Malachi 2 (BOATCB2)
1 Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de. 2 Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo AWURADE se ni. 3 Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. 4 Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo AWURADE se ni. 5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din. 6 Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho. 7 “Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo AWURADE no somafo. 8 Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo AWURADE se ni. 9 “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.” 10 Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so? 11 Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a AWURADE dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame. 12 Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, AWURADE mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo AWURADE no koraa a. 13 Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw AWURADE afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn. 14 Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ AWURADE te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de. 15 Ɛnyɛ AWURADE koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware. 16 “Mikyi awaregyae!” Sɛnea AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo AWURADE se ni.Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware. 17 Mode mo nsɛm tuatua AWURADE aso.Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?”Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ AWURADE anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?”
In Other Versions
Malachi 2 in the ANGEFD
Malachi 2 in the ANTPNG2D
Malachi 2 in the AS21
Malachi 2 in the BAGH
Malachi 2 in the BBPNG
Malachi 2 in the BBT1E
Malachi 2 in the BDS
Malachi 2 in the BEV
Malachi 2 in the BHAD
Malachi 2 in the BIB
Malachi 2 in the BLPT
Malachi 2 in the BNT
Malachi 2 in the BNTABOOT
Malachi 2 in the BNTLV
Malachi 2 in the BOATCB
Malachi 2 in the BOBCV
Malachi 2 in the BOCNT
Malachi 2 in the BOECS
Malachi 2 in the BOGWICC
Malachi 2 in the BOHCB
Malachi 2 in the BOHCV
Malachi 2 in the BOHLNT
Malachi 2 in the BOHNTLTAL
Malachi 2 in the BOICB
Malachi 2 in the BOILNTAP
Malachi 2 in the BOITCV
Malachi 2 in the BOKCV
Malachi 2 in the BOKCV2
Malachi 2 in the BOKHWOG
Malachi 2 in the BOKSSV
Malachi 2 in the BOLCB
Malachi 2 in the BOLCB2
Malachi 2 in the BOMCV
Malachi 2 in the BONAV
Malachi 2 in the BONCB
Malachi 2 in the BONLT
Malachi 2 in the BONUT2
Malachi 2 in the BOPLNT
Malachi 2 in the BOSCB
Malachi 2 in the BOSNC
Malachi 2 in the BOTLNT
Malachi 2 in the BOVCB
Malachi 2 in the BOYCB
Malachi 2 in the BPBB
Malachi 2 in the BPH
Malachi 2 in the BSB
Malachi 2 in the CCB
Malachi 2 in the CUV
Malachi 2 in the CUVS
Malachi 2 in the DBT
Malachi 2 in the DGDNT
Malachi 2 in the DHNT
Malachi 2 in the DNT
Malachi 2 in the ELBE
Malachi 2 in the EMTV
Malachi 2 in the ESV
Malachi 2 in the FBV
Malachi 2 in the FEB
Malachi 2 in the GGMNT
Malachi 2 in the GNT
Malachi 2 in the HARY
Malachi 2 in the HNT
Malachi 2 in the IRVA
Malachi 2 in the IRVB
Malachi 2 in the IRVG
Malachi 2 in the IRVH
Malachi 2 in the IRVK
Malachi 2 in the IRVM
Malachi 2 in the IRVM2
Malachi 2 in the IRVO
Malachi 2 in the IRVP
Malachi 2 in the IRVT
Malachi 2 in the IRVT2
Malachi 2 in the IRVU
Malachi 2 in the ISVN
Malachi 2 in the JSNT
Malachi 2 in the KAPI
Malachi 2 in the KBT1ETNIK
Malachi 2 in the KBV
Malachi 2 in the KJV
Malachi 2 in the KNFD
Malachi 2 in the LBA
Malachi 2 in the LBLA
Malachi 2 in the LNT
Malachi 2 in the LSV
Malachi 2 in the MAAL
Malachi 2 in the MBV
Malachi 2 in the MBV2
Malachi 2 in the MHNT
Malachi 2 in the MKNFD
Malachi 2 in the MNG
Malachi 2 in the MNT
Malachi 2 in the MNT2
Malachi 2 in the MRS1T
Malachi 2 in the NAA
Malachi 2 in the NASB
Malachi 2 in the NBLA
Malachi 2 in the NBS
Malachi 2 in the NBVTP
Malachi 2 in the NET2
Malachi 2 in the NIV11
Malachi 2 in the NNT
Malachi 2 in the NNT2
Malachi 2 in the NNT3
Malachi 2 in the PDDPT
Malachi 2 in the PFNT
Malachi 2 in the RMNT
Malachi 2 in the SBIAS
Malachi 2 in the SBIBS
Malachi 2 in the SBIBS2
Malachi 2 in the SBICS
Malachi 2 in the SBIDS
Malachi 2 in the SBIGS
Malachi 2 in the SBIHS
Malachi 2 in the SBIIS
Malachi 2 in the SBIIS2
Malachi 2 in the SBIIS3
Malachi 2 in the SBIKS
Malachi 2 in the SBIKS2
Malachi 2 in the SBIMS
Malachi 2 in the SBIOS
Malachi 2 in the SBIPS
Malachi 2 in the SBISS
Malachi 2 in the SBITS
Malachi 2 in the SBITS2
Malachi 2 in the SBITS3
Malachi 2 in the SBITS4
Malachi 2 in the SBIUS
Malachi 2 in the SBIVS
Malachi 2 in the SBT
Malachi 2 in the SBT1E
Malachi 2 in the SCHL
Malachi 2 in the SNT
Malachi 2 in the SUSU
Malachi 2 in the SUSU2
Malachi 2 in the SYNO
Malachi 2 in the TBIAOTANT
Malachi 2 in the TBT1E
Malachi 2 in the TBT1E2
Malachi 2 in the TFTIP
Malachi 2 in the TFTU
Malachi 2 in the TGNTATF3T
Malachi 2 in the THAI
Malachi 2 in the TNFD
Malachi 2 in the TNT
Malachi 2 in the TNTIK
Malachi 2 in the TNTIL
Malachi 2 in the TNTIN
Malachi 2 in the TNTIP
Malachi 2 in the TNTIZ
Malachi 2 in the TOMA
Malachi 2 in the TTENT
Malachi 2 in the UBG
Malachi 2 in the UGV
Malachi 2 in the UGV2
Malachi 2 in the UGV3
Malachi 2 in the VBL
Malachi 2 in the VDCC
Malachi 2 in the YALU
Malachi 2 in the YAPE
Malachi 2 in the YBVTP
Malachi 2 in the ZBP