Leviticus 9 (BOATCB)

1 Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ AWURADE anim. 3 Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 4 Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma AWURADE, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, AWURADE bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.” 5 Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa AWURADE anim. 6 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi AWURADE mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.” 7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 8 Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ. 9 Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase. 10 Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 11 Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi. 12 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa, 13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so. 14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 15 Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho. 16 Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa AWURADE sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no. 17 Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho. 18 Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 19 Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo. 20 Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so. 21 Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ AWURADE anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. 22 Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam. 23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na AWURADE animuonyam baa nnipa no nyinaa so. 24 Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ AWURADE anim.

In Other Versions

Leviticus 9 in the ANGEFD

Leviticus 9 in the ANTPNG2D

Leviticus 9 in the AS21

Leviticus 9 in the BAGH

Leviticus 9 in the BBPNG

Leviticus 9 in the BBT1E

Leviticus 9 in the BDS

Leviticus 9 in the BEV

Leviticus 9 in the BHAD

Leviticus 9 in the BIB

Leviticus 9 in the BLPT

Leviticus 9 in the BNT

Leviticus 9 in the BNTABOOT

Leviticus 9 in the BNTLV

Leviticus 9 in the BOATCB2

Leviticus 9 in the BOBCV

Leviticus 9 in the BOCNT

Leviticus 9 in the BOECS

Leviticus 9 in the BOGWICC

Leviticus 9 in the BOHCB

Leviticus 9 in the BOHCV

Leviticus 9 in the BOHLNT

Leviticus 9 in the BOHNTLTAL

Leviticus 9 in the BOICB

Leviticus 9 in the BOILNTAP

Leviticus 9 in the BOITCV

Leviticus 9 in the BOKCV

Leviticus 9 in the BOKCV2

Leviticus 9 in the BOKHWOG

Leviticus 9 in the BOKSSV

Leviticus 9 in the BOLCB

Leviticus 9 in the BOLCB2

Leviticus 9 in the BOMCV

Leviticus 9 in the BONAV

Leviticus 9 in the BONCB

Leviticus 9 in the BONLT

Leviticus 9 in the BONUT2

Leviticus 9 in the BOPLNT

Leviticus 9 in the BOSCB

Leviticus 9 in the BOSNC

Leviticus 9 in the BOTLNT

Leviticus 9 in the BOVCB

Leviticus 9 in the BOYCB

Leviticus 9 in the BPBB

Leviticus 9 in the BPH

Leviticus 9 in the BSB

Leviticus 9 in the CCB

Leviticus 9 in the CUV

Leviticus 9 in the CUVS

Leviticus 9 in the DBT

Leviticus 9 in the DGDNT

Leviticus 9 in the DHNT

Leviticus 9 in the DNT

Leviticus 9 in the ELBE

Leviticus 9 in the EMTV

Leviticus 9 in the ESV

Leviticus 9 in the FBV

Leviticus 9 in the FEB

Leviticus 9 in the GGMNT

Leviticus 9 in the GNT

Leviticus 9 in the HARY

Leviticus 9 in the HNT

Leviticus 9 in the IRVA

Leviticus 9 in the IRVB

Leviticus 9 in the IRVG

Leviticus 9 in the IRVH

Leviticus 9 in the IRVK

Leviticus 9 in the IRVM

Leviticus 9 in the IRVM2

Leviticus 9 in the IRVO

Leviticus 9 in the IRVP

Leviticus 9 in the IRVT

Leviticus 9 in the IRVT2

Leviticus 9 in the IRVU

Leviticus 9 in the ISVN

Leviticus 9 in the JSNT

Leviticus 9 in the KAPI

Leviticus 9 in the KBT1ETNIK

Leviticus 9 in the KBV

Leviticus 9 in the KJV

Leviticus 9 in the KNFD

Leviticus 9 in the LBA

Leviticus 9 in the LBLA

Leviticus 9 in the LNT

Leviticus 9 in the LSV

Leviticus 9 in the MAAL

Leviticus 9 in the MBV

Leviticus 9 in the MBV2

Leviticus 9 in the MHNT

Leviticus 9 in the MKNFD

Leviticus 9 in the MNG

Leviticus 9 in the MNT

Leviticus 9 in the MNT2

Leviticus 9 in the MRS1T

Leviticus 9 in the NAA

Leviticus 9 in the NASB

Leviticus 9 in the NBLA

Leviticus 9 in the NBS

Leviticus 9 in the NBVTP

Leviticus 9 in the NET2

Leviticus 9 in the NIV11

Leviticus 9 in the NNT

Leviticus 9 in the NNT2

Leviticus 9 in the NNT3

Leviticus 9 in the PDDPT

Leviticus 9 in the PFNT

Leviticus 9 in the RMNT

Leviticus 9 in the SBIAS

Leviticus 9 in the SBIBS

Leviticus 9 in the SBIBS2

Leviticus 9 in the SBICS

Leviticus 9 in the SBIDS

Leviticus 9 in the SBIGS

Leviticus 9 in the SBIHS

Leviticus 9 in the SBIIS

Leviticus 9 in the SBIIS2

Leviticus 9 in the SBIIS3

Leviticus 9 in the SBIKS

Leviticus 9 in the SBIKS2

Leviticus 9 in the SBIMS

Leviticus 9 in the SBIOS

Leviticus 9 in the SBIPS

Leviticus 9 in the SBISS

Leviticus 9 in the SBITS

Leviticus 9 in the SBITS2

Leviticus 9 in the SBITS3

Leviticus 9 in the SBITS4

Leviticus 9 in the SBIUS

Leviticus 9 in the SBIVS

Leviticus 9 in the SBT

Leviticus 9 in the SBT1E

Leviticus 9 in the SCHL

Leviticus 9 in the SNT

Leviticus 9 in the SUSU

Leviticus 9 in the SUSU2

Leviticus 9 in the SYNO

Leviticus 9 in the TBIAOTANT

Leviticus 9 in the TBT1E

Leviticus 9 in the TBT1E2

Leviticus 9 in the TFTIP

Leviticus 9 in the TFTU

Leviticus 9 in the TGNTATF3T

Leviticus 9 in the THAI

Leviticus 9 in the TNFD

Leviticus 9 in the TNT

Leviticus 9 in the TNTIK

Leviticus 9 in the TNTIL

Leviticus 9 in the TNTIN

Leviticus 9 in the TNTIP

Leviticus 9 in the TNTIZ

Leviticus 9 in the TOMA

Leviticus 9 in the TTENT

Leviticus 9 in the UBG

Leviticus 9 in the UGV

Leviticus 9 in the UGV2

Leviticus 9 in the UGV3

Leviticus 9 in the VBL

Leviticus 9 in the VDCC

Leviticus 9 in the YALU

Leviticus 9 in the YAPE

Leviticus 9 in the YBVTP

Leviticus 9 in the ZBP