Luke 20 (BOATCB)

1 Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ, 2 “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?” 3 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?” 5 Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’ 6 Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” 7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.” 8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.” 9 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree. 10 Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan. 11 Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12 Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no. 13 “Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’ 14 “Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’ 15 Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no. “Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi? 16 Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.”Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!” 17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn? 18 Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.” 19 Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. 20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. 22 Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?” 23 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 24 “Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?”Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.” 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.” 26 Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim. 27 Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no. 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 30 Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ. 32 Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?” 34 Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. 35 Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. 36 Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37 Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din. 38 Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 39 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.” 40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio. 41 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?” 42 Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so 43 kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’ 44 Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?” 45 Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, 46 “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea. 47 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”

In Other Versions

Luke 20 in the ANGEFD

Luke 20 in the ANTPNG2D

Luke 20 in the AS21

Luke 20 in the BAGH

Luke 20 in the BBPNG

Luke 20 in the BBT1E

Luke 20 in the BDS

Luke 20 in the BEV

Luke 20 in the BHAD

Luke 20 in the BIB

Luke 20 in the BLPT

Luke 20 in the BNT

Luke 20 in the BNTABOOT

Luke 20 in the BNTLV

Luke 20 in the BOATCB2

Luke 20 in the BOBCV

Luke 20 in the BOCNT

Luke 20 in the BOECS

Luke 20 in the BOGWICC

Luke 20 in the BOHCB

Luke 20 in the BOHCV

Luke 20 in the BOHLNT

Luke 20 in the BOHNTLTAL

Luke 20 in the BOICB

Luke 20 in the BOILNTAP

Luke 20 in the BOITCV

Luke 20 in the BOKCV

Luke 20 in the BOKCV2

Luke 20 in the BOKHWOG

Luke 20 in the BOKSSV

Luke 20 in the BOLCB

Luke 20 in the BOLCB2

Luke 20 in the BOMCV

Luke 20 in the BONAV

Luke 20 in the BONCB

Luke 20 in the BONLT

Luke 20 in the BONUT2

Luke 20 in the BOPLNT

Luke 20 in the BOSCB

Luke 20 in the BOSNC

Luke 20 in the BOTLNT

Luke 20 in the BOVCB

Luke 20 in the BOYCB

Luke 20 in the BPBB

Luke 20 in the BPH

Luke 20 in the BSB

Luke 20 in the CCB

Luke 20 in the CUV

Luke 20 in the CUVS

Luke 20 in the DBT

Luke 20 in the DGDNT

Luke 20 in the DHNT

Luke 20 in the DNT

Luke 20 in the ELBE

Luke 20 in the EMTV

Luke 20 in the ESV

Luke 20 in the FBV

Luke 20 in the FEB

Luke 20 in the GGMNT

Luke 20 in the GNT

Luke 20 in the HARY

Luke 20 in the HNT

Luke 20 in the IRVA

Luke 20 in the IRVB

Luke 20 in the IRVG

Luke 20 in the IRVH

Luke 20 in the IRVK

Luke 20 in the IRVM

Luke 20 in the IRVM2

Luke 20 in the IRVO

Luke 20 in the IRVP

Luke 20 in the IRVT

Luke 20 in the IRVT2

Luke 20 in the IRVU

Luke 20 in the ISVN

Luke 20 in the JSNT

Luke 20 in the KAPI

Luke 20 in the KBT1ETNIK

Luke 20 in the KBV

Luke 20 in the KJV

Luke 20 in the KNFD

Luke 20 in the LBA

Luke 20 in the LBLA

Luke 20 in the LNT

Luke 20 in the LSV

Luke 20 in the MAAL

Luke 20 in the MBV

Luke 20 in the MBV2

Luke 20 in the MHNT

Luke 20 in the MKNFD

Luke 20 in the MNG

Luke 20 in the MNT

Luke 20 in the MNT2

Luke 20 in the MRS1T

Luke 20 in the NAA

Luke 20 in the NASB

Luke 20 in the NBLA

Luke 20 in the NBS

Luke 20 in the NBVTP

Luke 20 in the NET2

Luke 20 in the NIV11

Luke 20 in the NNT

Luke 20 in the NNT2

Luke 20 in the NNT3

Luke 20 in the PDDPT

Luke 20 in the PFNT

Luke 20 in the RMNT

Luke 20 in the SBIAS

Luke 20 in the SBIBS

Luke 20 in the SBIBS2

Luke 20 in the SBICS

Luke 20 in the SBIDS

Luke 20 in the SBIGS

Luke 20 in the SBIHS

Luke 20 in the SBIIS

Luke 20 in the SBIIS2

Luke 20 in the SBIIS3

Luke 20 in the SBIKS

Luke 20 in the SBIKS2

Luke 20 in the SBIMS

Luke 20 in the SBIOS

Luke 20 in the SBIPS

Luke 20 in the SBISS

Luke 20 in the SBITS

Luke 20 in the SBITS2

Luke 20 in the SBITS3

Luke 20 in the SBITS4

Luke 20 in the SBIUS

Luke 20 in the SBIVS

Luke 20 in the SBT

Luke 20 in the SBT1E

Luke 20 in the SCHL

Luke 20 in the SNT

Luke 20 in the SUSU

Luke 20 in the SUSU2

Luke 20 in the SYNO

Luke 20 in the TBIAOTANT

Luke 20 in the TBT1E

Luke 20 in the TBT1E2

Luke 20 in the TFTIP

Luke 20 in the TFTU

Luke 20 in the TGNTATF3T

Luke 20 in the THAI

Luke 20 in the TNFD

Luke 20 in the TNT

Luke 20 in the TNTIK

Luke 20 in the TNTIL

Luke 20 in the TNTIN

Luke 20 in the TNTIP

Luke 20 in the TNTIZ

Luke 20 in the TOMA

Luke 20 in the TTENT

Luke 20 in the UBG

Luke 20 in the UGV

Luke 20 in the UGV2

Luke 20 in the UGV3

Luke 20 in the VBL

Luke 20 in the VDCC

Luke 20 in the YALU

Luke 20 in the YAPE

Luke 20 in the YBVTP

Luke 20 in the ZBP