Matthew 21 (BOATCB)

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.” 4 Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ, 5 “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛwo ɔhene reba wo nkyɛn.Ɔdwo, na ɔte afunumu ne,afunumu ba so,” no mu den. 6 Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ,“Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!” 10 Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan ni?” 11 Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.” 12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.” 14 Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 15 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. 16 Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?”Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?” 17 Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ. 18 Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. 19 Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ. 20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?” 21 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. 22 Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.” 23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no. 24 Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa. 25 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?”Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ ‘Ɛfiri Onyankopɔn’ a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie? 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” 27 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!”Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.” 28 Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’ 29 “Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ. 30 “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ. 31 “Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?”Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.”Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ. 32 Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.” 33 Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. 34 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no hɔ sɛ wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no. 35 “Wɔduruu hɔ ara pɛ na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ. 36 Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ. 37 Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no. 38 “Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’ 39 Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi. 40 “Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41 Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.” 42 Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ, “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ. Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ 43 “Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no. 44 Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.” 45 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri sɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ.

In Other Versions

Matthew 21 in the ANGEFD

Matthew 21 in the ANTPNG2D

Matthew 21 in the AS21

Matthew 21 in the BAGH

Matthew 21 in the BBPNG

Matthew 21 in the BBT1E

Matthew 21 in the BDS

Matthew 21 in the BEV

Matthew 21 in the BHAD

Matthew 21 in the BIB

Matthew 21 in the BLPT

Matthew 21 in the BNT

Matthew 21 in the BNTABOOT

Matthew 21 in the BNTLV

Matthew 21 in the BOATCB2

Matthew 21 in the BOBCV

Matthew 21 in the BOCNT

Matthew 21 in the BOECS

Matthew 21 in the BOGWICC

Matthew 21 in the BOHCB

Matthew 21 in the BOHCV

Matthew 21 in the BOHLNT

Matthew 21 in the BOHNTLTAL

Matthew 21 in the BOICB

Matthew 21 in the BOILNTAP

Matthew 21 in the BOITCV

Matthew 21 in the BOKCV

Matthew 21 in the BOKCV2

Matthew 21 in the BOKHWOG

Matthew 21 in the BOKSSV

Matthew 21 in the BOLCB

Matthew 21 in the BOLCB2

Matthew 21 in the BOMCV

Matthew 21 in the BONAV

Matthew 21 in the BONCB

Matthew 21 in the BONLT

Matthew 21 in the BONUT2

Matthew 21 in the BOPLNT

Matthew 21 in the BOSCB

Matthew 21 in the BOSNC

Matthew 21 in the BOTLNT

Matthew 21 in the BOVCB

Matthew 21 in the BOYCB

Matthew 21 in the BPBB

Matthew 21 in the BPH

Matthew 21 in the BSB

Matthew 21 in the CCB

Matthew 21 in the CUV

Matthew 21 in the CUVS

Matthew 21 in the DBT

Matthew 21 in the DGDNT

Matthew 21 in the DHNT

Matthew 21 in the DNT

Matthew 21 in the ELBE

Matthew 21 in the EMTV

Matthew 21 in the ESV

Matthew 21 in the FBV

Matthew 21 in the FEB

Matthew 21 in the GGMNT

Matthew 21 in the GNT

Matthew 21 in the HARY

Matthew 21 in the HNT

Matthew 21 in the IRVA

Matthew 21 in the IRVB

Matthew 21 in the IRVG

Matthew 21 in the IRVH

Matthew 21 in the IRVK

Matthew 21 in the IRVM

Matthew 21 in the IRVM2

Matthew 21 in the IRVO

Matthew 21 in the IRVP

Matthew 21 in the IRVT

Matthew 21 in the IRVT2

Matthew 21 in the IRVU

Matthew 21 in the ISVN

Matthew 21 in the JSNT

Matthew 21 in the KAPI

Matthew 21 in the KBT1ETNIK

Matthew 21 in the KBV

Matthew 21 in the KJV

Matthew 21 in the KNFD

Matthew 21 in the LBA

Matthew 21 in the LBLA

Matthew 21 in the LNT

Matthew 21 in the LSV

Matthew 21 in the MAAL

Matthew 21 in the MBV

Matthew 21 in the MBV2

Matthew 21 in the MHNT

Matthew 21 in the MKNFD

Matthew 21 in the MNG

Matthew 21 in the MNT

Matthew 21 in the MNT2

Matthew 21 in the MRS1T

Matthew 21 in the NAA

Matthew 21 in the NASB

Matthew 21 in the NBLA

Matthew 21 in the NBS

Matthew 21 in the NBVTP

Matthew 21 in the NET2

Matthew 21 in the NIV11

Matthew 21 in the NNT

Matthew 21 in the NNT2

Matthew 21 in the NNT3

Matthew 21 in the PDDPT

Matthew 21 in the PFNT

Matthew 21 in the RMNT

Matthew 21 in the SBIAS

Matthew 21 in the SBIBS

Matthew 21 in the SBIBS2

Matthew 21 in the SBICS

Matthew 21 in the SBIDS

Matthew 21 in the SBIGS

Matthew 21 in the SBIHS

Matthew 21 in the SBIIS

Matthew 21 in the SBIIS2

Matthew 21 in the SBIIS3

Matthew 21 in the SBIKS

Matthew 21 in the SBIKS2

Matthew 21 in the SBIMS

Matthew 21 in the SBIOS

Matthew 21 in the SBIPS

Matthew 21 in the SBISS

Matthew 21 in the SBITS

Matthew 21 in the SBITS2

Matthew 21 in the SBITS3

Matthew 21 in the SBITS4

Matthew 21 in the SBIUS

Matthew 21 in the SBIVS

Matthew 21 in the SBT

Matthew 21 in the SBT1E

Matthew 21 in the SCHL

Matthew 21 in the SNT

Matthew 21 in the SUSU

Matthew 21 in the SUSU2

Matthew 21 in the SYNO

Matthew 21 in the TBIAOTANT

Matthew 21 in the TBT1E

Matthew 21 in the TBT1E2

Matthew 21 in the TFTIP

Matthew 21 in the TFTU

Matthew 21 in the TGNTATF3T

Matthew 21 in the THAI

Matthew 21 in the TNFD

Matthew 21 in the TNT

Matthew 21 in the TNTIK

Matthew 21 in the TNTIL

Matthew 21 in the TNTIN

Matthew 21 in the TNTIP

Matthew 21 in the TNTIZ

Matthew 21 in the TOMA

Matthew 21 in the TTENT

Matthew 21 in the UBG

Matthew 21 in the UGV

Matthew 21 in the UGV2

Matthew 21 in the UGV3

Matthew 21 in the VBL

Matthew 21 in the VDCC

Matthew 21 in the YALU

Matthew 21 in the YAPE

Matthew 21 in the YBVTP

Matthew 21 in the ZBP