Joshua 2 (BOATCB)
1 Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no. 2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.” 4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. 5 Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.) 7 Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu. 8 Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, 9 “Menim sɛ AWURADE de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. 10 Yɛate sɛdeɛ AWURADE maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no. 11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na AWURADE, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase. 12 “Enti momfa AWURADE nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ, 13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.” 14 Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ AWURADE de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.” 15 Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam. 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.” 17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18 na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19 Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so. 20 Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.” 21 Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.”Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano. 22 Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara. 23 Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24 Wɔkaa sɛ, “Ampa ara AWURADE de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”
In Other Versions
Joshua 2 in the ANGEFD
Joshua 2 in the ANTPNG2D
Joshua 2 in the AS21
Joshua 2 in the BAGH
Joshua 2 in the BBPNG
Joshua 2 in the BBT1E
Joshua 2 in the BDS
Joshua 2 in the BEV
Joshua 2 in the BHAD
Joshua 2 in the BIB
Joshua 2 in the BLPT
Joshua 2 in the BNT
Joshua 2 in the BNTABOOT
Joshua 2 in the BNTLV
Joshua 2 in the BOATCB2
Joshua 2 in the BOBCV
Joshua 2 in the BOCNT
Joshua 2 in the BOECS
Joshua 2 in the BOGWICC
Joshua 2 in the BOHCB
Joshua 2 in the BOHCV
Joshua 2 in the BOHLNT
Joshua 2 in the BOHNTLTAL
Joshua 2 in the BOICB
Joshua 2 in the BOILNTAP
Joshua 2 in the BOITCV
Joshua 2 in the BOKCV
Joshua 2 in the BOKCV2
Joshua 2 in the BOKHWOG
Joshua 2 in the BOKSSV
Joshua 2 in the BOLCB
Joshua 2 in the BOLCB2
Joshua 2 in the BOMCV
Joshua 2 in the BONAV
Joshua 2 in the BONCB
Joshua 2 in the BONLT
Joshua 2 in the BONUT2
Joshua 2 in the BOPLNT
Joshua 2 in the BOSCB
Joshua 2 in the BOSNC
Joshua 2 in the BOTLNT
Joshua 2 in the BOVCB
Joshua 2 in the BOYCB
Joshua 2 in the BPBB
Joshua 2 in the BPH
Joshua 2 in the BSB
Joshua 2 in the CCB
Joshua 2 in the CUV
Joshua 2 in the CUVS
Joshua 2 in the DBT
Joshua 2 in the DGDNT
Joshua 2 in the DHNT
Joshua 2 in the DNT
Joshua 2 in the ELBE
Joshua 2 in the EMTV
Joshua 2 in the ESV
Joshua 2 in the FBV
Joshua 2 in the FEB
Joshua 2 in the GGMNT
Joshua 2 in the GNT
Joshua 2 in the HARY
Joshua 2 in the HNT
Joshua 2 in the IRVA
Joshua 2 in the IRVB
Joshua 2 in the IRVG
Joshua 2 in the IRVH
Joshua 2 in the IRVK
Joshua 2 in the IRVM
Joshua 2 in the IRVM2
Joshua 2 in the IRVO
Joshua 2 in the IRVP
Joshua 2 in the IRVT
Joshua 2 in the IRVT2
Joshua 2 in the IRVU
Joshua 2 in the ISVN
Joshua 2 in the JSNT
Joshua 2 in the KAPI
Joshua 2 in the KBT1ETNIK
Joshua 2 in the KBV
Joshua 2 in the KJV
Joshua 2 in the KNFD
Joshua 2 in the LBA
Joshua 2 in the LBLA
Joshua 2 in the LNT
Joshua 2 in the LSV
Joshua 2 in the MAAL
Joshua 2 in the MBV
Joshua 2 in the MBV2
Joshua 2 in the MHNT
Joshua 2 in the MKNFD
Joshua 2 in the MNG
Joshua 2 in the MNT
Joshua 2 in the MNT2
Joshua 2 in the MRS1T
Joshua 2 in the NAA
Joshua 2 in the NASB
Joshua 2 in the NBLA
Joshua 2 in the NBS
Joshua 2 in the NBVTP
Joshua 2 in the NET2
Joshua 2 in the NIV11
Joshua 2 in the NNT
Joshua 2 in the NNT2
Joshua 2 in the NNT3
Joshua 2 in the PDDPT
Joshua 2 in the PFNT
Joshua 2 in the RMNT
Joshua 2 in the SBIAS
Joshua 2 in the SBIBS
Joshua 2 in the SBIBS2
Joshua 2 in the SBICS
Joshua 2 in the SBIDS
Joshua 2 in the SBIGS
Joshua 2 in the SBIHS
Joshua 2 in the SBIIS
Joshua 2 in the SBIIS2
Joshua 2 in the SBIIS3
Joshua 2 in the SBIKS
Joshua 2 in the SBIKS2
Joshua 2 in the SBIMS
Joshua 2 in the SBIOS
Joshua 2 in the SBIPS
Joshua 2 in the SBISS
Joshua 2 in the SBITS
Joshua 2 in the SBITS2
Joshua 2 in the SBITS3
Joshua 2 in the SBITS4
Joshua 2 in the SBIUS
Joshua 2 in the SBIVS
Joshua 2 in the SBT
Joshua 2 in the SBT1E
Joshua 2 in the SCHL
Joshua 2 in the SNT
Joshua 2 in the SUSU
Joshua 2 in the SUSU2
Joshua 2 in the SYNO
Joshua 2 in the TBIAOTANT
Joshua 2 in the TBT1E
Joshua 2 in the TBT1E2
Joshua 2 in the TFTIP
Joshua 2 in the TFTU
Joshua 2 in the TGNTATF3T
Joshua 2 in the THAI
Joshua 2 in the TNFD
Joshua 2 in the TNT
Joshua 2 in the TNTIK
Joshua 2 in the TNTIL
Joshua 2 in the TNTIN
Joshua 2 in the TNTIP
Joshua 2 in the TNTIZ
Joshua 2 in the TOMA
Joshua 2 in the TTENT
Joshua 2 in the UBG
Joshua 2 in the UGV
Joshua 2 in the UGV2
Joshua 2 in the UGV3
Joshua 2 in the VBL
Joshua 2 in the VDCC
Joshua 2 in the YALU
Joshua 2 in the YAPE
Joshua 2 in the YBVTP
Joshua 2 in the ZBP