Nehemiah 10 (BOATCB)

1 Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pashur, Amaria, Malkia, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim, Meremot, Obadia, 6 Daniel, Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia.Yeinom ne asɔfoɔ no. 9 Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne:Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel, 10 ne wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ a, wɔne:Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia, Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu. 14 Ntuanofoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne:Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asur, 18 Hodia, Hasum, Besai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, Baana. 28 “Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no, 29 wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi AWURADE, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so. 30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa. 31 “Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam. 32 “Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra. 33 Yei bɛboa ama yɛanya Hyiadan mu Burodo no, na yɛatumi abɔ atokoɔ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ berɛ ano berɛ ano, abɔ homeda afɔdeɛ hodoɔ, adi ɔbosome foforɔ afahyɛ ahodoɔ ne dapɔnna ahodoɔ no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho bɛhia ama yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ. 34 “Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no AWURADE, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. 35 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakane biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduane anaa aduaba a ɛfiri nnua so bɛba AWURADE Asɔredan mu. 36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no. 37 “Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase. 38 Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan no mu. 39 Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu.“Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.”

In Other Versions

Nehemiah 10 in the ANGEFD

Nehemiah 10 in the ANTPNG2D

Nehemiah 10 in the AS21

Nehemiah 10 in the BAGH

Nehemiah 10 in the BBPNG

Nehemiah 10 in the BBT1E

Nehemiah 10 in the BDS

Nehemiah 10 in the BEV

Nehemiah 10 in the BHAD

Nehemiah 10 in the BIB

Nehemiah 10 in the BLPT

Nehemiah 10 in the BNT

Nehemiah 10 in the BNTABOOT

Nehemiah 10 in the BNTLV

Nehemiah 10 in the BOATCB2

Nehemiah 10 in the BOBCV

Nehemiah 10 in the BOCNT

Nehemiah 10 in the BOECS

Nehemiah 10 in the BOGWICC

Nehemiah 10 in the BOHCB

Nehemiah 10 in the BOHCV

Nehemiah 10 in the BOHLNT

Nehemiah 10 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 10 in the BOICB

Nehemiah 10 in the BOILNTAP

Nehemiah 10 in the BOITCV

Nehemiah 10 in the BOKCV

Nehemiah 10 in the BOKCV2

Nehemiah 10 in the BOKHWOG

Nehemiah 10 in the BOKSSV

Nehemiah 10 in the BOLCB

Nehemiah 10 in the BOLCB2

Nehemiah 10 in the BOMCV

Nehemiah 10 in the BONAV

Nehemiah 10 in the BONCB

Nehemiah 10 in the BONLT

Nehemiah 10 in the BONUT2

Nehemiah 10 in the BOPLNT

Nehemiah 10 in the BOSCB

Nehemiah 10 in the BOSNC

Nehemiah 10 in the BOTLNT

Nehemiah 10 in the BOVCB

Nehemiah 10 in the BOYCB

Nehemiah 10 in the BPBB

Nehemiah 10 in the BPH

Nehemiah 10 in the BSB

Nehemiah 10 in the CCB

Nehemiah 10 in the CUV

Nehemiah 10 in the CUVS

Nehemiah 10 in the DBT

Nehemiah 10 in the DGDNT

Nehemiah 10 in the DHNT

Nehemiah 10 in the DNT

Nehemiah 10 in the ELBE

Nehemiah 10 in the EMTV

Nehemiah 10 in the ESV

Nehemiah 10 in the FBV

Nehemiah 10 in the FEB

Nehemiah 10 in the GGMNT

Nehemiah 10 in the GNT

Nehemiah 10 in the HARY

Nehemiah 10 in the HNT

Nehemiah 10 in the IRVA

Nehemiah 10 in the IRVB

Nehemiah 10 in the IRVG

Nehemiah 10 in the IRVH

Nehemiah 10 in the IRVK

Nehemiah 10 in the IRVM

Nehemiah 10 in the IRVM2

Nehemiah 10 in the IRVO

Nehemiah 10 in the IRVP

Nehemiah 10 in the IRVT

Nehemiah 10 in the IRVT2

Nehemiah 10 in the IRVU

Nehemiah 10 in the ISVN

Nehemiah 10 in the JSNT

Nehemiah 10 in the KAPI

Nehemiah 10 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 10 in the KBV

Nehemiah 10 in the KJV

Nehemiah 10 in the KNFD

Nehemiah 10 in the LBA

Nehemiah 10 in the LBLA

Nehemiah 10 in the LNT

Nehemiah 10 in the LSV

Nehemiah 10 in the MAAL

Nehemiah 10 in the MBV

Nehemiah 10 in the MBV2

Nehemiah 10 in the MHNT

Nehemiah 10 in the MKNFD

Nehemiah 10 in the MNG

Nehemiah 10 in the MNT

Nehemiah 10 in the MNT2

Nehemiah 10 in the MRS1T

Nehemiah 10 in the NAA

Nehemiah 10 in the NASB

Nehemiah 10 in the NBLA

Nehemiah 10 in the NBS

Nehemiah 10 in the NBVTP

Nehemiah 10 in the NET2

Nehemiah 10 in the NIV11

Nehemiah 10 in the NNT

Nehemiah 10 in the NNT2

Nehemiah 10 in the NNT3

Nehemiah 10 in the PDDPT

Nehemiah 10 in the PFNT

Nehemiah 10 in the RMNT

Nehemiah 10 in the SBIAS

Nehemiah 10 in the SBIBS

Nehemiah 10 in the SBIBS2

Nehemiah 10 in the SBICS

Nehemiah 10 in the SBIDS

Nehemiah 10 in the SBIGS

Nehemiah 10 in the SBIHS

Nehemiah 10 in the SBIIS

Nehemiah 10 in the SBIIS2

Nehemiah 10 in the SBIIS3

Nehemiah 10 in the SBIKS

Nehemiah 10 in the SBIKS2

Nehemiah 10 in the SBIMS

Nehemiah 10 in the SBIOS

Nehemiah 10 in the SBIPS

Nehemiah 10 in the SBISS

Nehemiah 10 in the SBITS

Nehemiah 10 in the SBITS2

Nehemiah 10 in the SBITS3

Nehemiah 10 in the SBITS4

Nehemiah 10 in the SBIUS

Nehemiah 10 in the SBIVS

Nehemiah 10 in the SBT

Nehemiah 10 in the SBT1E

Nehemiah 10 in the SCHL

Nehemiah 10 in the SNT

Nehemiah 10 in the SUSU

Nehemiah 10 in the SUSU2

Nehemiah 10 in the SYNO

Nehemiah 10 in the TBIAOTANT

Nehemiah 10 in the TBT1E

Nehemiah 10 in the TBT1E2

Nehemiah 10 in the TFTIP

Nehemiah 10 in the TFTU

Nehemiah 10 in the TGNTATF3T

Nehemiah 10 in the THAI

Nehemiah 10 in the TNFD

Nehemiah 10 in the TNT

Nehemiah 10 in the TNTIK

Nehemiah 10 in the TNTIL

Nehemiah 10 in the TNTIN

Nehemiah 10 in the TNTIP

Nehemiah 10 in the TNTIZ

Nehemiah 10 in the TOMA

Nehemiah 10 in the TTENT

Nehemiah 10 in the UBG

Nehemiah 10 in the UGV

Nehemiah 10 in the UGV2

Nehemiah 10 in the UGV3

Nehemiah 10 in the VBL

Nehemiah 10 in the VDCC

Nehemiah 10 in the YALU

Nehemiah 10 in the YAPE

Nehemiah 10 in the YBVTP

Nehemiah 10 in the ZBP