Leviticus 21 (BOATCB)
1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ asɔfoɔ no sɛ, ‘Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi. 2 Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima 3 anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no. 4 Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no. 5 “ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. 6 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama AWURADE wɔn Onyankopɔn. 7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. 8 Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me AWURADE a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron. 9 “ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no. 10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu. 11 Ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ efunu ho—nʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ho. 12 Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene AWURADE. 13 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu. 14 Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu, 15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Mene AWURADE a metee ne ho no.’ ” 16 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. 18 Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; 19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, 20 anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo. 21 Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no. 22 Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron. 23 Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ AWURADE na wate hɔ ho.” 24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa.
In Other Versions
Leviticus 21 in the ANGEFD
Leviticus 21 in the ANTPNG2D
Leviticus 21 in the AS21
Leviticus 21 in the BAGH
Leviticus 21 in the BBPNG
Leviticus 21 in the BBT1E
Leviticus 21 in the BDS
Leviticus 21 in the BEV
Leviticus 21 in the BHAD
Leviticus 21 in the BIB
Leviticus 21 in the BLPT
Leviticus 21 in the BNT
Leviticus 21 in the BNTABOOT
Leviticus 21 in the BNTLV
Leviticus 21 in the BOATCB2
Leviticus 21 in the BOBCV
Leviticus 21 in the BOCNT
Leviticus 21 in the BOECS
Leviticus 21 in the BOGWICC
Leviticus 21 in the BOHCB
Leviticus 21 in the BOHCV
Leviticus 21 in the BOHLNT
Leviticus 21 in the BOHNTLTAL
Leviticus 21 in the BOICB
Leviticus 21 in the BOILNTAP
Leviticus 21 in the BOITCV
Leviticus 21 in the BOKCV
Leviticus 21 in the BOKCV2
Leviticus 21 in the BOKHWOG
Leviticus 21 in the BOKSSV
Leviticus 21 in the BOLCB
Leviticus 21 in the BOLCB2
Leviticus 21 in the BOMCV
Leviticus 21 in the BONAV
Leviticus 21 in the BONCB
Leviticus 21 in the BONLT
Leviticus 21 in the BONUT2
Leviticus 21 in the BOPLNT
Leviticus 21 in the BOSCB
Leviticus 21 in the BOSNC
Leviticus 21 in the BOTLNT
Leviticus 21 in the BOVCB
Leviticus 21 in the BOYCB
Leviticus 21 in the BPBB
Leviticus 21 in the BPH
Leviticus 21 in the BSB
Leviticus 21 in the CCB
Leviticus 21 in the CUV
Leviticus 21 in the CUVS
Leviticus 21 in the DBT
Leviticus 21 in the DGDNT
Leviticus 21 in the DHNT
Leviticus 21 in the DNT
Leviticus 21 in the ELBE
Leviticus 21 in the EMTV
Leviticus 21 in the ESV
Leviticus 21 in the FBV
Leviticus 21 in the FEB
Leviticus 21 in the GGMNT
Leviticus 21 in the GNT
Leviticus 21 in the HARY
Leviticus 21 in the HNT
Leviticus 21 in the IRVA
Leviticus 21 in the IRVB
Leviticus 21 in the IRVG
Leviticus 21 in the IRVH
Leviticus 21 in the IRVK
Leviticus 21 in the IRVM
Leviticus 21 in the IRVM2
Leviticus 21 in the IRVO
Leviticus 21 in the IRVP
Leviticus 21 in the IRVT
Leviticus 21 in the IRVT2
Leviticus 21 in the IRVU
Leviticus 21 in the ISVN
Leviticus 21 in the JSNT
Leviticus 21 in the KAPI
Leviticus 21 in the KBT1ETNIK
Leviticus 21 in the KBV
Leviticus 21 in the KJV
Leviticus 21 in the KNFD
Leviticus 21 in the LBA
Leviticus 21 in the LBLA
Leviticus 21 in the LNT
Leviticus 21 in the LSV
Leviticus 21 in the MAAL
Leviticus 21 in the MBV
Leviticus 21 in the MBV2
Leviticus 21 in the MHNT
Leviticus 21 in the MKNFD
Leviticus 21 in the MNG
Leviticus 21 in the MNT
Leviticus 21 in the MNT2
Leviticus 21 in the MRS1T
Leviticus 21 in the NAA
Leviticus 21 in the NASB
Leviticus 21 in the NBLA
Leviticus 21 in the NBS
Leviticus 21 in the NBVTP
Leviticus 21 in the NET2
Leviticus 21 in the NIV11
Leviticus 21 in the NNT
Leviticus 21 in the NNT2
Leviticus 21 in the NNT3
Leviticus 21 in the PDDPT
Leviticus 21 in the PFNT
Leviticus 21 in the RMNT
Leviticus 21 in the SBIAS
Leviticus 21 in the SBIBS
Leviticus 21 in the SBIBS2
Leviticus 21 in the SBICS
Leviticus 21 in the SBIDS
Leviticus 21 in the SBIGS
Leviticus 21 in the SBIHS
Leviticus 21 in the SBIIS
Leviticus 21 in the SBIIS2
Leviticus 21 in the SBIIS3
Leviticus 21 in the SBIKS
Leviticus 21 in the SBIKS2
Leviticus 21 in the SBIMS
Leviticus 21 in the SBIOS
Leviticus 21 in the SBIPS
Leviticus 21 in the SBISS
Leviticus 21 in the SBITS
Leviticus 21 in the SBITS2
Leviticus 21 in the SBITS3
Leviticus 21 in the SBITS4
Leviticus 21 in the SBIUS
Leviticus 21 in the SBIVS
Leviticus 21 in the SBT
Leviticus 21 in the SBT1E
Leviticus 21 in the SCHL
Leviticus 21 in the SNT
Leviticus 21 in the SUSU
Leviticus 21 in the SUSU2
Leviticus 21 in the SYNO
Leviticus 21 in the TBIAOTANT
Leviticus 21 in the TBT1E
Leviticus 21 in the TBT1E2
Leviticus 21 in the TFTIP
Leviticus 21 in the TFTU
Leviticus 21 in the TGNTATF3T
Leviticus 21 in the THAI
Leviticus 21 in the TNFD
Leviticus 21 in the TNT
Leviticus 21 in the TNTIK
Leviticus 21 in the TNTIL
Leviticus 21 in the TNTIN
Leviticus 21 in the TNTIP
Leviticus 21 in the TNTIZ
Leviticus 21 in the TOMA
Leviticus 21 in the TTENT
Leviticus 21 in the UBG
Leviticus 21 in the UGV
Leviticus 21 in the UGV2
Leviticus 21 in the UGV3
Leviticus 21 in the VBL
Leviticus 21 in the VDCC
Leviticus 21 in the YALU
Leviticus 21 in the YAPE
Leviticus 21 in the YBVTP
Leviticus 21 in the ZBP