Nehemiah 2 (BOATCB2)

1 Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da, 2 enti ɔhene no bisaa me se, “Adɛn nti na wʼanim ayɛ bosaa nanso wonyare yi? Wosɛ obi a ɔhaw kɛse bi da ne so.”Ehu kɛse tɔɔ me so, 3 nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.” 4 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?”Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, 5 buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.” 6 Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu. 7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. 8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so. 9 Miduu amradofo a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Nea ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafo ne apɔnkɔsotefo kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10 Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel. 11 Miduu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko. 13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no. 14 Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no. 15 Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim sɛ makɔ hɔ, na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ. 17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!” 18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn.Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase. 19 Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?” 20 Na mibuae se, “Ɔsoro Nyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfo befi ase ato ɔfasu yi bio. Nanso mo de munni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”

In Other Versions

Nehemiah 2 in the ANGEFD

Nehemiah 2 in the ANTPNG2D

Nehemiah 2 in the AS21

Nehemiah 2 in the BAGH

Nehemiah 2 in the BBPNG

Nehemiah 2 in the BBT1E

Nehemiah 2 in the BDS

Nehemiah 2 in the BEV

Nehemiah 2 in the BHAD

Nehemiah 2 in the BIB

Nehemiah 2 in the BLPT

Nehemiah 2 in the BNT

Nehemiah 2 in the BNTABOOT

Nehemiah 2 in the BNTLV

Nehemiah 2 in the BOATCB

Nehemiah 2 in the BOBCV

Nehemiah 2 in the BOCNT

Nehemiah 2 in the BOECS

Nehemiah 2 in the BOGWICC

Nehemiah 2 in the BOHCB

Nehemiah 2 in the BOHCV

Nehemiah 2 in the BOHLNT

Nehemiah 2 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 2 in the BOICB

Nehemiah 2 in the BOILNTAP

Nehemiah 2 in the BOITCV

Nehemiah 2 in the BOKCV

Nehemiah 2 in the BOKCV2

Nehemiah 2 in the BOKHWOG

Nehemiah 2 in the BOKSSV

Nehemiah 2 in the BOLCB

Nehemiah 2 in the BOLCB2

Nehemiah 2 in the BOMCV

Nehemiah 2 in the BONAV

Nehemiah 2 in the BONCB

Nehemiah 2 in the BONLT

Nehemiah 2 in the BONUT2

Nehemiah 2 in the BOPLNT

Nehemiah 2 in the BOSCB

Nehemiah 2 in the BOSNC

Nehemiah 2 in the BOTLNT

Nehemiah 2 in the BOVCB

Nehemiah 2 in the BOYCB

Nehemiah 2 in the BPBB

Nehemiah 2 in the BPH

Nehemiah 2 in the BSB

Nehemiah 2 in the CCB

Nehemiah 2 in the CUV

Nehemiah 2 in the CUVS

Nehemiah 2 in the DBT

Nehemiah 2 in the DGDNT

Nehemiah 2 in the DHNT

Nehemiah 2 in the DNT

Nehemiah 2 in the ELBE

Nehemiah 2 in the EMTV

Nehemiah 2 in the ESV

Nehemiah 2 in the FBV

Nehemiah 2 in the FEB

Nehemiah 2 in the GGMNT

Nehemiah 2 in the GNT

Nehemiah 2 in the HARY

Nehemiah 2 in the HNT

Nehemiah 2 in the IRVA

Nehemiah 2 in the IRVB

Nehemiah 2 in the IRVG

Nehemiah 2 in the IRVH

Nehemiah 2 in the IRVK

Nehemiah 2 in the IRVM

Nehemiah 2 in the IRVM2

Nehemiah 2 in the IRVO

Nehemiah 2 in the IRVP

Nehemiah 2 in the IRVT

Nehemiah 2 in the IRVT2

Nehemiah 2 in the IRVU

Nehemiah 2 in the ISVN

Nehemiah 2 in the JSNT

Nehemiah 2 in the KAPI

Nehemiah 2 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 2 in the KBV

Nehemiah 2 in the KJV

Nehemiah 2 in the KNFD

Nehemiah 2 in the LBA

Nehemiah 2 in the LBLA

Nehemiah 2 in the LNT

Nehemiah 2 in the LSV

Nehemiah 2 in the MAAL

Nehemiah 2 in the MBV

Nehemiah 2 in the MBV2

Nehemiah 2 in the MHNT

Nehemiah 2 in the MKNFD

Nehemiah 2 in the MNG

Nehemiah 2 in the MNT

Nehemiah 2 in the MNT2

Nehemiah 2 in the MRS1T

Nehemiah 2 in the NAA

Nehemiah 2 in the NASB

Nehemiah 2 in the NBLA

Nehemiah 2 in the NBS

Nehemiah 2 in the NBVTP

Nehemiah 2 in the NET2

Nehemiah 2 in the NIV11

Nehemiah 2 in the NNT

Nehemiah 2 in the NNT2

Nehemiah 2 in the NNT3

Nehemiah 2 in the PDDPT

Nehemiah 2 in the PFNT

Nehemiah 2 in the RMNT

Nehemiah 2 in the SBIAS

Nehemiah 2 in the SBIBS

Nehemiah 2 in the SBIBS2

Nehemiah 2 in the SBICS

Nehemiah 2 in the SBIDS

Nehemiah 2 in the SBIGS

Nehemiah 2 in the SBIHS

Nehemiah 2 in the SBIIS

Nehemiah 2 in the SBIIS2

Nehemiah 2 in the SBIIS3

Nehemiah 2 in the SBIKS

Nehemiah 2 in the SBIKS2

Nehemiah 2 in the SBIMS

Nehemiah 2 in the SBIOS

Nehemiah 2 in the SBIPS

Nehemiah 2 in the SBISS

Nehemiah 2 in the SBITS

Nehemiah 2 in the SBITS2

Nehemiah 2 in the SBITS3

Nehemiah 2 in the SBITS4

Nehemiah 2 in the SBIUS

Nehemiah 2 in the SBIVS

Nehemiah 2 in the SBT

Nehemiah 2 in the SBT1E

Nehemiah 2 in the SCHL

Nehemiah 2 in the SNT

Nehemiah 2 in the SUSU

Nehemiah 2 in the SUSU2

Nehemiah 2 in the SYNO

Nehemiah 2 in the TBIAOTANT

Nehemiah 2 in the TBT1E

Nehemiah 2 in the TBT1E2

Nehemiah 2 in the TFTIP

Nehemiah 2 in the TFTU

Nehemiah 2 in the TGNTATF3T

Nehemiah 2 in the THAI

Nehemiah 2 in the TNFD

Nehemiah 2 in the TNT

Nehemiah 2 in the TNTIK

Nehemiah 2 in the TNTIL

Nehemiah 2 in the TNTIN

Nehemiah 2 in the TNTIP

Nehemiah 2 in the TNTIZ

Nehemiah 2 in the TOMA

Nehemiah 2 in the TTENT

Nehemiah 2 in the UBG

Nehemiah 2 in the UGV

Nehemiah 2 in the UGV2

Nehemiah 2 in the UGV3

Nehemiah 2 in the VBL

Nehemiah 2 in the VDCC

Nehemiah 2 in the YALU

Nehemiah 2 in the YAPE

Nehemiah 2 in the YBVTP

Nehemiah 2 in the ZBP