Malachi 2 (BOATCB)
1 Afei mo asɔfoɔ, saa animka yi wɔ mo. 2 Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 3 Mo enti mɛka mo asefoɔ anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. 4 Na mobɛhunu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoeɛ apam. Na apam no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma Lewi nkwa ne asomdwoeɛ, enti memaa no nkwa ne asomdwoeɛ. 6 Nokorɛ nkyerɛkyerɛ firii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne nokorɛdie mu, na ɔmaa bebree danee wɔn ho firii bɔne ho. 7 “Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo AWURADE no somafoɔ. 8 Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 9 “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.” 10 Yɛn nyinaa mfiri Agya baako anaa? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn enti na yɛnni yɛn ho yɛn ho nokorɛ, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so? 11 Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a AWURADE dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame. 12 Ɔbarima a ɔyɛ yei deɛ, sɛdeɛ ɔteɛ biara, AWURADE mpam no mfiri Yakob ntomadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ rebrɛ Asafo AWURADE no koraa a. 13 Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ AWURADE afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn. 14 Mobisa sɛ, “Adɛn nti?” Ɛfiri sɛ AWURADE te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam, a woanni no nokorɛ. 15 Ɛnyɛ AWURADE korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ. 16 “Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ AWURADE Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie.Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ. 17 Mode mo nsɛm tuatua AWURADE aso.Mobisa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?”Moka sɛ, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa tene wɔ AWURADE anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn ɔtemmufoɔ nokwafoɔ no wɔ he?”
In Other Versions
Malachi 2 in the ANGEFD
Malachi 2 in the ANTPNG2D
Malachi 2 in the AS21
Malachi 2 in the BAGH
Malachi 2 in the BBPNG
Malachi 2 in the BBT1E
Malachi 2 in the BDS
Malachi 2 in the BEV
Malachi 2 in the BHAD
Malachi 2 in the BIB
Malachi 2 in the BLPT
Malachi 2 in the BNT
Malachi 2 in the BNTABOOT
Malachi 2 in the BNTLV
Malachi 2 in the BOATCB2
Malachi 2 in the BOBCV
Malachi 2 in the BOCNT
Malachi 2 in the BOECS
Malachi 2 in the BOGWICC
Malachi 2 in the BOHCB
Malachi 2 in the BOHCV
Malachi 2 in the BOHLNT
Malachi 2 in the BOHNTLTAL
Malachi 2 in the BOICB
Malachi 2 in the BOILNTAP
Malachi 2 in the BOITCV
Malachi 2 in the BOKCV
Malachi 2 in the BOKCV2
Malachi 2 in the BOKHWOG
Malachi 2 in the BOKSSV
Malachi 2 in the BOLCB
Malachi 2 in the BOLCB2
Malachi 2 in the BOMCV
Malachi 2 in the BONAV
Malachi 2 in the BONCB
Malachi 2 in the BONLT
Malachi 2 in the BONUT2
Malachi 2 in the BOPLNT
Malachi 2 in the BOSCB
Malachi 2 in the BOSNC
Malachi 2 in the BOTLNT
Malachi 2 in the BOVCB
Malachi 2 in the BOYCB
Malachi 2 in the BPBB
Malachi 2 in the BPH
Malachi 2 in the BSB
Malachi 2 in the CCB
Malachi 2 in the CUV
Malachi 2 in the CUVS
Malachi 2 in the DBT
Malachi 2 in the DGDNT
Malachi 2 in the DHNT
Malachi 2 in the DNT
Malachi 2 in the ELBE
Malachi 2 in the EMTV
Malachi 2 in the ESV
Malachi 2 in the FBV
Malachi 2 in the FEB
Malachi 2 in the GGMNT
Malachi 2 in the GNT
Malachi 2 in the HARY
Malachi 2 in the HNT
Malachi 2 in the IRVA
Malachi 2 in the IRVB
Malachi 2 in the IRVG
Malachi 2 in the IRVH
Malachi 2 in the IRVK
Malachi 2 in the IRVM
Malachi 2 in the IRVM2
Malachi 2 in the IRVO
Malachi 2 in the IRVP
Malachi 2 in the IRVT
Malachi 2 in the IRVT2
Malachi 2 in the IRVU
Malachi 2 in the ISVN
Malachi 2 in the JSNT
Malachi 2 in the KAPI
Malachi 2 in the KBT1ETNIK
Malachi 2 in the KBV
Malachi 2 in the KJV
Malachi 2 in the KNFD
Malachi 2 in the LBA
Malachi 2 in the LBLA
Malachi 2 in the LNT
Malachi 2 in the LSV
Malachi 2 in the MAAL
Malachi 2 in the MBV
Malachi 2 in the MBV2
Malachi 2 in the MHNT
Malachi 2 in the MKNFD
Malachi 2 in the MNG
Malachi 2 in the MNT
Malachi 2 in the MNT2
Malachi 2 in the MRS1T
Malachi 2 in the NAA
Malachi 2 in the NASB
Malachi 2 in the NBLA
Malachi 2 in the NBS
Malachi 2 in the NBVTP
Malachi 2 in the NET2
Malachi 2 in the NIV11
Malachi 2 in the NNT
Malachi 2 in the NNT2
Malachi 2 in the NNT3
Malachi 2 in the PDDPT
Malachi 2 in the PFNT
Malachi 2 in the RMNT
Malachi 2 in the SBIAS
Malachi 2 in the SBIBS
Malachi 2 in the SBIBS2
Malachi 2 in the SBICS
Malachi 2 in the SBIDS
Malachi 2 in the SBIGS
Malachi 2 in the SBIHS
Malachi 2 in the SBIIS
Malachi 2 in the SBIIS2
Malachi 2 in the SBIIS3
Malachi 2 in the SBIKS
Malachi 2 in the SBIKS2
Malachi 2 in the SBIMS
Malachi 2 in the SBIOS
Malachi 2 in the SBIPS
Malachi 2 in the SBISS
Malachi 2 in the SBITS
Malachi 2 in the SBITS2
Malachi 2 in the SBITS3
Malachi 2 in the SBITS4
Malachi 2 in the SBIUS
Malachi 2 in the SBIVS
Malachi 2 in the SBT
Malachi 2 in the SBT1E
Malachi 2 in the SCHL
Malachi 2 in the SNT
Malachi 2 in the SUSU
Malachi 2 in the SUSU2
Malachi 2 in the SYNO
Malachi 2 in the TBIAOTANT
Malachi 2 in the TBT1E
Malachi 2 in the TBT1E2
Malachi 2 in the TFTIP
Malachi 2 in the TFTU
Malachi 2 in the TGNTATF3T
Malachi 2 in the THAI
Malachi 2 in the TNFD
Malachi 2 in the TNT
Malachi 2 in the TNTIK
Malachi 2 in the TNTIL
Malachi 2 in the TNTIN
Malachi 2 in the TNTIP
Malachi 2 in the TNTIZ
Malachi 2 in the TOMA
Malachi 2 in the TTENT
Malachi 2 in the UBG
Malachi 2 in the UGV
Malachi 2 in the UGV2
Malachi 2 in the UGV3
Malachi 2 in the VBL
Malachi 2 in the VDCC
Malachi 2 in the YALU
Malachi 2 in the YAPE
Malachi 2 in the YBVTP
Malachi 2 in the ZBP