Haggai 2 (BOATCB)
1 Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, AWURADE de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ: 2 “Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ, 3 ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? 4 Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na AWURADE seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. AWURADE na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo AWURADE ka. 5 ‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’ 6 “Yei ne asɛm a Asafo AWURADE seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso. 7 Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo AWURADE seɛ. 8 ‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo AWURADE seɛ. 9 ‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo AWURADE ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo AWURADE na makasa.” 10 Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, AWURADE kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai. 11 “Asɛm a Asafo AWURADE ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. 12 Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ”Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.” 13 Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?”Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.” 14 Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi. 15 “ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto AWURADE asɔredan no fapem no. 16 Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ. 17 Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na AWURADE seɛ. 18 Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo AWURADE asɔredan fapem no ho yie. 19 Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa?“ ‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’ ” 20 AWURADE asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan: 21 “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase. 22 Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho. 23 “ ‘Ɛda no’ Asafo AWURADE ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo AWURADE, na makasa.”
In Other Versions
Haggai 2 in the ANGEFD
Haggai 2 in the ANTPNG2D
Haggai 2 in the AS21
Haggai 2 in the BAGH
Haggai 2 in the BBPNG
Haggai 2 in the BBT1E
Haggai 2 in the BDS
Haggai 2 in the BEV
Haggai 2 in the BHAD
Haggai 2 in the BIB
Haggai 2 in the BLPT
Haggai 2 in the BNT
Haggai 2 in the BNTABOOT
Haggai 2 in the BNTLV
Haggai 2 in the BOATCB2
Haggai 2 in the BOBCV
Haggai 2 in the BOCNT
Haggai 2 in the BOECS
Haggai 2 in the BOGWICC
Haggai 2 in the BOHCB
Haggai 2 in the BOHCV
Haggai 2 in the BOHLNT
Haggai 2 in the BOHNTLTAL
Haggai 2 in the BOICB
Haggai 2 in the BOILNTAP
Haggai 2 in the BOITCV
Haggai 2 in the BOKCV
Haggai 2 in the BOKCV2
Haggai 2 in the BOKHWOG
Haggai 2 in the BOKSSV
Haggai 2 in the BOLCB
Haggai 2 in the BOLCB2
Haggai 2 in the BOMCV
Haggai 2 in the BONAV
Haggai 2 in the BONCB
Haggai 2 in the BONLT
Haggai 2 in the BONUT2
Haggai 2 in the BOPLNT
Haggai 2 in the BOSCB
Haggai 2 in the BOSNC
Haggai 2 in the BOTLNT
Haggai 2 in the BOVCB
Haggai 2 in the BOYCB
Haggai 2 in the BPBB
Haggai 2 in the BPH
Haggai 2 in the BSB
Haggai 2 in the CCB
Haggai 2 in the CUV
Haggai 2 in the CUVS
Haggai 2 in the DBT
Haggai 2 in the DGDNT
Haggai 2 in the DHNT
Haggai 2 in the DNT
Haggai 2 in the ELBE
Haggai 2 in the EMTV
Haggai 2 in the ESV
Haggai 2 in the FBV
Haggai 2 in the FEB
Haggai 2 in the GGMNT
Haggai 2 in the GNT
Haggai 2 in the HARY
Haggai 2 in the HNT
Haggai 2 in the IRVA
Haggai 2 in the IRVB
Haggai 2 in the IRVG
Haggai 2 in the IRVH
Haggai 2 in the IRVK
Haggai 2 in the IRVM
Haggai 2 in the IRVM2
Haggai 2 in the IRVO
Haggai 2 in the IRVP
Haggai 2 in the IRVT
Haggai 2 in the IRVT2
Haggai 2 in the IRVU
Haggai 2 in the ISVN
Haggai 2 in the JSNT
Haggai 2 in the KAPI
Haggai 2 in the KBT1ETNIK
Haggai 2 in the KBV
Haggai 2 in the KJV
Haggai 2 in the KNFD
Haggai 2 in the LBA
Haggai 2 in the LBLA
Haggai 2 in the LNT
Haggai 2 in the LSV
Haggai 2 in the MAAL
Haggai 2 in the MBV
Haggai 2 in the MBV2
Haggai 2 in the MHNT
Haggai 2 in the MKNFD
Haggai 2 in the MNG
Haggai 2 in the MNT
Haggai 2 in the MNT2
Haggai 2 in the MRS1T
Haggai 2 in the NAA
Haggai 2 in the NASB
Haggai 2 in the NBLA
Haggai 2 in the NBS
Haggai 2 in the NBVTP
Haggai 2 in the NET2
Haggai 2 in the NIV11
Haggai 2 in the NNT
Haggai 2 in the NNT2
Haggai 2 in the NNT3
Haggai 2 in the PDDPT
Haggai 2 in the PFNT
Haggai 2 in the RMNT
Haggai 2 in the SBIAS
Haggai 2 in the SBIBS
Haggai 2 in the SBIBS2
Haggai 2 in the SBICS
Haggai 2 in the SBIDS
Haggai 2 in the SBIGS
Haggai 2 in the SBIHS
Haggai 2 in the SBIIS
Haggai 2 in the SBIIS2
Haggai 2 in the SBIIS3
Haggai 2 in the SBIKS
Haggai 2 in the SBIKS2
Haggai 2 in the SBIMS
Haggai 2 in the SBIOS
Haggai 2 in the SBIPS
Haggai 2 in the SBISS
Haggai 2 in the SBITS
Haggai 2 in the SBITS2
Haggai 2 in the SBITS3
Haggai 2 in the SBITS4
Haggai 2 in the SBIUS
Haggai 2 in the SBIVS
Haggai 2 in the SBT
Haggai 2 in the SBT1E
Haggai 2 in the SCHL
Haggai 2 in the SNT
Haggai 2 in the SUSU
Haggai 2 in the SUSU2
Haggai 2 in the SYNO
Haggai 2 in the TBIAOTANT
Haggai 2 in the TBT1E
Haggai 2 in the TBT1E2
Haggai 2 in the TFTIP
Haggai 2 in the TFTU
Haggai 2 in the TGNTATF3T
Haggai 2 in the THAI
Haggai 2 in the TNFD
Haggai 2 in the TNT
Haggai 2 in the TNTIK
Haggai 2 in the TNTIL
Haggai 2 in the TNTIN
Haggai 2 in the TNTIP
Haggai 2 in the TNTIZ
Haggai 2 in the TOMA
Haggai 2 in the TTENT
Haggai 2 in the UBG
Haggai 2 in the UGV
Haggai 2 in the UGV2
Haggai 2 in the UGV3
Haggai 2 in the VBL
Haggai 2 in the VDCC
Haggai 2 in the YALU
Haggai 2 in the YAPE
Haggai 2 in the YBVTP
Haggai 2 in the ZBP