Leviticus 9 (BOATCB2)

1 Ahodwira no akyi da a ɛto so awotwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israel mpanyimfo nyinaa. 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔkyere nantwinini ba mfi anantwi no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔre, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyew afɔre. Ɔka kyerɛɛ no se ɔmmɔ saa afɔre yi nyinaa wɔ AWURADE anim. 3 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no, 4 na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma AWURADE, efisɛ nnɛ, AWURADE beyi ne ho adi akyerɛ mo.” 5 Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa AWURADE anim. 6 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi na AWURADE ahyɛ mo sɛ monnyɛ na AWURADE anuonyam ada ne ho adi akyerɛ mo.” 7 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea AWURADE hyɛe no. 8 Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre. 9 Ne mmabarima no de mogya no brɛɛ no na ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu sraa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no na ohwiee nkae no guu afɔremuka no ase. 10 Afei, ɔhyew srade, asaabo, bɔnwoma, bɔnwoma nkotoku a efi bɔne afɔrebɔde no mu sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 11 Na nam no de, ɔhyew ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi. 12 Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa, 13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasin a ne ti ka ho. Ɔhyew aboa no akwaa biara wɔ afɔremuka no so. 14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. 15 Afei, ɔbɔɔ afɔre maa ɔmanfo. Okum abirekyi nanso ɔfaa ɔkwan koro a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔre maa ne ho no so bɔɔ afɔre maa ne ho. 16 Saa ɔkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyew afɔre de maa AWURADE sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no. 17 Afei, ɔbɔɔ atoko afɔre no, ɔfaa ne nsa mma na ɔhyew wɔ afɔremuka no so de kaa anɔpa ɔhyew afɔrebɔ no ho. 18 Okum nantwi ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoe afɔrebɔde no. Aaron mmabarima no de mogya no brɛɛ no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa. 19 Oyii nantwi no ne odwennini no srade. Oyii wɔn dua mu srade ne wɔn ayamde srade, ne wɔn asaabo ne wɔn bɔnwoma kotoku no. 20 Wɔde srade no guu mmoa no yan so na Aaron hyew wɔ afɔremuka no so. 21 Na ohim yan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ AWURADE anim de kyerɛɛ sɛ afɔre no yɛ ne dea, sɛnea Mose hyɛe no. 22 Afei, Aaron trɛw ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, na osian fii afɔremuka no ho sii fam. 23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ na wɔsan baa bio no, wohyiraa nnipa no na AWURADE anuonyam baa nnipa no nyinaa so. 24 Na ogya fi AWURADE nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ AWURADE anim.

