Joshua 19 (BOATCB)

1 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ Simeon abusuakuo no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. 2 Na deɛ ɛdidi soɔ yi ne Simeon agyapadeɛ:Beer-Seba, Seba ne Molada, 3 Hasar-Sual, Bala ne Esem, 4 Eltolad, Betul ne Horma, 5 Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa, 6 Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkuro dumiɛnsa ne wɔn nkuraaseɛ. 7 Nkuro a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkuro ɛnan ne wɔn nkuraaseɛ, 8 ne nkuraaseɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Baalat-Beer (a wɔfrɛ no Rama a ɛwɔ Negeb).Yei ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuo mu no agyapadeɛ. 9 Wɔn agyapadeɛ no yɛ Yuda deɛ no fa bi a wɔde maa Yuda, ɛfiri sɛ, na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno enti, Simeon abusuakuo no nyaa wɔn agyapadeɛ firii Yuda asase no mu. 10 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam.Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid. 11 Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho. 12 Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia. 13 Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea. 14 Sebulon ɛhyeɛ a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ɛbɛwiee wɔ Yifta-El bɔnhwa mu. 15 Nkuro ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia. 16 Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no agyapadeɛ. 17 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no nsam. 18 Nʼahyeɛ nenam saa nkuro yi so:Yesreel, Kesulot ne Sunem, 19 Hafraim, Shion ne Anaharat, 20 Rabit, Kision ne Abes, 21 Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases. 22 Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho.Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. 23 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no agyapadeɛ. 24 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam. 25 Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so:Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, 26 Alamelek, Amad ne Misal. Ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam no firi Karmel kɔ Sihor-Libnat, 27 na ɛbuka fa apueeɛ fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kɔsi Sebulon wɔ Yifta-El bɔnhwa no mu, kɔ atifi fam kɔduru Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul, 28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kɔsi Sidon Kɛseɛ. 29 Afei ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no bɛsi Ɛpo Kɛseɛ no ho wɔ Hosa. Nkuro a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, 30 Uma, Afek ne Rehob.Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. 31 Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ. 32 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam. 33 Ne ɛhyeɛ no firi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan. 34 Atɔeɛ fam ɛhyeɛ no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kɔsi Sebulon ɛhyeɛ no wɔ anafoɔ fam, Aser ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apueeɛ fam. 35 Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret, 36 Adama, Rama ne Hasor, 37 Kedes, Edrei ne En-Hasor, 38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes.Nkuro dunkron ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. 39 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no agyapadeɛ. 40 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nson no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no nsam. 41 Nkuro a na ɛwɔ Dan agyapadeɛ mu no bi yɛ:Sora, Estaol ne Ir-Semes, 42 Saalabin, Ayalon ne Yitla, 43 Elon, Timna ne Ekron, 44 Elteke, Gibeton ne Baalat, 45 Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon, 46 Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim. 47 Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no. 48 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ. 49 Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuo no wieeɛ no, Israelfoɔ no maa Yosua asase sini sononko bi sɛ nʼagyapadeɛ. 50 Na AWURADE aka sɛ kuro biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɔkyekyeree kuro no foforɔ na ɔtenaa hɔ. 51 Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ AWURADE anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ.

