Judges 15 (BOATCB)

1 Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan. 2 Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.” 3 Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.” 4 Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho. 5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa. 6 Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ. 7 Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” 8 Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam. 9 Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka. 10 Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?”Filistifoɔ no buaa sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka.” 11 Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?”Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.” 12 Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.”Samson kaa sɛ, “Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa deɛ, morenkum me.” 13 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu. 14 Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na AWURADE Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam. 15 Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. 16 Na Samson kaa sɛ,“Mede afunumu apantan,Ahɔre wɔn sɛ esie!Mede afunumu apantan,akunkum mmarima apem!” 17 Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ. 18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?” 19 Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ. 20 Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.

In Other Versions

Judges 15 in the ANGEFD

Judges 15 in the ANTPNG2D

Judges 15 in the AS21

Judges 15 in the BAGH

Judges 15 in the BBPNG

Judges 15 in the BBT1E

Judges 15 in the BDS

Judges 15 in the BEV

Judges 15 in the BHAD

Judges 15 in the BIB

Judges 15 in the BLPT

Judges 15 in the BNT

Judges 15 in the BNTABOOT

Judges 15 in the BNTLV

Judges 15 in the BOATCB2

Judges 15 in the BOBCV

Judges 15 in the BOCNT

Judges 15 in the BOECS

Judges 15 in the BOGWICC

Judges 15 in the BOHCB

Judges 15 in the BOHCV

Judges 15 in the BOHLNT

Judges 15 in the BOHNTLTAL

Judges 15 in the BOICB

Judges 15 in the BOILNTAP

Judges 15 in the BOITCV

Judges 15 in the BOKCV

Judges 15 in the BOKCV2

Judges 15 in the BOKHWOG

Judges 15 in the BOKSSV

Judges 15 in the BOLCB

Judges 15 in the BOLCB2

Judges 15 in the BOMCV

Judges 15 in the BONAV

Judges 15 in the BONCB

Judges 15 in the BONLT

Judges 15 in the BONUT2

Judges 15 in the BOPLNT

Judges 15 in the BOSCB

Judges 15 in the BOSNC

Judges 15 in the BOTLNT

Judges 15 in the BOVCB

Judges 15 in the BOYCB

Judges 15 in the BPBB

Judges 15 in the BPH

Judges 15 in the BSB

Judges 15 in the CCB

Judges 15 in the CUV

Judges 15 in the CUVS

Judges 15 in the DBT

Judges 15 in the DGDNT

Judges 15 in the DHNT

Judges 15 in the DNT

Judges 15 in the ELBE

Judges 15 in the EMTV

Judges 15 in the ESV

Judges 15 in the FBV

Judges 15 in the FEB

Judges 15 in the GGMNT

Judges 15 in the GNT

Judges 15 in the HARY

Judges 15 in the HNT

Judges 15 in the IRVA

Judges 15 in the IRVB

Judges 15 in the IRVG

Judges 15 in the IRVH

Judges 15 in the IRVK

Judges 15 in the IRVM

Judges 15 in the IRVM2

Judges 15 in the IRVO

Judges 15 in the IRVP

Judges 15 in the IRVT

Judges 15 in the IRVT2

Judges 15 in the IRVU

Judges 15 in the ISVN

Judges 15 in the JSNT

Judges 15 in the KAPI

Judges 15 in the KBT1ETNIK

Judges 15 in the KBV

Judges 15 in the KJV

Judges 15 in the KNFD

Judges 15 in the LBA

Judges 15 in the LBLA

Judges 15 in the LNT

Judges 15 in the LSV

Judges 15 in the MAAL

Judges 15 in the MBV

Judges 15 in the MBV2

Judges 15 in the MHNT

Judges 15 in the MKNFD

Judges 15 in the MNG

Judges 15 in the MNT

Judges 15 in the MNT2

Judges 15 in the MRS1T

Judges 15 in the NAA

Judges 15 in the NASB

Judges 15 in the NBLA

Judges 15 in the NBS

Judges 15 in the NBVTP

Judges 15 in the NET2

Judges 15 in the NIV11

Judges 15 in the NNT

Judges 15 in the NNT2

Judges 15 in the NNT3

Judges 15 in the PDDPT

Judges 15 in the PFNT

Judges 15 in the RMNT

Judges 15 in the SBIAS

Judges 15 in the SBIBS

Judges 15 in the SBIBS2

Judges 15 in the SBICS

Judges 15 in the SBIDS

Judges 15 in the SBIGS

Judges 15 in the SBIHS

Judges 15 in the SBIIS

Judges 15 in the SBIIS2

Judges 15 in the SBIIS3

Judges 15 in the SBIKS

Judges 15 in the SBIKS2

Judges 15 in the SBIMS

Judges 15 in the SBIOS

Judges 15 in the SBIPS

Judges 15 in the SBISS

Judges 15 in the SBITS

Judges 15 in the SBITS2

Judges 15 in the SBITS3

Judges 15 in the SBITS4

Judges 15 in the SBIUS

Judges 15 in the SBIVS

Judges 15 in the SBT

Judges 15 in the SBT1E

Judges 15 in the SCHL

Judges 15 in the SNT

Judges 15 in the SUSU

Judges 15 in the SUSU2

Judges 15 in the SYNO

Judges 15 in the TBIAOTANT

Judges 15 in the TBT1E

Judges 15 in the TBT1E2

Judges 15 in the TFTIP

Judges 15 in the TFTU

Judges 15 in the TGNTATF3T

Judges 15 in the THAI

Judges 15 in the TNFD

Judges 15 in the TNT

Judges 15 in the TNTIK

Judges 15 in the TNTIL

Judges 15 in the TNTIN

Judges 15 in the TNTIP

Judges 15 in the TNTIZ

Judges 15 in the TOMA

Judges 15 in the TTENT

Judges 15 in the UBG

Judges 15 in the UGV

Judges 15 in the UGV2

Judges 15 in the UGV3

Judges 15 in the VBL

Judges 15 in the VDCC

Judges 15 in the YALU

Judges 15 in the YAPE

Judges 15 in the YBVTP

Judges 15 in the ZBP