Jeremiah 18 (BOATCB)

1 Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 “Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” 3 Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so. 4 Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no. 5 Afei, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 6 “Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” AWURADE na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ. 7 Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, 8 na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio. 9 Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ, 10 na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho. 11 “Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ AWURADE seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ 12 Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ” 13 Ɛno enti deɛ AWURADE seɛ nie,“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,hwan na wate biribi sɛi pɛn?Ɔbaabunu Israel ayɛadeɛ bi a ɛyɛ hu yie. 14 Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanonnane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyirigyae sene anaa? 15 Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan sone tete atempɔn so.Wɔma wɔfa akwan nkyɛnne akwan a wɔmmɔeɛ so. 16 Wɔn asase bɛda mpan,na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔnna wɔbɛwosowoso wɔn ti. 17 Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ animte sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no.Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,wɔ wɔn amanehunu da no.” 18 Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.” 19 Yɛ aso ma me, Ao, AWURADE;tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka! 20 Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?Nanso wɔatu amena ama me.Kae sɛ megyinaa wʼanimna mekasa maa wɔnsɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so. 21 Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;yi wɔn ma akofena.Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;ma wɔnkunkum wɔn mmarimana wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu. 22 Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie muɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim,ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me,na wɔasumsum me nan mfidie. 23 Nanso wonim Ao, AWURADE,ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me.Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so.Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim;na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.

In Other Versions

Jeremiah 18 in the ANGEFD

Jeremiah 18 in the ANTPNG2D

Jeremiah 18 in the AS21

Jeremiah 18 in the BAGH

Jeremiah 18 in the BBPNG

Jeremiah 18 in the BBT1E

Jeremiah 18 in the BDS

Jeremiah 18 in the BEV

Jeremiah 18 in the BHAD

Jeremiah 18 in the BIB

Jeremiah 18 in the BLPT

Jeremiah 18 in the BNT

Jeremiah 18 in the BNTABOOT

Jeremiah 18 in the BNTLV

Jeremiah 18 in the BOATCB2

Jeremiah 18 in the BOBCV

Jeremiah 18 in the BOCNT

Jeremiah 18 in the BOECS

Jeremiah 18 in the BOGWICC

Jeremiah 18 in the BOHCB

Jeremiah 18 in the BOHCV

Jeremiah 18 in the BOHLNT

Jeremiah 18 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 18 in the BOICB

