John 4 (BOATCB)

1 Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn. 2 Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu. 3 Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea. 4 Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu. 7 Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.” 8 Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane. 9 Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ. 10 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.” 11 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri? 12 Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?” 13 Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, 14 nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” 15 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.” 16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.” 17 Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.”Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no. 18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.” 19 Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20 Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. 22 Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. 23 Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. 24 Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.” 25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.” 26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.” 27 Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no. 28 Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ, 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu. 31 Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.” 32 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.” 33 Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?” 34 Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no. 35 Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru! 36 Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. 37 Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ 38 Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.” 39 Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. 40 Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn. 41 Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ. 42 Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.” 43 Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea. 44 Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne ɔman mu deɛ, nanso 45 ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no. 46 Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47 tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no. 48 Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?” 49 Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!”Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie. 51 Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den. 52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.” 53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ. 54 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.

In Other Versions

John 4 in the ANGEFD

John 4 in the ANTPNG2D

John 4 in the AS21

John 4 in the BAGH

John 4 in the BBPNG

John 4 in the BBT1E

John 4 in the BDS

John 4 in the BEV

John 4 in the BHAD

John 4 in the BIB

John 4 in the BLPT

John 4 in the BNT

John 4 in the BNTABOOT

John 4 in the BNTLV

John 4 in the BOATCB2

John 4 in the BOBCV

John 4 in the BOCNT

John 4 in the BOECS

John 4 in the BOGWICC

John 4 in the BOHCB

John 4 in the BOHCV

John 4 in the BOHLNT

John 4 in the BOHNTLTAL

John 4 in the BOICB

John 4 in the BOILNTAP

John 4 in the BOITCV

John 4 in the BOKCV

John 4 in the BOKCV2

John 4 in the BOKHWOG

John 4 in the BOKSSV

John 4 in the BOLCB

John 4 in the BOLCB2

John 4 in the BOMCV

John 4 in the BONAV

John 4 in the BONCB

John 4 in the BONLT

John 4 in the BONUT2

John 4 in the BOPLNT

John 4 in the BOSCB

John 4 in the BOSNC

John 4 in the BOTLNT

John 4 in the BOVCB

John 4 in the BOYCB

John 4 in the BPBB

John 4 in the BPH

John 4 in the BSB

John 4 in the CCB

John 4 in the CUV

John 4 in the CUVS

John 4 in the DBT

John 4 in the DGDNT

John 4 in the DHNT

John 4 in the DNT

John 4 in the ELBE

John 4 in the EMTV

John 4 in the ESV

John 4 in the FBV

John 4 in the FEB

John 4 in the GGMNT

John 4 in the GNT

John 4 in the HARY

John 4 in the HNT

John 4 in the IRVA

John 4 in the IRVB

John 4 in the IRVG

John 4 in the IRVH

John 4 in the IRVK

John 4 in the IRVM

John 4 in the IRVM2

John 4 in the IRVO

John 4 in the IRVP

John 4 in the IRVT

John 4 in the IRVT2

John 4 in the IRVU

John 4 in the ISVN

John 4 in the JSNT

John 4 in the KAPI

John 4 in the KBT1ETNIK

John 4 in the KBV

John 4 in the KJV

John 4 in the KNFD

John 4 in the LBA

John 4 in the LBLA

John 4 in the LNT

John 4 in the LSV

John 4 in the MAAL

John 4 in the MBV

John 4 in the MBV2

John 4 in the MHNT

John 4 in the MKNFD

John 4 in the MNG

John 4 in the MNT

John 4 in the MNT2

John 4 in the MRS1T

John 4 in the NAA

John 4 in the NASB

John 4 in the NBLA

John 4 in the NBS

John 4 in the NBVTP

John 4 in the NET2

John 4 in the NIV11

John 4 in the NNT

John 4 in the NNT2

John 4 in the NNT3

John 4 in the PDDPT

John 4 in the PFNT

John 4 in the RMNT

John 4 in the SBIAS

John 4 in the SBIBS

John 4 in the SBIBS2

John 4 in the SBICS

John 4 in the SBIDS

John 4 in the SBIGS

John 4 in the SBIHS

John 4 in the SBIIS

John 4 in the SBIIS2

John 4 in the SBIIS3

John 4 in the SBIKS

John 4 in the SBIKS2

John 4 in the SBIMS

John 4 in the SBIOS

John 4 in the SBIPS

John 4 in the SBISS

John 4 in the SBITS

John 4 in the SBITS2

John 4 in the SBITS3

John 4 in the SBITS4

John 4 in the SBIUS

John 4 in the SBIVS

John 4 in the SBT

John 4 in the SBT1E

John 4 in the SCHL

John 4 in the SNT

John 4 in the SUSU

John 4 in the SUSU2

John 4 in the SYNO

John 4 in the TBIAOTANT

John 4 in the TBT1E

John 4 in the TBT1E2

John 4 in the TFTIP

John 4 in the TFTU

John 4 in the TGNTATF3T

John 4 in the THAI

John 4 in the TNFD

John 4 in the TNT

John 4 in the TNTIK

John 4 in the TNTIL

John 4 in the TNTIN

John 4 in the TNTIP

John 4 in the TNTIZ

John 4 in the TOMA

John 4 in the TTENT

John 4 in the UBG

John 4 in the UGV

John 4 in the UGV2

John 4 in the UGV3

John 4 in the VBL

John 4 in the VDCC

John 4 in the YALU

John 4 in the YAPE

John 4 in the YBVTP

John 4 in the ZBP