In Other Versions

Joshua 19 in the ANGEFD

Joshua 19 in the ANTPNG2D

Joshua 19 in the AS21

Joshua 19 in the BAGH

Joshua 19 in the BBPNG

Joshua 19 in the BBT1E

Joshua 19 in the BDS

Joshua 19 in the BEV

Joshua 19 in the BHAD

Joshua 19 in the BIB

Joshua 19 in the BLPT

Joshua 19 in the BNT

Joshua 19 in the BNTABOOT

Joshua 19 in the BNTLV

Joshua 19 in the BOATCB2

Joshua 19 in the BOBCV

Joshua 19 in the BOCNT

Joshua 19 in the BOECS

Joshua 19 in the BOGWICC

Joshua 19 in the BOHCB

Joshua 19 in the BOHCV

Joshua 19 in the BOHLNT

Joshua 19 in the BOHNTLTAL

Joshua 19 in the BOICB

Joshua 19 in the BOILNTAP

Joshua 19 in the BOITCV

Joshua 19 in the BOKCV

Joshua 19 in the BOKCV2

Joshua 19 in the BOKHWOG

Joshua 19 in the BOKSSV

Joshua 19 in the BOLCB

Joshua 19 in the BOLCB2

Joshua 19 in the BOMCV

Joshua 19 in the BONAV

Joshua 19 in the BONCB

Joshua 19 in the BONLT

Joshua 19 in the BONUT2

Joshua 19 in the BOPLNT

Joshua 19 in the BOSCB

Joshua 19 in the BOSNC

Joshua 19 in the BOTLNT

Joshua 19 in the BOVCB

Joshua 19 in the BOYCB

Joshua 19 in the BPBB

Joshua 19 in the BPH

Joshua 19 in the BSB

Joshua 19 in the CCB

Joshua 19 in the CUV

Joshua 19 in the CUVS

Joshua 19 in the DBT

Joshua 19 in the DGDNT

Joshua 19 in the DHNT

Joshua 19 in the DNT

Joshua 19 in the ELBE

Joshua 19 in the EMTV

Joshua 19 in the ESV

Joshua 19 in the FBV

Joshua 19 in the FEB

Joshua 19 in the GGMNT

Joshua 19 in the GNT

Joshua 19 in the HARY

Joshua 19 in the HNT

Joshua 19 in the IRVA

Joshua 19 in the IRVB

Joshua 19 in the IRVG

Joshua 19 in the IRVH

Joshua 19 in the IRVK

Joshua 19 in the IRVM

Joshua 19 in the IRVM2

Joshua 19 in the IRVO

Joshua 19 in the IRVP

Joshua 19 in the IRVT

Joshua 19 in the IRVT2

Joshua 19 in the IRVU

Joshua 19 in the ISVN

Joshua 19 in the JSNT

Joshua 19 in the KAPI

Joshua 19 in the KBT1ETNIK

Joshua 19 in the KBV

Joshua 19 in the KJV

Joshua 19 in the KNFD

Joshua 19 in the LBA

Joshua 19 in the LBLA

Joshua 19 in the LNT

Joshua 19 in the LSV

Joshua 19 in the MAAL

Joshua 19 in the MBV

Joshua 19 in the MBV2

Joshua 19 in the MHNT

Joshua 19 in the MKNFD

Joshua 19 in the MNG

Joshua 19 in the MNT

Joshua 19 in the MNT2

Joshua 19 in the MRS1T

Joshua 19 in the NAA

Joshua 19 in the NASB

Joshua 19 in the NBLA

Joshua 19 in the NBS

Joshua 19 in the NBVTP

Joshua 19 in the NET2

Joshua 19 in the NIV11

Joshua 19 in the NNT

Joshua 19 in the NNT2

Joshua 19 in the NNT3

Joshua 19 in the PDDPT

Joshua 19 in the PFNT

Joshua 19 in the RMNT

Joshua 19 in the SBIAS

Joshua 19 in the SBIBS

Joshua 19 in the SBIBS2

Joshua 19 in the SBICS

Joshua 19 in the SBIDS

Joshua 19 in the SBIGS

Joshua 19 in the SBIHS

Joshua 19 in the SBIIS

Joshua 19 in the SBIIS2

Joshua 19 in the SBIIS3

Joshua 19 in the SBIKS

Joshua 19 in the SBIKS2

Joshua 19 in the SBIMS

Joshua 19 in the SBIOS

Joshua 19 in the SBIPS

Joshua 19 in the SBISS

Joshua 19 in the SBITS

Joshua 19 in the SBITS2

Joshua 19 in the SBITS3

Joshua 19 in the SBITS4

Joshua 19 in the SBIUS

Joshua 19 in the SBIVS

Joshua 19 in the SBT

Joshua 19 in the SBT1E

Joshua 19 in the SCHL

Joshua 19 in the SNT

Joshua 19 in the SUSU

Joshua 19 in the SUSU2

Joshua 19 in the SYNO

Joshua 19 in the TBIAOTANT

Joshua 19 in the TBT1E

Joshua 19 in the TBT1E2

Joshua 19 in the TFTIP

Joshua 19 in the TFTU

Joshua 19 in the TGNTATF3T

Joshua 19 in the THAI

Joshua 19 in the TNFD

Joshua 19 in the TNT

Joshua 19 in the TNTIK

Joshua 19 in the TNTIL

Joshua 19 in the TNTIN

Joshua 19 in the TNTIP

Joshua 19 in the TNTIZ

Joshua 19 in the TOMA

Joshua 19 in the TTENT

Joshua 19 in the UBG

Joshua 19 in the UGV

Joshua 19 in the UGV2

Joshua 19 in the UGV3

Joshua 19 in the VBL

Joshua 19 in the VDCC

Joshua 19 in the YALU

Joshua 19 in the YAPE

Joshua 19 in the YBVTP

Joshua 19 in the ZBP