Jeremiah 18 in the BOILNTAP

Jeremiah 18 in the BOITCV

Jeremiah 18 in the BOKCV

Jeremiah 18 in the BOKCV2

Jeremiah 18 in the BOKHWOG

Jeremiah 18 in the BOKSSV

Jeremiah 18 in the BOLCB

Jeremiah 18 in the BOLCB2

Jeremiah 18 in the BOMCV

Jeremiah 18 in the BONAV

Jeremiah 18 in the BONCB

Jeremiah 18 in the BONLT

Jeremiah 18 in the BONUT2

Jeremiah 18 in the BOPLNT

Jeremiah 18 in the BOSCB

Jeremiah 18 in the BOSNC

Jeremiah 18 in the BOTLNT

Jeremiah 18 in the BOVCB

Jeremiah 18 in the BOYCB

Jeremiah 18 in the BPBB

Jeremiah 18 in the BPH

Jeremiah 18 in the BSB

Jeremiah 18 in the CCB

Jeremiah 18 in the CUV

Jeremiah 18 in the CUVS

Jeremiah 18 in the DBT

Jeremiah 18 in the DGDNT

Jeremiah 18 in the DHNT

Jeremiah 18 in the DNT

Jeremiah 18 in the ELBE

Jeremiah 18 in the EMTV

Jeremiah 18 in the ESV

Jeremiah 18 in the FBV

Jeremiah 18 in the FEB

Jeremiah 18 in the GGMNT

Jeremiah 18 in the GNT

Jeremiah 18 in the HARY

Jeremiah 18 in the HNT

Jeremiah 18 in the IRVA

Jeremiah 18 in the IRVB

Jeremiah 18 in the IRVG

Jeremiah 18 in the IRVH

Jeremiah 18 in the IRVK

Jeremiah 18 in the IRVM

Jeremiah 18 in the IRVM2

Jeremiah 18 in the IRVO

Jeremiah 18 in the IRVP

Jeremiah 18 in the IRVT

Jeremiah 18 in the IRVT2

Jeremiah 18 in the IRVU

Jeremiah 18 in the ISVN

Jeremiah 18 in the JSNT

Jeremiah 18 in the KAPI

Jeremiah 18 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 18 in the KBV

Jeremiah 18 in the KJV

Jeremiah 18 in the KNFD

Jeremiah 18 in the LBA

Jeremiah 18 in the LBLA

Jeremiah 18 in the LNT

Jeremiah 18 in the LSV

Jeremiah 18 in the MAAL

Jeremiah 18 in the MBV

Jeremiah 18 in the MBV2

Jeremiah 18 in the MHNT

Jeremiah 18 in the MKNFD

Jeremiah 18 in the MNG

Jeremiah 18 in the MNT

Jeremiah 18 in the MNT2

Jeremiah 18 in the MRS1T

Jeremiah 18 in the NAA

Jeremiah 18 in the NASB

Jeremiah 18 in the NBLA

Jeremiah 18 in the NBS

Jeremiah 18 in the NBVTP

Jeremiah 18 in the NET2

Jeremiah 18 in the NIV11

Jeremiah 18 in the NNT

Jeremiah 18 in the NNT2

Jeremiah 18 in the NNT3

Jeremiah 18 in the PDDPT

Jeremiah 18 in the PFNT

Jeremiah 18 in the RMNT

Jeremiah 18 in the SBIAS

Jeremiah 18 in the SBIBS

Jeremiah 18 in the SBIBS2

Jeremiah 18 in the SBICS

Jeremiah 18 in the SBIDS

Jeremiah 18 in the SBIGS

Jeremiah 18 in the SBIHS

Jeremiah 18 in the SBIIS

Jeremiah 18 in the SBIIS2

Jeremiah 18 in the SBIIS3

Jeremiah 18 in the SBIKS

Jeremiah 18 in the SBIKS2

Jeremiah 18 in the SBIMS

Jeremiah 18 in the SBIOS

Jeremiah 18 in the SBIPS

Jeremiah 18 in the SBISS

Jeremiah 18 in the SBITS

Jeremiah 18 in the SBITS2

Jeremiah 18 in the SBITS3

Jeremiah 18 in the SBITS4

Jeremiah 18 in the SBIUS

Jeremiah 18 in the SBIVS

Jeremiah 18 in the SBT

Jeremiah 18 in the SBT1E

Jeremiah 18 in the SCHL

Jeremiah 18 in the SNT

Jeremiah 18 in the SUSU

Jeremiah 18 in the SUSU2

Jeremiah 18 in the SYNO

Jeremiah 18 in the TBIAOTANT

Jeremiah 18 in the TBT1E

Jeremiah 18 in the TBT1E2

Jeremiah 18 in the TFTIP

Jeremiah 18 in the TFTU

Jeremiah 18 in the TGNTATF3T

Jeremiah 18 in the THAI

Jeremiah 18 in the TNFD

Jeremiah 18 in the TNT

Jeremiah 18 in the TNTIK

Jeremiah 18 in the TNTIL

Jeremiah 18 in the TNTIN

Jeremiah 18 in the TNTIP

Jeremiah 18 in the TNTIZ

Jeremiah 18 in the TOMA

Jeremiah 18 in the TTENT

Jeremiah 18 in the UBG

Jeremiah 18 in the UGV

Jeremiah 18 in the UGV2

Jeremiah 18 in the UGV3

Jeremiah 18 in the VBL

Jeremiah 18 in the VDCC

Jeremiah 18 in the YALU

Jeremiah 18 in the YAPE

Jeremiah 18 in the YBVTP

Jeremiah 18 in the ZBP