in the BOHNTLTAL
Genesis 39 in the BOICB
Genesis 39 in the BOILNTAP
Genesis 39 in the BOITCV
Genesis 39 in the BOKCV
Genesis 39 in the BOKCV2
Genesis 39 in the BOKHWOG
Genesis 39 in the BOKSSV
Genesis 39 in the BOLCB
Genesis 39 in the BOLCB2
Genesis 39 in the BOMCV
Genesis 39 in the BONAV
Genesis 39 in the BONCB
Genesis 39 in the BONLT
Genesis 39 in the BONUT2
Genesis 39 in the BOPLNT
Genesis 39 in the BOSCB
Genesis 39 in the BOSNC
Genesis 39 in the BOTLNT
Genesis 39 in the BOVCB
Genesis 39 in the BOYCB
Genesis 39 in the BPBB
Genesis 39 in the BPH
Genesis 39 in the BSB
Genesis 39 in the CCB
Genesis 39 in the CUV
Genesis 39 in the CUVS
Genesis 39 in the DBT
Genesis 39 in the DGDNT
Genesis 39 in the DHNT
Genesis 39 in the DNT
Genesis 39 in the ELBE
Genesis 39 in the EMTV
Genesis 39 in the ESV
Genesis 39 in the FBV
Genesis 39 in the FEB
Genesis 39 in the GGMNT
Genesis 39 in the GNT
Genesis 39 in the HARY
Genesis 39 in the HNT
Genesis 39 in the IRVA
Genesis 39 in the IRVB
Genesis 39 in the IRVG
Genesis 39 in the IRVH
Genesis 39 in the IRVK
Genesis 39 in the IRVM
Genesis 39 in the IRVM2
Genesis 39 in the IRVO
Genesis 39 in the IRVP
Genesis 39 in the IRVT
Genesis 39 in the IRVT2
Genesis 39 in the IRVU
Genesis 39 in the ISVN
Genesis 39 in the JSNT
Genesis 39 in the KAPI
Genesis 39 in the KBT1ETNIK
Genesis 39 in the KBV
Genesis 39 in the KJV
Genesis 39 in the KNFD
Genesis 39 in the LBA
Genesis 39 in the LBLA
Genesis 39 in the LNT
Genesis 39 in the LSV
Genesis 39 in the MAAL
Genesis 39 in the MBV
Genesis 39 in the MBV2
Genesis 39 in the MHNT
Genesis 39 in the MKNFD
Genesis 39 in the MNG
Genesis 39 in the MNT
Genesis 39 in the MNT2
Genesis 39 in the MRS1T
Genesis 39 in the NAA
Genesis 39 in the NASB
Genesis 39 in the NBLA
Genesis 39 in the NBS
Genesis 39 in the NBVTP
Genesis 39 in the NET2
Genesis 39 in the NIV11
Genesis 39 in the NNT
Genesis 39 in the NNT2
Genesis 39 in the NNT3
Genesis 39 in the PDDPT
Genesis 39 in the PFNT
Genesis 39 in the RMNT
Genesis 39 in the SBIAS
Genesis 39 in the SBIBS
Genesis 39 in the SBIBS2
Genesis 39 in the SBICS
Genesis 39 in the SBIDS
Genesis 39 in the SBIGS
Genesis 39 in the SBIHS
Genesis 39 in the SBIIS
Genesis 39 in the SBIIS2
Genesis 39 in the SBIIS3
Genesis 39 in the SBIKS
Genesis 39 in the SBIKS2
Genesis 39 in the SBIMS
Genesis 39 in the SBIOS
Genesis 39 in the SBIPS
Genesis 39 in the SBISS
Genesis 39 in the SBITS
Genesis 39 in the SBITS2
Genesis 39 in the SBITS3
Genesis 39 in the SBITS4
Genesis 39 in the SBIUS
Genesis 39 in the SBIVS
Genesis 39 in the SBT
Genesis 39 in the SBT1E
Genesis 39 in the SCHL
Genesis 39 in the SNT
Genesis 39 in the SUSU
Genesis 39 in the SUSU2
Genesis 39 in the SYNO
Genesis 39 in the TBIAOTANT
Genesis 39 in the TBT1E
Genesis 39 in the TBT1E2
Genesis 39 in the TFTIP
Genesis 39 in the TFTU
Genesis 39 in the TGNTATF3T
Genesis 39 in the THAI
Genesis 39 in the TNFD
Genesis 39 in the TNT
Genesis 39 in the TNTIK
Genesis 39 in the TNTIL
Genesis 39 in the TNTIN
Genesis 39 in the TNTIP
Genesis 39 in the TNTIZ
Genesis 39 in the TOMA
Genesis 39 in the TTENT
Genesis 39 in the UBG
Genesis 39 in the UGV
Genesis 39 in the UGV2
Genesis 39 in the UGV3
Genesis 39 in the VBL
Genesis 39 in the VDCC
Genesis 39 in the YALU
Genesis 39 in the YAPE
Genesis 39 in the YBVTP
Genesis 39 in the ZBP