Nehemiah 2 (BOATCB)

1 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da. 2 Enti, ɔhene no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ aho saa? Woyare anaa? Wosɛ obi a ɔhaw kɛseɛ bi da ne so.”Ehu kɛseɛ tɔɔ me so, 3 nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.” 4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?”Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ, 5 buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.” 6 Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim. 7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. 8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so. 9 Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10 Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel. 11 Meduruu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko. 13 Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no. 14 Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu. 15 Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ. 17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!” 18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn.Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase. 19 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?” 20 Na mebuaa sɛ, “Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”

In Other Versions

Nehemiah 2 in the ANGEFD

Nehemiah 2 in the ANTPNG2D

Nehemiah 2 in the AS21

Nehemiah 2 in the BAGH

Nehemiah 2 in the BBPNG

Nehemiah 2 in the BBT1E

Nehemiah 2 in the BDS

Nehemiah 2 in the BEV

Nehemiah 2 in the BHAD

Nehemiah 2 in the BIB

Nehemiah 2 in the BLPT

Nehemiah 2 in the BNT

Nehemiah 2 in the BNTABOOT

Nehemiah 2 in the BNTLV

Nehemiah 2 in the BOATCB2

Nehemiah 2 in the BOBCV

Nehemiah 2 in the BOCNT

Nehemiah 2 in the BOECS

Nehemiah 2 in the BOGWICC

Nehemiah 2 in the BOHCB

Nehemiah 2 in the BOHCV

Nehemiah 2 in the BOHLNT

Nehemiah 2 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 2 in the BOICB

Nehemiah 2 in the BOILNTAP

Nehemiah 2 in the BOITCV

Nehemiah 2 in the BOKCV

Nehemiah 2 in the BOKCV2

Nehemiah 2 in the BOKHWOG

Nehemiah 2 in the BOKSSV

Nehemiah 2 in the BOLCB

Nehemiah 2 in the BOLCB2

Nehemiah 2 in the BOMCV

Nehemiah 2 in the BONAV

Nehemiah 2 in the BONCB

Nehemiah 2 in the BONLT

Nehemiah 2 in the BONUT2

Nehemiah 2 in the BOPLNT

Nehemiah 2 in the BOSCB

Nehemiah 2 in the BOSNC

Nehemiah 2 in the BOTLNT

Nehemiah 2 in the BOVCB

Nehemiah 2 in the BOYCB

Nehemiah 2 in the BPBB

Nehemiah 2 in the BPH

Nehemiah 2 in the BSB

Nehemiah 2 in the CCB

Nehemiah 2 in the CUV

Nehemiah 2 in the CUVS

Nehemiah 2 in the DBT

Nehemiah 2 in the DGDNT

Nehemiah 2 in the DHNT

Nehemiah 2 in the DNT

Nehemiah 2 in the ELBE

Nehemiah 2 in the EMTV

Nehemiah 2 in the ESV

Nehemiah 2 in the FBV

Nehemiah 2 in the FEB

Nehemiah 2 in the GGMNT

Nehemiah 2 in the GNT

Nehemiah 2 in the HARY

Nehemiah 2 in the HNT

Nehemiah 2 in the IRVA

Nehemiah 2 in the IRVB

Nehemiah 2 in the IRVG

Nehemiah 2 in the IRVH

Nehemiah 2 in the IRVK

Nehemiah 2 in the IRVM

Nehemiah 2 in the IRVM2

Nehemiah 2 in the IRVO

Nehemiah 2 in the IRVP

Nehemiah 2 in the IRVT

Nehemiah 2 in the IRVT2

Nehemiah 2 in the IRVU

Nehemiah 2 in the ISVN

Nehemiah 2 in the JSNT

Nehemiah 2 in the KAPI

Nehemiah 2 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 2 in the KBV

Nehemiah 2 in the KJV

Nehemiah 2 in the KNFD

Nehemiah 2 in the LBA

Nehemiah 2 in the LBLA

Nehemiah 2 in the LNT

Nehemiah 2 in the LSV

Nehemiah 2 in the MAAL

Nehemiah 2 in the MBV

Nehemiah 2 in the MBV2

Nehemiah 2 in the MHNT

Nehemiah 2 in the MKNFD

Nehemiah 2 in the MNG

Nehemiah 2 in the MNT

Nehemiah 2 in the MNT2

Nehemiah 2 in the MRS1T

Nehemiah 2 in the NAA

Nehemiah 2 in the NASB

Nehemiah 2 in the NBLA

Nehemiah 2 in the NBS

Nehemiah 2 in the NBVTP

Nehemiah 2 in the NET2

Nehemiah 2 in the NIV11

Nehemiah 2 in the NNT

Nehemiah 2 in the NNT2

Nehemiah 2 in the NNT3

Nehemiah 2 in the PDDPT

Nehemiah 2 in the PFNT

Nehemiah 2 in the RMNT

Nehemiah 2 in the SBIAS

Nehemiah 2 in the SBIBS

Nehemiah 2 in the SBIBS2

Nehemiah 2 in the SBICS

Nehemiah 2 in the SBIDS

Nehemiah 2 in the SBIGS

Nehemiah 2 in the SBIHS

Nehemiah 2 in the SBIIS

Nehemiah 2 in the SBIIS2

Nehemiah 2 in the SBIIS3

Nehemiah 2 in the SBIKS

Nehemiah 2 in the SBIKS2

Nehemiah 2 in the SBIMS

Nehemiah 2 in the SBIOS

Nehemiah 2 in the SBIPS

Nehemiah 2 in the SBISS

Nehemiah 2 in the SBITS

Nehemiah 2 in the SBITS2

Nehemiah 2 in the SBITS3

Nehemiah 2 in the SBITS4

Nehemiah 2 in the SBIUS

Nehemiah 2 in the SBIVS

Nehemiah 2 in the SBT

Nehemiah 2 in the SBT1E

Nehemiah 2 in the SCHL

Nehemiah 2 in the SNT

Nehemiah 2 in the SUSU

Nehemiah 2 in the SUSU2

Nehemiah 2 in the SYNO

Nehemiah 2 in the TBIAOTANT

Nehemiah 2 in the TBT1E

Nehemiah 2 in the TBT1E2

Nehemiah 2 in the TFTIP

Nehemiah 2 in the TFTU

Nehemiah 2 in the TGNTATF3T

Nehemiah 2 in the THAI

Nehemiah 2 in the TNFD

Nehemiah 2 in the TNT

Nehemiah 2 in the TNTIK

Nehemiah 2 in the TNTIL

Nehemiah 2 in the TNTIN

Nehemiah 2 in the TNTIP

Nehemiah 2 in the TNTIZ

Nehemiah 2 in the TOMA

Nehemiah 2 in the TTENT

Nehemiah 2 in the UBG

Nehemiah 2 in the UGV

Nehemiah 2 in the UGV2

Nehemiah 2 in the UGV3

Nehemiah 2 in the VBL

Nehemiah 2 in the VDCC

Nehemiah 2 in the YALU

Nehemiah 2 in the YAPE

Nehemiah 2 in the YBVTP

Nehemiah 2 in the ZBP