Joshua 17 (BOATCB)
1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.) 2 Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida. 3 Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4 Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.”Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no. 5 Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6 ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no). 7 Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat kɔ anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no. 8 (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) 9 Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) 10 Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no yɛ Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso wɔ Manase, na Ɛpo kɛseɛ no yɛ Manase asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam. 11 Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ. 12 Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no. 13 Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so. 14 Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a AWURADE ama yɛn ase adɔre?” 15 Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.” 16 Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.” 17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho. 18 Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”
In Other Versions
Joshua 17 in the ANGEFD
Joshua 17 in the ANTPNG2D
Joshua 17 in the AS21
Joshua 17 in the BAGH
Joshua 17 in the BBPNG
Joshua 17 in the BBT1E
Joshua 17 in the BDS
Joshua 17 in the BEV
Joshua 17 in the BHAD
Joshua 17 in the BIB
Joshua 17 in the BLPT
Joshua 17 in the BNT
Joshua 17 in the BNTABOOT
Joshua 17 in the BNTLV
Joshua 17 in the BOATCB2
Joshua 17 in the BOBCV
Joshua 17 in the BOCNT
Joshua 17 in the BOECS
Joshua 17 in the BOGWICC
Joshua 17 in the BOHCB
Joshua 17 in the BOHCV
Joshua 17 in the BOHLNT
Joshua 17 in the BOHNTLTAL
Joshua 17 in the BOICB
Joshua 17 in the BOILNTAP
Joshua 17 in the BOITCV
Joshua 17 in the BOKCV
Joshua 17 in the BOKCV2
Joshua 17 in the BOKHWOG
Joshua 17 in the BOKSSV
Joshua 17 in the BOLCB
Joshua 17 in the BOLCB2
Joshua 17 in the BOMCV
Joshua 17 in the BONAV
Joshua 17 in the BONCB
Joshua 17 in the BONLT
Joshua 17 in the BONUT2
Joshua 17 in the BOPLNT
Joshua 17 in the BOSCB
Joshua 17 in the BOSNC
Joshua 17 in the BOTLNT
Joshua 17 in the BOVCB
Joshua 17 in the BOYCB
Joshua 17 in the BPBB
Joshua 17 in the BPH
Joshua 17 in the BSB
Joshua 17 in the CCB
Joshua 17 in the CUV
Joshua 17 in the CUVS
Joshua 17 in the DBT
Joshua 17 in the DGDNT
Joshua 17 in the DHNT
Joshua 17 in the DNT
Joshua 17 in the ELBE
Joshua 17 in the EMTV
Joshua 17 in the ESV
Joshua 17 in the FBV
Joshua 17 in the FEB
Joshua 17 in the GGMNT
Joshua 17 in the GNT
Joshua 17 in the HARY
Joshua 17 in the HNT
Joshua 17 in the IRVA
Joshua 17 in the IRVB
Joshua 17 in the IRVG
Joshua 17 in the IRVH
Joshua 17 in the IRVK
Joshua 17 in the IRVM
Joshua 17 in the IRVM2
Joshua 17 in the IRVO
Joshua 17 in the IRVP
Joshua 17 in the IRVT
Joshua 17 in the IRVT2
Joshua 17 in the IRVU
Joshua 17 in the ISVN
Joshua 17 in the JSNT
Joshua 17 in the KAPI
Joshua 17 in the KBT1ETNIK
Joshua 17 in the KBV
Joshua 17 in the KJV
Joshua 17 in the KNFD
Joshua 17 in the LBA
Joshua 17 in the LBLA
Joshua 17 in the LNT
Joshua 17 in the LSV
Joshua 17 in the MAAL
Joshua 17 in the MBV
Joshua 17 in the MBV2
Joshua 17 in the MHNT
Joshua 17 in the MKNFD
Joshua 17 in the MNG
Joshua 17 in the MNT
Joshua 17 in the MNT2
Joshua 17 in the MRS1T
Joshua 17 in the NAA
Joshua 17 in the NASB
Joshua 17 in the NBLA
Joshua 17 in the NBS
Joshua 17 in the NBVTP
Joshua 17 in the NET2
Joshua 17 in the NIV11
Joshua 17 in the NNT
Joshua 17 in the NNT2
Joshua 17 in the NNT3
Joshua 17 in the PDDPT
Joshua 17 in the PFNT
Joshua 17 in the RMNT
Joshua 17 in the SBIAS
Joshua 17 in the SBIBS
Joshua 17 in the SBIBS2
Joshua 17 in the SBICS
Joshua 17 in the SBIDS
Joshua 17 in the SBIGS
Joshua 17 in the SBIHS
Joshua 17 in the SBIIS
Joshua 17 in the SBIIS2
Joshua 17 in the SBIIS3
Joshua 17 in the SBIKS
Joshua 17 in the SBIKS2
Joshua 17 in the SBIMS
Joshua 17 in the SBIOS
Joshua 17 in the SBIPS
Joshua 17 in the SBISS
Joshua 17 in the SBITS
Joshua 17 in the SBITS2
Joshua 17 in the SBITS3
Joshua 17 in the SBITS4
Joshua 17 in the SBIUS
Joshua 17 in the SBIVS
Joshua 17 in the SBT
Joshua 17 in the SBT1E
Joshua 17 in the SCHL
Joshua 17 in the SNT
Joshua 17 in the SUSU
Joshua 17 in the SUSU2
Joshua 17 in the SYNO
Joshua 17 in the TBIAOTANT
Joshua 17 in the TBT1E
Joshua 17 in the TBT1E2
Joshua 17 in the TFTIP
Joshua 17 in the TFTU
Joshua 17 in the TGNTATF3T
Joshua 17 in the THAI
Joshua 17 in the TNFD
Joshua 17 in the TNT
Joshua 17 in the TNTIK
Joshua 17 in the TNTIL
Joshua 17 in the TNTIN
Joshua 17 in the TNTIP
Joshua 17 in the TNTIZ
Joshua 17 in the TOMA
Joshua 17 in the TTENT
Joshua 17 in the UBG
Joshua 17 in the UGV
Joshua 17 in the UGV2
Joshua 17 in the UGV3
Joshua 17 in the VBL
Joshua 17 in the VDCC
Joshua 17 in the YALU
Joshua 17 in the YAPE
Joshua 17 in the YBVTP
Joshua 17 in the ZBP