Judges 15 (BOATCB2)
1 Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan. 2 Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.” 3 Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.” 4 Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho. 5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa. 6 Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui. 7 Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” 8 Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam. 9 Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka. 10 Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?”Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.” 11 Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?”Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.” 12 Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.”Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.” 13 Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu. 14 Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na AWURADE Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam. 15 Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem. 16 Na Samson kae se,“Mede afurum abogye,Ahɔre wɔn sɛ siw!Mede afurum abogye,akunkum mmarima apem!” 17 Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw. 18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ AWURADE sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?” 19 Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ. 20 Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no.
In Other Versions
Judges 15 in the ANGEFD
Judges 15 in the ANTPNG2D
Judges 15 in the AS21
Judges 15 in the BAGH
Judges 15 in the BBPNG
Judges 15 in the BBT1E
Judges 15 in the BDS
Judges 15 in the BEV
Judges 15 in the BHAD
Judges 15 in the BIB
Judges 15 in the BLPT
Judges 15 in the BNT
Judges 15 in the BNTABOOT
Judges 15 in the BNTLV
Judges 15 in the BOATCB
Judges 15 in the BOBCV
Judges 15 in the BOCNT
Judges 15 in the BOECS
Judges 15 in the BOGWICC
Judges 15 in the BOHCB
Judges 15 in the BOHCV
Judges 15 in the BOHLNT
Judges 15 in the BOHNTLTAL
Judges 15 in the BOICB
Judges 15 in the BOILNTAP
Judges 15 in the BOITCV
Judges 15 in the BOKCV
Judges 15 in the BOKCV2
Judges 15 in the BOKHWOG
Judges 15 in the BOKSSV
Judges 15 in the BOLCB
Judges 15 in the BOLCB2
Judges 15 in the BOMCV
Judges 15 in the BONAV
Judges 15 in the BONCB
Judges 15 in the BONLT
Judges 15 in the BONUT2
Judges 15 in the BOPLNT
Judges 15 in the BOSCB
Judges 15 in the BOSNC
Judges 15 in the BOTLNT
Judges 15 in the BOVCB
Judges 15 in the BOYCB
Judges 15 in the BPBB
Judges 15 in the BPH
Judges 15 in the BSB
Judges 15 in the CCB
Judges 15 in the CUV
Judges 15 in the CUVS
Judges 15 in the DBT
Judges 15 in the DGDNT
Judges 15 in the DHNT
Judges 15 in the DNT
Judges 15 in the ELBE
Judges 15 in the EMTV
Judges 15 in the ESV
Judges 15 in the FBV
Judges 15 in the FEB
Judges 15 in the GGMNT
Judges 15 in the GNT
Judges 15 in the HARY
Judges 15 in the HNT
Judges 15 in the IRVA
Judges 15 in the IRVB
Judges 15 in the IRVG
Judges 15 in the IRVH
Judges 15 in the IRVK
Judges 15 in the IRVM
Judges 15 in the IRVM2
Judges 15 in the IRVO
Judges 15 in the IRVP
Judges 15 in the IRVT
Judges 15 in the IRVT2
Judges 15 in the IRVU
Judges 15 in the ISVN
Judges 15 in the JSNT
Judges 15 in the KAPI
Judges 15 in the KBT1ETNIK
Judges 15 in the KBV
Judges 15 in the KJV
Judges 15 in the KNFD
Judges 15 in the LBA
Judges 15 in the LBLA
Judges 15 in the LNT
Judges 15 in the LSV
Judges 15 in the MAAL
Judges 15 in the MBV
Judges 15 in the MBV2
Judges 15 in the MHNT
Judges 15 in the MKNFD
Judges 15 in the MNG
Judges 15 in the MNT
Judges 15 in the MNT2
Judges 15 in the MRS1T
Judges 15 in the NAA
Judges 15 in the NASB
Judges 15 in the NBLA
Judges 15 in the NBS
Judges 15 in the NBVTP
Judges 15 in the NET2
Judges 15 in the NIV11
Judges 15 in the NNT
Judges 15 in the NNT2
Judges 15 in the NNT3
Judges 15 in the PDDPT
Judges 15 in the PFNT
Judges 15 in the RMNT
Judges 15 in the SBIAS
Judges 15 in the SBIBS
Judges 15 in the SBIBS2
Judges 15 in the SBICS
Judges 15 in the SBIDS
Judges 15 in the SBIGS
Judges 15 in the SBIHS
Judges 15 in the SBIIS
Judges 15 in the SBIIS2
Judges 15 in the SBIIS3
Judges 15 in the SBIKS
Judges 15 in the SBIKS2
Judges 15 in the SBIMS
Judges 15 in the SBIOS
Judges 15 in the SBIPS
Judges 15 in the SBISS
Judges 15 in the SBITS
Judges 15 in the SBITS2
Judges 15 in the SBITS3
Judges 15 in the SBITS4
Judges 15 in the SBIUS
Judges 15 in the SBIVS
Judges 15 in the SBT
Judges 15 in the SBT1E
Judges 15 in the SCHL
Judges 15 in the SNT
Judges 15 in the SUSU
Judges 15 in the SUSU2
Judges 15 in the SYNO
Judges 15 in the TBIAOTANT
Judges 15 in the TBT1E
Judges 15 in the TBT1E2
Judges 15 in the TFTIP
Judges 15 in the TFTU
Judges 15 in the TGNTATF3T
Judges 15 in the THAI
Judges 15 in the TNFD
Judges 15 in the TNT
Judges 15 in the TNTIK
Judges 15 in the TNTIL
Judges 15 in the TNTIN
Judges 15 in the TNTIP
Judges 15 in the TNTIZ
Judges 15 in the TOMA
Judges 15 in the TTENT
Judges 15 in the UBG
Judges 15 in the UGV
Judges 15 in the UGV2
Judges 15 in the UGV3
Judges 15 in the VBL
Judges 15 in the VDCC
Judges 15 in the YALU
Judges 15 in the YAPE
Judges 15 in the YBVTP
Judges 15 in the ZBP