In Other Versions

Leviticus 9 in the ANGEFD

Leviticus 9 in the ANTPNG2D

Leviticus 9 in the AS21

Leviticus 9 in the BAGH

Leviticus 9 in the BBPNG

Leviticus 9 in the BBT1E

Leviticus 9 in the BDS

Leviticus 9 in the BEV

Leviticus 9 in the BHAD

Leviticus 9 in the BIB

Leviticus 9 in the BLPT

Leviticus 9 in the BNT

Leviticus 9 in the BNTABOOT

Leviticus 9 in the BNTLV

Leviticus 9 in the BOATCB

Leviticus 9 in the BOBCV

Leviticus 9 in the BOCNT

Leviticus 9 in the BOECS

Leviticus 9 in the BOGWICC

Leviticus 9 in the BOHCB

Leviticus 9 in the BOHCV

Leviticus 9 in the BOHLNT

Leviticus 9 in the BOHNTLTAL

Leviticus 9 in the BOICB

Leviticus 9 in the BOILNTAP

Leviticus 9 in the BOITCV

Leviticus 9 in the BOKCV

Leviticus 9 in the BOKCV2

Leviticus 9 in the BOKHWOG

Leviticus 9 in the BOKSSV

Leviticus 9 in the BOLCB

Leviticus 9 in the BOLCB2

Leviticus 9 in the BOMCV

Leviticus 9 in the BONAV

Leviticus 9 in the BONCB

Leviticus 9 in the BONLT

Leviticus 9 in the BONUT2

Leviticus 9 in the BOPLNT

Leviticus 9 in the BOSCB

Leviticus 9 in the BOSNC

Leviticus 9 in the BOTLNT

Leviticus 9 in the BOVCB

Leviticus 9 in the BOYCB

Leviticus 9 in the BPBB

Leviticus 9 in the BPH

Leviticus 9 in the BSB

Leviticus 9 in the CCB

Leviticus 9 in the CUV

Leviticus 9 in the CUVS

Leviticus 9 in the DBT

Leviticus 9 in the DGDNT

Leviticus 9 in the DHNT

Leviticus 9 in the DNT

Leviticus 9 in the ELBE

Leviticus 9 in the EMTV

Leviticus 9 in the ESV

Leviticus 9 in the FBV

Leviticus 9 in the FEB

Leviticus 9 in the GGMNT

Leviticus 9 in the GNT

Leviticus 9 in the HARY

Leviticus 9 in the HNT

Leviticus 9 in the IRVA

Leviticus 9 in the IRVB

Leviticus 9 in the IRVG

Leviticus 9 in the IRVH

Leviticus 9 in the IRVK

Leviticus 9 in the IRVM

Leviticus 9 in the IRVM2

Leviticus 9 in the IRVO

Leviticus 9 in the IRVP

Leviticus 9 in the IRVT

Leviticus 9 in the IRVT2

Leviticus 9 in the IRVU

Leviticus 9 in the ISVN

Leviticus 9 in the JSNT

Leviticus 9 in the KAPI

Leviticus 9 in the KBT1ETNIK

Leviticus 9 in the KBV

Leviticus 9 in the KJV

Leviticus 9 in the KNFD

Leviticus 9 in the LBA

Leviticus 9 in the LBLA

Leviticus 9 in the LNT

Leviticus 9 in the LSV

Leviticus 9 in the MAAL

Leviticus 9 in the MBV

Leviticus 9 in the MBV2

Leviticus 9 in the MHNT

Leviticus 9 in the MKNFD

Leviticus 9 in the MNG

Leviticus 9 in the MNT

Leviticus 9 in the MNT2

Leviticus 9 in the MRS1T

Leviticus 9 in the NAA

Leviticus 9 in the NASB

Leviticus 9 in the NBLA

Leviticus 9 in the NBS

Leviticus 9 in the NBVTP

Leviticus 9 in the NET2

Leviticus 9 in the NIV11

Leviticus 9 in the NNT

Leviticus 9 in the NNT2

Leviticus 9 in the NNT3

Leviticus 9 in the PDDPT

Leviticus 9 in the PFNT

Leviticus 9 in the RMNT

Leviticus 9 in the SBIAS

Leviticus 9 in the SBIBS

Leviticus 9 in the SBIBS2

Leviticus 9 in the SBICS

Leviticus 9 in the SBIDS

Leviticus 9 in the SBIGS

Leviticus 9 in the SBIHS

Leviticus 9 in the SBIIS

Leviticus 9 in the SBIIS2

Leviticus 9 in the SBIIS3

Leviticus 9 in the SBIKS

Leviticus 9 in the SBIKS2

Leviticus 9 in the SBIMS

Leviticus 9 in the SBIOS

Leviticus 9 in the SBIPS

Leviticus 9 in the SBISS

Leviticus 9 in the SBITS

Leviticus 9 in the SBITS2

Leviticus 9 in the SBITS3

Leviticus 9 in the SBITS4

Leviticus 9 in the SBIUS

Leviticus 9 in the SBIVS

Leviticus 9 in the SBT

Leviticus 9 in the SBT1E

Leviticus 9 in the SCHL

Leviticus 9 in the SNT

Leviticus 9 in the SUSU

Leviticus 9 in the SUSU2

Leviticus 9 in the SYNO

Leviticus 9 in the TBIAOTANT

Leviticus 9 in the TBT1E

Leviticus 9 in the TBT1E2

Leviticus 9 in the TFTIP

Leviticus 9 in the TFTU

Leviticus 9 in the TGNTATF3T

Leviticus 9 in the THAI

Leviticus 9 in the TNFD

Leviticus 9 in the TNT

Leviticus 9 in the TNTIK

Leviticus 9 in the TNTIL

Leviticus 9 in the TNTIN

Leviticus 9 in the TNTIP

Leviticus 9 in the TNTIZ

Leviticus 9 in the TOMA

Leviticus 9 in the TTENT

Leviticus 9 in the UBG

Leviticus 9 in the UGV

Leviticus 9 in the UGV2

Leviticus 9 in the UGV3

Leviticus 9 in the VBL

Leviticus 9 in the VDCC

Leviticus 9 in the YALU

Leviticus 9 in the YAPE

Leviticus 9 in the YBVTP

Leviticus 9 in the ZBP