Nehemiah 10 (BOATCB2)

1 Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pashur, Amaria, Malkia, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim, Meremot, Obadia, 6 Daniel, Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia.Eyinom ne asɔfo no. 9 Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel, 10 ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne:Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia, Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu. 14 Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asur, 18 Hodia, Hasum, Besai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, Baana. 28 “Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no, 29 wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi AWURADE, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so. 30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea. 31 “Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu. 32 “Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra. 33 Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ. 34 “Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no. 35 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba AWURADE Asɔredan mu. 36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no. 37 “Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa. 38 Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan no mu. 39 Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu.“Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.”

In Other Versions

Nehemiah 10 in the ANGEFD

Nehemiah 10 in the ANTPNG2D

Nehemiah 10 in the AS21

Nehemiah 10 in the BAGH

Nehemiah 10 in the BBPNG

Nehemiah 10 in the BBT1E

Nehemiah 10 in the BDS

Nehemiah 10 in the BEV

Nehemiah 10 in the BHAD

Nehemiah 10 in the BIB

Nehemiah 10 in the BLPT

Nehemiah 10 in the BNT

Nehemiah 10 in the BNTABOOT

Nehemiah 10 in the BNTLV

Nehemiah 10 in the BOATCB

Nehemiah 10 in the BOBCV

Nehemiah 10 in the BOCNT

Nehemiah 10 in the BOECS

Nehemiah 10 in the BOGWICC

Nehemiah 10 in the BOHCB

Nehemiah 10 in the BOHCV

Nehemiah 10 in the BOHLNT

Nehemiah 10 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 10 in the BOICB

Nehemiah 10 in the BOILNTAP

Nehemiah 10 in the BOITCV

Nehemiah 10 in the BOKCV

Nehemiah 10 in the BOKCV2

Nehemiah 10 in the BOKHWOG

Nehemiah 10 in the BOKSSV

Nehemiah 10 in the BOLCB

Nehemiah 10 in the BOLCB2

Nehemiah 10 in the BOMCV

Nehemiah 10 in the BONAV

Nehemiah 10 in the BONCB

Nehemiah 10 in the BONLT

Nehemiah 10 in the BONUT2

Nehemiah 10 in the BOPLNT

Nehemiah 10 in the BOSCB

Nehemiah 10 in the BOSNC

Nehemiah 10 in the BOTLNT

Nehemiah 10 in the BOVCB

Nehemiah 10 in the BOYCB

Nehemiah 10 in the BPBB

Nehemiah 10 in the BPH

Nehemiah 10 in the BSB

Nehemiah 10 in the CCB

Nehemiah 10 in the CUV

Nehemiah 10 in the CUVS

Nehemiah 10 in the DBT

Nehemiah 10 in the DGDNT

Nehemiah 10 in the DHNT

Nehemiah 10 in the DNT

Nehemiah 10 in the ELBE

Nehemiah 10 in the EMTV

Nehemiah 10 in the ESV

Nehemiah 10 in the FBV

Nehemiah 10 in the FEB

Nehemiah 10 in the GGMNT

Nehemiah 10 in the GNT

Nehemiah 10 in the HARY

Nehemiah 10 in the HNT

Nehemiah 10 in the IRVA

Nehemiah 10 in the IRVB

Nehemiah 10 in the IRVG

Nehemiah 10 in the IRVH

Nehemiah 10 in the IRVK

Nehemiah 10 in the IRVM

Nehemiah 10 in the IRVM2

Nehemiah 10 in the IRVO

Nehemiah 10 in the IRVP

Nehemiah 10 in the IRVT

Nehemiah 10 in the IRVT2

Nehemiah 10 in the IRVU

Nehemiah 10 in the ISVN

Nehemiah 10 in the JSNT

Nehemiah 10 in the KAPI

Nehemiah 10 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 10 in the KBV

Nehemiah 10 in the KJV

Nehemiah 10 in the KNFD

Nehemiah 10 in the LBA

Nehemiah 10 in the LBLA

Nehemiah 10 in the LNT

Nehemiah 10 in the LSV

Nehemiah 10 in the MAAL

Nehemiah 10 in the MBV

Nehemiah 10 in the MBV2

Nehemiah 10 in the MHNT

Nehemiah 10 in the MKNFD

Nehemiah 10 in the MNG

Nehemiah 10 in the MNT

Nehemiah 10 in the MNT2

Nehemiah 10 in the MRS1T

Nehemiah 10 in the NAA

Nehemiah 10 in the NASB

Nehemiah 10 in the NBLA

Nehemiah 10 in the NBS

Nehemiah 10 in the NBVTP

Nehemiah 10 in the NET2

Nehemiah 10 in the NIV11

Nehemiah 10 in the NNT

Nehemiah 10 in the NNT2

Nehemiah 10 in the NNT3

Nehemiah 10 in the PDDPT

Nehemiah 10 in the PFNT

Nehemiah 10 in the RMNT

Nehemiah 10 in the SBIAS

Nehemiah 10 in the SBIBS

Nehemiah 10 in the SBIBS2

Nehemiah 10 in the SBICS

Nehemiah 10 in the SBIDS

Nehemiah 10 in the SBIGS

Nehemiah 10 in the SBIHS

Nehemiah 10 in the SBIIS

Nehemiah 10 in the SBIIS2

Nehemiah 10 in the SBIIS3

Nehemiah 10 in the SBIKS

Nehemiah 10 in the SBIKS2

Nehemiah 10 in the SBIMS

Nehemiah 10 in the SBIOS

Nehemiah 10 in the SBIPS

Nehemiah 10 in the SBISS

Nehemiah 10 in the SBITS

Nehemiah 10 in the SBITS2

Nehemiah 10 in the SBITS3

Nehemiah 10 in the SBITS4

Nehemiah 10 in the SBIUS

Nehemiah 10 in the SBIVS

Nehemiah 10 in the SBT

Nehemiah 10 in the SBT1E

Nehemiah 10 in the SCHL

Nehemiah 10 in the SNT

Nehemiah 10 in the SUSU

Nehemiah 10 in the SUSU2

Nehemiah 10 in the SYNO

Nehemiah 10 in the TBIAOTANT

Nehemiah 10 in the TBT1E

Nehemiah 10 in the TBT1E2

Nehemiah 10 in the TFTIP

Nehemiah 10 in the TFTU

Nehemiah 10 in the TGNTATF3T

Nehemiah 10 in the THAI

Nehemiah 10 in the TNFD

Nehemiah 10 in the TNT

Nehemiah 10 in the TNTIK

Nehemiah 10 in the TNTIL

Nehemiah 10 in the TNTIN

Nehemiah 10 in the TNTIP

Nehemiah 10 in the TNTIZ

Nehemiah 10 in the TOMA

Nehemiah 10 in the TTENT

Nehemiah 10 in the UBG

Nehemiah 10 in the UGV

Nehemiah 10 in the UGV2

Nehemiah 10 in the UGV3

Nehemiah 10 in the VBL

Nehemiah 10 in the VDCC

Nehemiah 10 in the YALU

Nehemiah 10 in the YAPE

Nehemiah 10 in the YBVTP

Nehemiah 10 in the ZBP